Marko 13:32-37, Marko 14:1-16 AKCB

Marko 13:32-37

“Nanso da anaa dɔn ko a awiei no bɛba de, obiara nnim. Ɔsoro abɔfo ne me ankasa mpo nnim. Agya no nko ara na onim. Esiane sɛ munnim bere ko a asɛm yi besi nti, munsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no. Me ba no te sɛ ɔbarima bi a otuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyɛɛ adwuma maa ne nkoa. Na ɔka kyerɛɛ ne ɔwɛmfo nso se, ɔnwɛn hɔ yiye nkosi sɛ ɔbɛba.

“Enti mo nso monwɛn, efisɛ munnim bere ko a ofiwura no bɛba. Ebetumi aba sɛ ɔbɛba anwummere, ɔdasu mu, ahemadakye anaa awia. Sɛ ofu mu ba a, ɛnsɛ sɛ ɔbɛto mo sɛ moadeda. Asɛm a mede agyaw mo ne nnipa nyinaa ni. ‘Monwɛn!’ ”

Read More of Marko 13

Marko 14:1-16

Wɔbɔɔ Yesu Ho Pɔw

Aka nnaanu na Twam14.1 Ɛyɛ afahyɛ bi a wɔde kae bere a Awurade bɔfo betwaa mu faa Hebrifo anim na okunkum wɔn abakan sɛnea ɔyɛɛ wɔ Misraimfo afi mu no. (Hwɛ 2 Mose 12.11) ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafo ahomegye nna no adu no, asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ nyansa kwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no. Nanso wɔkae se, “Yɛrenkyere no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”

Wɔsra Yesu Ngo Wɔ Betania

Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbea bi a okura ngo huamhuam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Otuu ano, hwie guu Yesu tirim.

Nea ɔbea yi yɛe no anyɛ nnipa a wɔte adidii no mu bi dɛ. Na wɔkae se wasɛe ngo no kwa. Wɔkaa bio nso se, “Anka wobetumi atɔn ngo huamhuam yi anya sika pii na wɔde ama ahiafo.”

Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnyaa no! Adɛn nti na morehaw no wɔ ade pa a ɔyɛe no ho? Mo ne ahiafo a mubetumi aboa wɔn bere biara mu na ɛte. Na me de, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn. Wayɛ nea obetumi. Wadi kan asra me nipadua ama da a wobesie me. Mereka akyerɛ mo se, baabiara a wɔbɛka asɛmpa no wɔ wiase no, wɔde nea ɔbea yi yɛe no bɛkae no akamfo no.”

Yuda Pene So Sɛ Obeyi Yesu Ama

Afei Yuda Iskariot, asuafo dumien no mu baako, kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛnea obeyi Yesu ama wɔn no ho. Asɔfo mpanyin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Efi saa bere no, ɔhwehwɛɛ sɛnea obenya Yesu ho kwan, ayi no ama bere a ɛsɛ mu.

Yesu Ne Nʼasuafo Adidi A Etwa To

Apiti Afahyɛ no da a edi kan a wokum Twam Afahyɛ guan no, nʼasuafo bisaa no faako a wɔbɛkɔ akodi Twam Afahyɛ no.

Ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu kɔɔ Yerusalem se wonkosiesie baabi mma no. Nea ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, “Morekɔ kurow no mu a, mubehyia onipa bi a ɔso ahina. Munni nʼakyi. Baabiara a obewura no, monka nkyerɛ ofiwura no se, ‘Yɛn wura asoma yɛn se, yɛmmɛhwɛ dan a wɔasiesie ama yɛn a yebedi Twam Afahyɛ no wɔ mu no.’ Ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔasiesie mu. Ɛhɔ na monyɛ ahoboa mma yɛn.”

Asuafo baanu no sii mu kɔɔ kurow no mu, na wohuu biribiara sɛnea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wosiesiee Twam no wɔ hɔ.

Read More of Marko 14