Malaki 1:1-14, Malaki 2:1-16 AKCB

Malaki 1:1-14

Nkɔmhyɛ nsɛm a Awurade nam Odiyifo Malaki so de maa Israel.

Wɔdɔ Yakob, Wɔtan Esau

“Madɔ mo,” sɛnea Awurade se ni.

“Nanso mubisa se, ‘Wodɔɔ yɛn wɔ ɔkwan bɛn so?’ ”

Na Awurade bua se, “Esau nyɛ Yakob nua ana? Nanso madɔ Yakob, na matan Esau, mayɛ nʼasase mmepɔwmmepɔw no kesee, na nʼagyapade nso magyaw ama nweatam so nnompo.”

Ebia Edom bɛka se, “Ɛwɔ mu sɛ wɔadwerɛw yɛn de, nanso yɛbɛsan asi mmubui no.”

Nanso sɛɛ na Asafo Awurade nso se: “Wobesi nanso mebubu no. Wɔbɛfrɛ wɔn Amumɔyɛ Asase, nnipa a Awurade abufuw bɛtena wɔn so daa. Mode mo ankasa ani behu na moaka se, ‘Awurade kɛseyɛ tra Israel ahye nyinaa!’

Afɔrebɔ A Ɛmfata

“Ɔbabarima de obu ma nʼagya, na ɔsomfo de nidi ma ne wura. Sɛ meyɛ Agya a, nidi a ɛsɛ sɛ wɔde ma me no wɔ he? Sɛ meyɛ Owura a, obu a ɛfata me no wɔ he?” Eyi na Asafo Awurade bisa.

“Mo asɔfo, mo na mosɛe me din.

“Na mubisa se, ‘Ɔkwan bɛn na yɛnam so asɛe wo din?’

“Mode aduan a ho agu fi begu mʼafɔremuka so.

“Afei mubisa se ‘Ɔkwan bɛn so na yɛafa agu wo ho fi?’

“Sɛ mokae se, Awurade pon ho yɛ aniwu nti. Sɛ mode mmoa a wɔn ani abɔ bɔ afɔre a, ɛnyɛ mmusu? Sɛ mode mmoa a wɔyare anaa wɔyɛ mpakye bɔ afɔre a, ɛnyɛ mmusu? Ɛyɛ a, momfa akyɛde a ɛte saa no nkɔma mo amrado, na monhwɛ sɛ, nʼani bɛsɔ na wagye wo ato mu ana?” Nea Asafo Awurade se ni.

“Afei monsrɛ Onyankopɔn, na onhu yɛn mmɔbɔ. Sɛ afɔrebɔde sɛɛ fi mo nkyɛn a obegye mo ato mu ana?” Asafo Awurade na ɔrebisa.

“Anka mepɛ sɛ mo mu baako kɔtoto asɔre dan no apon mu, na obi ankɔsɔ ogya a ɛmfata wɔ mʼafɔremuka so! Mʼani nsɔ mo na merennye afɔrebɔde biara a efi mo nkyɛn,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Efi nea owia pue kosi nea owia kɔtɔ, me din bɛyɛ kɛse wɔ amanaman no mu. Baabiara, wɔde afɔrebɔde a ɛho tew ne nnuhuam bɛbrɛ me, efisɛ, me din bɛyɛ kɛse wɔ amanaman no mu,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

“Nanso mode kasa fi ka se Awurade pon ho ntew. Na mubu so aduan nso animtiaa. Na moka se, ‘Adesoa duruduru!’ Na muhua no animtiaabu kwan so,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

“Sɛ mode mmoa a wɔapirapira, wɔyɛ mpakye anaa wɔyareyare bɛbɔ afɔre ma me a, minso mu ana?” Eyi na Awurade bisa. “Nnome nka osisifo a ɔwɔ odwennini a ɔfata wɔ ne nguankuw mu, na ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde no bɛma nanso ɔde nea wadi dɛm na ɛbɔ afɔre ma Awurade. Meyɛ ɔhempɔn, na ɛsɛ sɛ wosuro me din wɔ amanaman mu,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

Read More of Malaki 1

Malaki 2:1-16

Asɔfo No Animka

Afei mo asɔfo, saa animka yi yɛ mo de. Sɛ moantie, sɛ moanyɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me anuonyam a mede nnome bɛba mo so, na mɛdan mo nhyira ama ayɛ nnome. Yiw, madome wɔn dedaw, efisɛ monyɛɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me anuonyam, sɛnea Asafo Awurade se ni.

Mo nti mɛka mo asefo anim, na mede mo afahyɛ afɔrebɔ mmoa no agyanan bɛpete mo anim, na wɔasoa mo aka ho akɔ. Na mubehu sɛ, masoma ma wɔde saa animka yi abrɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a me ne Lewi apam no bɛkɔ so atena hɔ. Sɛnea Asafo Awurade se ni. Me ne no yɛɛ apam, nkwa ne asomdwoe apam. Na ehia ma nidi, enti ɔde nidi maa me na ɔde fɛre maa me din. Nokware nkyerɛkyerɛ fii nʼanom, na wanka nkontomposɛm biara. Ɔne me nantew asomdwoe ne nokwaredi mu, na ɔmaa bebree dan wɔn ho fii bɔne ho.

“Ɛsɛ sɛ, ɔsɔfo ano kora nimdeɛ. Nnipa hwehwɛ nkyerɛkyerɛ fi ne nkyɛn, efisɛ ɔyɛ Asafo Awurade no somafo. Nanso moaman afi ɔkwan no so, na mo nkyerɛkyerɛ ama bebree ahintihintiw; moabu me ne Lewi apam no so.” Sɛnea Asafo Awurade se ni. “Enti mama mo anim agu ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa anim, efisɛ moannantew mʼakwan so na mmom mode animhwɛ abu mmara so.”

Yuda Anni Nokware

Yɛn nyinaa mfi Agya baako? Ɛnyɛ Onyankopɔn baako na ɔbɔɔ yɛn? Na, afei, adɛn nti na yenni yɛn ho yɛn ho nokware, na yɛde bu yɛn agyanom apam no so?

Yuda anni nokware. Akyiwadeyɛ bi asi wɔ Israel ne Yerusalem mu: Yuda agu hyiadan a Awurade dɔ no ho fi, efisɛ waware ɔbea a ɔsom ananafo nyame. Ɔbarima a ɔyɛ eyi de, sɛnea ɔte biara, Awurade mpam no mfi Yakob ntamadan mu, mpo sɛ ɔde afɔrebɔde brɛ Asafo Awurade no koraa a.

Ade a moyɛ bio ne sɛ: mode nusu fɔw Awurade afɔremuka no. Mote nusu na mutwa adwo efisɛ ɔnhwɛ mo afɔrebɔde no bio, na ɔmmfa anigye nnye mfi mo nkyɛn. Mubisa se, “Adɛn nti?” Efisɛ Awurade te sɛ ɔdanseni a ɔda wo ne wo mmerantebere mu yere ntam, nanso woanni no nokware, ɛwɔ mu sɛ ɔyɛ wo yere wɔ aware nhyehyɛe mu de.

Ɛnyɛ Awurade koro no ara na ɔbɔɔ mo? Ɔhonam fam ne honhom fam no, moyɛ ne dea. Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ? Ɔrehwehwɛ mma a onyamesuro wɔ wɔn mu. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di wo mmerantebere mu yere nokware.

“Mikyi awaregyae!” Sɛnea Awurade Israel Nyankopɔn se ni. “Na metan ɔbarima a ɔde abufuwhyew hyɛ ne yere so na ɔsan de ne ntama kata no so,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di nokware.

Read More of Malaki 2