Luka 8:1-18 AKCB

Luka 8:1-18

Mmea A Wodii Yesu Akyi

Eyi akyi no, Yesu ne nʼasuafo dumien no kyinkyinii Galilea nkurow ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm a, na nnipa a wodi nʼakyi no bi ne Maria Magdalene a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode fi sohwɛfo panyin yere, ne Susana. Saa mmea yi ne afoforo bi na wofi wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafo.

Ogufo No Ho Bɛ

Da bi a nnipa bebree bi fi nkurow nkurow so baa ne nkyɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abebu mu se, “Da bi, okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogui no, aba no bi koguu ɔkwan mu maa nnipa tiatiaa so na nnomaa nso bɛsosɔwee. Ebi nso koguu ɔbotan so, enti efifii no, ankyɛ na ne nyinaa hyewee, efisɛ annya nsu. Aba no bi nso koguu nsɔe mu. Efifii no, nsɔe no kyekyeree no na ewui. Ebi nso koguu asase pa mu, enyinii, sow aba mmɔho ɔha.”

Na ɔkaa eyi no, ɔka kaa ho se, “Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.”

Na nʼasuafo no bisaa no saa bɛ no ase no, obuaa wɔn se, “Mo de, wɔde Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm ama mo, na afoforo de, wɔkasa kyerɛ wɔn mmebu mu,

“ ‘sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhu

na wɔbɛte, nanso wɔrente ase.’

Bɛ No Nkyerɛase

“Afei bɛ no nkyerɛase ni. Aba no ne Onyankopɔn asɛm. Aba a eguu ɔkwan mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam behwim fi wɔn koma mu, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrennye nni na wɔrennya nkwagye. Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigye so mu, nanso ɛntena wɔn mu. Na esiane wɔn gyidi a esua nti, ɛnkyɛ na asɛm no awu. Na sɛ sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa abaw. Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wodi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne wiase afɛfɛde nti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛnea ɛsɛ. Aba a eguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde koma pa tie asɛmpa no, na wodi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanse.

Kanea Ho Bɛ

“Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutuw so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no. Nea ahintaw no bɛda adi, na nea ɛwɔ kokoa mu no nso ada gua. Enti nea mutie no, muntie no yiye. Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no pii aka ho, na nea onni ahe bi no, nea osusuw sɛ ɛyɛ ne de no mpo, wobegye afi ne nsam.”

Read More of Luka 8