Luka 7:11-35 AKCB

Luka 7:11-35

Yesu Nyan Okunafo Bi Ba Wɔ Nain

Eyi akyi no, Yesu ne nʼasuafo ne nnipakuw bi a wɔka ne ho no kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu. Woduu kurotia no, ohuu sɛ wɔrekosie obi. Na owufo no yɛ ɔbea kunafo bi a ɔwɔ kurow no mu no ba barima koro. Na adɔfo bebree di amu no akyi. Awurade Yesu huu no no, nʼasɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no se, “Gyae su!”

Yesu kosoo funnaka no mu maa wɔn a ɛyɛ wɔn de no gyinae. Ɔka kyerɛɛ owufo no se. “Aberante, mise wo sɛ, nyan!” Aberante no sɔre tenaa ase na ɔkasae. Afei Yesu de no maa ne na.

Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn yiye na woyii Onyankopɔn ayɛ kae se, “Odiyifo kɛse bi asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn asian aba ne manfo mu.” Nea Yesu yɛɛ yi ho asɛm trɛw koduu Yudea ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu.

Yesu Ne Osuboni Yohane

Yohane asuafo kɔbɔɔ no nea asi no nyinaa ho amanneɛ. Yohane somaa nʼasuafo no mu baanu kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no se, “Wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?”

Asuafo no duu Yesu nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no se, “Osuboni Yohane asoma yɛn wo nkyɛn se yemmebisa wo se, wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?”

Saa bere no ara mu, Yesu saa nyarewa bebree; otuu ahonhommɔne na ɔmaa anifuraefo huu ade. Yesu buaa wɔn se. “Monkɔka nea moahu na moate yi nkyerɛ Yohane se, mema anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, mesa akwatafo yare, asotifo te asɛm, awufo nyan, meka asɛmpa kyerɛ honhom mu ahiafo. Nhyira ne wɔn a merento wɔn hintidua.”

Yesu Di Yohane Ho Adanse

Yohane asuafo no fii Yesu nkyɛn kɔe no, Yesu dii Yohane ho adanse kyerɛɛ nnipakuw no. Obisaa wɔn se, “Mokɔɔ sare so no, dɛn na muhui? Sare a mframa rehim no ana? Ɛno de, dɛn na muhui? Obi a ofura sirikyi ana? Ahemfi na yehu wɔn a wodi yiye na wofura ntama pa. Anaa Onyankopɔn diyifo? Ɛno de, mereka akyerɛ mo se, nea muhuu no no sen odiyifo mpo. Na saa Yohane yi na Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho se,

“ ‘Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan.

Ɔno na obesiesie kwan ama wo.’

Meka kyerɛ mo se onipa biara nni hɔ a wɔawo no a ɔyɛ kɛse sen Yohane. Nanso nea ɔyɛ akumaa koraa wɔ Onyankopɔn ahemman mu no sen no.”

Na wɔn a wɔtee nea ɔkae no nyinaa a towgyefo mpo ka ho bi gye too mu se, Onyankopɔn yɛ ɔtreneeni; na wɔsakraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu. Na Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no de, wɔpoo Onyankopɔn asɛm nti, wɔamma Yohane ammɔ wɔn asu.

Yesu bisaa wɔn se, “Dɛn na menka mfa nnɛmma yi ho; na dɛn ho na memfa wɔn ntoto? Wɔte sɛ mmofra bi a wɔregoru wɔ agodibea na wɔn mu bi reka akyerɛ afoforo se,

“ ‘Yɛhyɛn mmɛn maa mo,

nanso moansaw;

yetwaa agyaadwo,

nanso moansu.’

Osuboni Yohane aba a onnidi na ɔnnom nsa nso muse, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ Onipa Ba no nso aba a odidi na ɔnom a muse, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔkɔwensani a ɔyɛ towgyefo ne “nnebɔneyɛfo” adamfo!’ Nanso wɔn a wodi Onyankopɔn akyi nokware mu no de, wɔn bra di adanse sɛ, nʼakwan nyinaa ye.”

Read More of Luka 7