Marko 15:33-47 AKCB

Marko 15:33-47

Yesu Wu

Efi owigyinae kɔpem nnɔnabiɛsa no, sum duruu asase no so nyinaa. Yesu de nne kɛse teɛɛ mu se, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase ne sɛ, “Me Nyankopɔn, Me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”

Wɔn a wogyina hɔ no bi a wɔtee nea ɔkae no kae se, “Muntie sɛ ɔrefrɛ Elia.”

Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔw bi de bɔɔ nsa nwenweenwen bi mu de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkae se, “Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abeyi no asi fam ana!”

Yesu de nne kɛse teɛɛ mu bio, na ogyaa ne honhom mu wui.

Ntama a etwa asɔredan no mu no mu suanee abien fi soro kosii fam.15.38 Ntwamtam no twa Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkron no mu (2 Mose 26.31-35). Ntwamtam no mu tew a ɛtewee no kyerɛ sɛ Kristo kɔ ɔsoro ma yɛn sɛnea ɛbɛma yɛn nso yɛapue wɔ Onyankopɔn anim. Asraafo ha so panyin a na ogyina hɔ no huu ɔkwan a Yesu faa so wui no, ɔkae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba!”

Saa bere no na mmea bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so. Mmea no bi ne Maria Magdalene, Maria (a ɔyɛ Yakobo Kumaa ne Yosef na), ne Salome. Bere a na Yesu wɔ Galilea no, saa mmea yi dii nʼakyi som no. Saa ara nso na na nnipa bi a wodii nʼakyi baa Yerusalem no bi nso wɔ hɔ.

Yesu Sie

Eduu anwummere no, esiane sɛ na ade kye a ɛyɛ Homeda15.42 Na ɛyɛ Fida a saa bere no na owigyinae atwa mu na ɛho hia yiye sɛ woyi Yesu amu no fi asennua no so ansa na onwini adwo na ama wɔafi Homeda no ase. no nti, baguani nuonyamfo bi a wɔfrɛ no Yosef, a ofi Arimatea a na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni no de akokoduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no se, ɔmfa Yesu amu no mma no. Bere a Pilato tee sɛ Yesu awu no, wannye anni, enti ɔfrɛɛ Roma asraafo panyin a na ɔhwɛ hɔ no bisaa no. Asraafo panyin no kae se wawu no, Pilato maa Yosef kwan se ɔnkɔfa amu no. Yosef kɔtɔɔ nwera, yii Yesu amu no fii asennua no so, de nwera no kyekyeree no, ɔde no kɔtoo ɔboda bi a wɔatwa mu, pirew ɔbo kɛse bi hinii ano. Na Maria Magdalene ne Yosef ne na Maria wɔ hɔ bi, na wohuu faako a wɔde Yesu amu no toe.

Read More of Marko 15