Luka 9:28-56 AKCB

Luka 9:28-56

Yesu Anuonyam Hyerɛn

Yesu kaa ne nsɛm yi wiee no, ɛbɛyɛ nnaawɔtwe akyi, ɔne Petro, Yohane ne Yakobo kɔɔ bepɔw bi so sɛ wɔrekɔbɔ mpae. Na Yesu gu so rebɔ mpae no, nʼanimdua sesae, na nʼatade nso hyerɛnee. Prɛko pɛ, nnipa baanu a ɛyɛ Mose ne Elia puee wɔ hɔ anuonyam mu ne no bɛkasae. Wɔkasa faa ne wu a obewu a ɛde mahyɛ bɛba Yerusalem so no ho. Saa bere no na Petro ne nnipa a wɔka ne ho no adeda hatehatee na wonyanyan a wɔn ani so tetew wɔn no, wohuu Yesu sɛ ɔwɔ nʼanuonyam mu ne nnipa baanu bi a wɔka ne ho. Na ɛbaa sɛ nnipa no refi Yesu nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, eye sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Ma yɛmmɔ asese abiɛsa; wo de baako, Mose de baako na Elia nso de baako.” Na Petro nnim asɛm a ɔreka no.

Ogu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so ma wosuroe. Na nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Ba a mayi no. Muntie no!” Kasa yi akyi no, wohuu sɛ aka Yesu nko ara na ogyina hɔ. Na mmere no mu, wɔanka nea wohuu no ankyerɛ obiara.

Otwafo Bi Ayaresa

Ade kyee a wosian fii bepɔw no so bae no, nnipakuw bi behyiaa Yesu. Ɔbarima bi fi nnipakuw no mu teɛɛ mu se, “Kyerɛkyerɛfo, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a midi no bakoro ma me; sɛ honhommɔne ba ne so a, amono mu, ɔteɛ mu, otwa hwe, osinsen, nʼano pu ahuru, na obu fa so, na ɛkyɛ ansa na afi ne so. Na mesrɛɛ wʼasuafo no sɛ wontu honhommɔne no nanso wɔantumi.”

Yesu kae se, “Ao! Mo a munni gyidi, mentena mo nkyɛn na minnya mo ho boasetɔ nkosi da bɛn!” Afei, ɔdan nʼani ka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Fa wo ba no bra ha.”

Ɔde abofra no reba no, honhommɔne no twaa no hwee fam ma osinsenii. Na Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no maa abofra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya. Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi wɔ honhommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwiriw wɔn.

Na wɔredwinnwen nea asi yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Muntie asɛm a merebɛka yi yiye. Wobeyi Kristo no ama.” Nea ɔkaa yi na ɛyɛ ahintasɛm nti, asuafo no ante ase. Nanso na wosuro sɛ wobebisa no ase.

Nea Ɔyɛ Ɔkɛse Wɔ Onyankopɔn Anim

Asuafo no gyee akyinnye a ɛfa wɔn mu nea ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Onyankopɔn ahenni mu no ho. Na Yesu huu wɔn adwene no, osoo abofra bi mu de no begyinaa ne nkyɛn pɛɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Obiara a obegye saa abofra yi wɔ me din mu no, gye me; na nea ogye me no nso gye nea ɔsomaa me no. Nea ɔyɛ aketewa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno ne ɔkɛse.”

Yohane nso ka kyerɛɛ no se, “Awurade, yehuu obi a ɔnka yɛn ho sɛ ɔde wo din tu ahonhommɔne enti yɛbraa no.”

Yesu ka kyerɛɛ no se, “Munnsiw no kwan, efisɛ nea ontia mo no, na ɔwɔ mo afa.”

Samariafo Bi Po Yesu

Na bere a ɛsɛ sɛ Yesu san kɔ ɔsoro no rebɛn no, osii ne bo sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔsomaa nnipa bi dii kan kɔɔ Samaria akuraa bi ase sɛ wonkosiesie baabi mma no. Nanso Samariafo no annye Yesu, efisɛ wohuu sɛ na ɔrekɔ Yerusalem. Asuafo no tee nea aba no, Yakobo ne Yohane bisaa Yesu se, “Awurade, wopɛ sɛ yɛma ogya fi ɔsoro bɛhyew wɔn pasaa ana?” Yesu dan nʼani kyerɛɛ wɔn kaa wɔn anim, na wofii hɔ kɔɔ akuraa foforo bi ase.

Read More of Luka 9