Marko 2:18-27, Marko 3:1-30 AKCB

Marko 2:18-27

Wobisa Yesu Asɛm Fa Mmuadadi Ho

Da bi a Osuboni Yohane akyidifo ne Farisifo no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no se, “Adɛn nti na Yohane ne Farisifo no akyidifo di mmuada na wʼakyidifo de, wonni mmuada?”

Yesu nso bisaa wɔn se, “Moahu ayeforokunu nnamfo a wɔbɛba ayeforo ase a wɔbɛka se, wɔredi mmuada nti wɔrennidi ana? Mmere dodow a wɔne ayeforokunu no nam no de, wɔrenni mmuada da. Na da bi bɛba a, wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn. Saa bere no na wobedi mmuada.

“Ɛte sɛ wode ntama foforo atare ntama dedaw mu. Dɛn na ɛba? Ntaremu no bɛtew ntama dedaw no mu, na ayi afi mu, na ama tokuru a ɛda hɔ no aso asen kan de no. Munim sɛ wɔmfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu. Anyɛ saa a, ɛbɛpae. Nsa no behwie agu, na nkotoku a nsa no wɔ mu no nso bɛpaapae. Ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu.”

Yesu Yɛ Homeda Wura

Homeda bi a Yesu ne nʼasuafo nam aburowfuw bi mu no, asuafo no pempan aburow no bi wee. Farisifo no bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Hwɛ, adɛn na wɔreyɛ nea etia mmara Homeda?”

Yesu nso bisaa wɔn se, “Monnkenkan nea Ɔhene Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no, ne sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi wɔ Ɔsɔfopanyin Abiatar bere so, na ɔne wɔn a wɔka ne ho kodii brodo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn no, a obiara nni ho kwan sɛ odi, gye asɔfo nko ara no pɛ? Na ɛno nso tia mmara.

“Onipa nti na wɔyɛɛ Homeda, na ɛnyɛ Homeda nti na wɔbɔɔ onipa.

Read More of Marko 2

Marko 3:1-30

Yesu Sa Yare Homeda

Yesu baa Kapernaum no, ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Oduu hɔ no, ohuu ɔbarima bi a ne nsa baako awu. Na saa da no yɛ Homeda enti na Yesu atamfo no retetɛw no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yare ana. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yare a wɔbɛkyere no! Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no se ommegyina nnipa no anim.

Ɔdan ne ho kyerɛɛ nʼatamfo no bisaa wɔn se, “Eye sɛ obi yɛ papa Homeda? Anaasɛ ɛyɛ da a wɔde yɛ bɔne? Ɛyɛ da a wɔde gye nkwa anaa wɔma obi nkwa hwere no” Nanso wɔammua no.

Ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae. Ɛhaw no sɛ wonni ahummɔbɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Teɛ wo nsa no mu.” Ɔteɛɛ mu na amono mu hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yiye. Farisifo no kohyiaa Herodefo no ne wɔn susuw ɔkwan a wɔbɛfa so akum Yesu no ho.

Dɔm Tu Di Yesu Akyi

Yesu ne nʼasuafo no fii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifi Galilea, Yudea, Yerusalem, Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Efisɛ na nʼanwonwade a ɔyɛ no atrɛw mmaa nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no. Ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔmpɛ ɔkorow bi nsi nkyɛn baabi, na sɛ nnipadɔm no kyere ne so wɔ mpoano hɔ a, watena mu akɔ. Da no, na wasa nyarewa bebree a ne saa nti na ayarefo no ba ara na wɔreba a wɔpɛe sɛ wɔde wɔn nsa ka nʼatade. Bere biara a wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no bi behu no no, wotwa hwe fam, wosow biribiri, ka se, “Woyɛ Onyankopɔn Ba.” Nanso ɔbɔɔ wɔn ano se, wɔnkyerɛ onipa ko a ɔyɛ.

Yesu Paw Asuafo Dumien No

Yeau kɔɔ bepɔw so na ɔfrɛɛ wɔn a wayi wɔn no baa ne nkyɛn. Oyii wɔn mu dumien a daa wɔne no bɛnantew, na wɔakɔka asɛmpa no, na wɔatu ahonhommɔne nso.

Dumien a oyii wɔn no din ni:

Simon, a ɔtoo no din foforo Petro.

Sebedeo mma Yakobo ne Yohane, a ɔtoo wɔn din Boanerges, a ase ne “aprannaa mma”.

Wɔn a wɔka ho nso ni: Andrea,

Filipo,

Bartolomeo,

Mateo,

Toma,

Alfeo ba Yakobo,

Tadeo ne

Simon ɔmanyɛfo,

na Yuda Iskariot a oyii no mae no.

Ɔsan baa ofi a ɔte mu no mu no, nnipakuw bi san baa ne so bio. Ankyɛ koraa na hɔ nyinaa yɛɛ ma a onnya kwan koraa nnidi. Ne fifo tee asɛm a aba no, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔfa no akɔ wɔn fi efisɛ wɔkae se, “Ne ti mu ka no.”

Yesu Ka Nyaatwomfo Anim

Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wofi Yerusalem bae no kae se, “Beelsebul a ɔyɛ ahonhommɔne panyin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na otu ahonhommɔne no.”

Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abebu mu se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan? Ahenni biara a ɛne ne ho di asi no begu. Saa ara na ofi biara a ɛne ne ho di asi no nnyina ara ne no. Na sɛ Satan twa ne ho ne ne ho di asi a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi nkonim? Obedi nkogu. Obiara ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi nkɔfa ne nneɛma kwa, agye sɛ, onii no di kan kyekyere ɔhoɔdenfo no, ansa na watumi afa ne nneɛma. Mereka akyerɛ mo se, bɔne a onipa ayɛ biara no, wotumi de kyɛ no, na mpo obi ka abususɛm tia me a, wotumi de kyɛ no; nanso nea ɔka abususɛm tia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da. Ɛyɛ bɔne a ɛrempepa da.”

Ɔkaa saa asɛm yi efisɛ na wɔka se, “Ɔwɔ honhommɔne.”

Read More of Marko 3