Malaki 2:17, Malaki 3:1-18, Malaki 4:1-6 AKCB

Malaki 2:17

Atemmuda

Mode mo nsɛm tuatua Awurade aso.

Mubisa se, “Ɔkwan bɛn so na moatuatua nʼaso?”

Moka se, “Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa sen wɔ Awurade anim, na wɔsɔ nʼani,” anaa “Onyankopɔn temmufo nokwafo no wɔ he?”

Read More of Malaki 2

Malaki 3:1-18

Hwɛ! Mɛsoma me bɔfo a obesiesie kwan ama me. Afei mpofirim, Awurade a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho bɔfo a mopɛ no no bɛba, sɛnea Asafo Awurade se ni.

Na hena na obetumi agyina ne da a ɔbɛba no ano? Sɛ opue a, hena na obetumi agyina? Ɔbɛyɛ sɛ ogya a wɔde nan dade anaa ntamahorofo samina. Ɔbɛtena ase sɛ obi a ɔhoa dwetɛ ho. Ɔbɛtew Lewifo no ho na wɔayɛ sɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. Afei Awurade benya mmarima a wɔde ayɛyɛde bɛba wɔ kronkronyɛ mu, na afɔrebɔde a efi Yuda ne Yerusalem bɛyɛ nea ɛsɔ Awurade ani sɛnea na ɛte wɔ nna ne mfe a atwa mu no.

“Enti metwiw abɛn mo, abebu atɛn. Mɛyɛ ntɛm adi adanse atia ntafowayifo, aguamammɔ ne atorofo, wɔn a wosisi adwumayɛfo wɔ wɔn akatua ho, wɔn a wɔhyɛ akunafo ne ayisaa so na wobu ntɛnkyew tia ahɔho na wonsuro me,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

Wɔbɔ Onyankopɔn Korɔn

“Meyɛ Awurade a mennsakra. Ɛno nti na mo Yakob asefo, wɔnsɛee mo no. Efi mo nenanom bere so moatwe mo ho afi me mmara ho, moanni so. Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛba mo nkyɛn,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

“Nanso mubisa se, ‘Ɔkwan bɛn so na yɛmfa nsan mmra?’

“Onipa betumi abɔ Onyankopɔn korɔn ana? Nanso, mobɔ me korɔn! Na mubebisa se, ‘ɔkwan bɛn so na yɛfa bɔɔ wo korɔn?’

“Wɔ ntotoso du du ne afɔrebɔde mu. Nnome aba mo so, ɔman mu no nyinaa, efisɛ, morebɔ me korɔn. Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekoradan3.10 Adekoradan: Adekoradan a ɛwɔ kronkron mu kronkron (1 Ah 7.51; 2 Be 31.11-12; Neh 13.12). Ɔsoro mfɛnsere—Ɛkyerɛ asetena mu nhyira bebree. (2 Ah 7.2,19; Nnw 78.23-24). Mehwie…nhyira—Nhyira apam a mahyɛ ho bɔ no (5 Mose 28.12; Yes 44.3). no mu, na aduan mmra me fi. Monsɔ me nhwɛ wɔ saa ɔkwan yi so, na monhwɛ sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere na merenhwie nhyira bebree ngu mo so a, morennya baabi nkora ne nyinaa mpo,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Meremma mmoa mmɛsɛe mo nnɔbae na borɔdɔma aba rentew ngu wɔ bere a ɛmmeree ɛ,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Na aman no nyinaa bɛka se wɔahyira mo, efisɛ mo asase so bɛyɛ anigye,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

“Moaka nsɛm a ɛmfata atia me, nanso mubisa se, ‘Asɛm bɛn na yɛaka atia wo?’ Sɛnea Asafo Awurade se ni.

“Moaka se, ‘Onyankopɔn som yɛ ɔbrɛgu, na yedii nʼahyɛde so na yɛkɔɔ Asafo Awurade anim te sɛ wɔn a wɔredi awerɛhow no, mfaso bɛn na yenyae? Afei, wɔfrɛ ɔhantanni no nea wɔahyira no. Nokware ni, nnebɔneyɛfo di yiye, na mpo wɔn a wɔne Onyankopɔn di asi no, wɔfa wɔn ho di.’ ”

Na wɔn a wosuro Awurade no ne wɔn ho wɔn ho kasae, na Awurade tiei, na ogyee wɔn so. Wɔn a wosuro Awurade na wodi ne din ni no, wɔkyerɛw wɔn din wɔ nhoma mmobɔwee so wɔ nʼanim de yɛɛ nkae ade.

“Wɔbɛyɛ me dea,” sɛnea, Asafo Awurade se ni. Da a mɛkeka me ho no, wɔbɛyɛ mʼahode a ɛsom bo. Mede wɔn ho bɛkyɛ wɔn, sɛnea agya nya ayamhyehye de ɔba a ɔyɛ osetie ho kyɛ no no. Na mubehu nsonoe a ɛda atreneefo ne amumɔyɛfo ntam, ne wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnsom Onyankopɔn no ntam.

Read More of Malaki 3

Malaki 4:1-6

Awurade Da

“Ampa ara, da no reba; ɛbɛdɛw te sɛ fononoo. Ahomasofo ne nnebɔneyɛfo nyinaa bɛyɛ nwura gunnwan, na saa da a ɛreba no wɔde ogya bɛto mu,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Ɛrenka ntin anaa dubaa mma wɔn. Nanso mo a mode nidi ma me din no, trenee owia bepue ama mo, na ɛde ayaresa bɛba. Na mubepue na moahuruhuruw te sɛ nantwimma a wɔabue wɔn afi wɔn buw mu. Na mubetiatia atirimɔdenfo so; wɔbɛyɛ nsõ wɔ mo anan ase, da a mɛyɛ saa nneɛma yi,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

“Monkae mʼakoa Mose mmara, ahyɛde ne mmara a mede maa no wɔ Horeb so se ɔmfa mma Israelfo nyinaa.

“Mɛsoma Odiyifo Elia aba mo nkyɛn, ansa na Awurade da kɛse a ɛyɛ hu no aba. Ɔbɛdan agyanom koma akɔ wɔn mma so na wadan mma nso koma akɔ agyanom so, anyɛ saa a mede nnome bɛba abɛsɛe asase no.”

Read More of Malaki 4