Luka 6:37-49, Luka 7:1-10 AKCB

Luka 6:37-49

“Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mummmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo. Sɛ moma a, wɔbɛhyɛ mo anan mu. Nea mode ma no, wɔde susudua a wɔahyɛ no ma, amia so ama abu so na ebesusuw ama mo. Susudua a mode besusuw ama no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.”

Yesu nam mmebu so kasa kyerɛɛ wɔn bio se, “Onifuraefo betumi akyerɛ onifuraefo kwan ama ayɛ yiye ana? Sɛ ɛba saa a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu. Osuani nsen ne wura. Nanso sɛ ɔyere ne ho sua nea wɔrekyerɛ no no yiye a ɔbɛsɛ ne wura no.

“Adɛn nti na wohwɛ dua ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so, bere a mpuran a ɛda wo de so no mfa wo ho? Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua se, ‘Ma minhuw dua ntɛtɛ a ɛda wʼani so no mma wo,’ wɔ bere a mpuran a ɛda wʼani so no mfa wo ho. Nyaatwom, di kan yi mpuran a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ahuw ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no ama no.

“Dua pa nsow aba bɔne, na dua bɔne nso nsow aba pa. Dua biara aba na wɔnam so hu dua ko a ɛyɛ. Worentumi ntew borɔdɔma mfi nware so. Onipa pa fi nnepa a ɛwɔ ne koma mu yɛ ade pa. Saa ara nso na onipa bɔne nso fi ne nnebɔne a ɛwɔ ne koma mu yɛ ade bɔne. Nea ahyɛ onipa koma ma no, na epue fi nʼano.

“Adɛn nti na mofrɛ me ‘Awurade,’ nanso munni mʼasɛm so? Merekyerɛ mo sɛnea onipa biara a ɔba me nkyɛn, na otie mʼasɛm di so no te. Ɔte sɛ obi a na ɔresi dan na ɔtoo ne dan no fapem ma esii ɔbotan so. Na osu tɔ maa nsu no yiri bɛbɔ faa ɔdan no ase nanso ammu, efisɛ osi sii ɔbotan so. Na nea ɔte mʼasɛm na onni so no te sɛ obi a ɔresi dan, na osii dan no sii nwea so, na osu tɔ maa nsu no yiri bɛbɔ faa ase ma edwiriw sɛee pasaa.”

Read More of Luka 6

Luka 7:1-10

Ɔsraani Panyin Bi Gyidi

Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfo no wiee no, ɔkɔɔ Kapernaum. Saa bere no ara mu na Roma ɔsraani panyin bi somfo a ɔpɛ nʼasɛm yiye yare denneennen a ɔreyɛ awu. Ɔsraani panyin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafo mpanyimfo bi se wɔnkɔsrɛ no na ɔmmɛsa ne somfo no yare mma no. Woduu Yesu nkyɛn no, wɔde asɛm no too nʼanim srɛɛ no sɛ, ɔmmoa ɔsraani panyin no, efisɛ ɔyɛ onipa pa. Wɔkae se, “Ɔyɛ obi a ɔdɔ yɛn man na wasi hyiadan ama yɛn.” Yesu ne wɔn sii mu.

Wɔreyɛ adu fie hɔ no, ɔsraani panyin no somaa ne nnamfo bi sɛ, wɔnkɔka nkyerɛ Yesu se, “Awurade, nhaw wo ho, na mensɛ sɛ woba me fi. Saa ara na memfata sɛ meba baabi a wowɔ. Kasa, na me somfo no ho bɛyɛ no den. Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, nanso mewɔ asraafo bebree hyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi se, ‘Kɔ’ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se, ‘Bra’ a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo sɛ, ‘Yɛ eyi’ a, ɔyɛ.”

Yesu tee asɛm no, ne ho dwiriw no na ɔdan nʼani ka kyerɛɛ nnipakuw a wodi nʼakyi no se, “Anokwa, minhuu obiara a ɔwɔ gyidi sɛ saa ɔbarima yi wɔ Israelman nyinaa mu da.” Bere a abɔfo no san koduu fie hɔ no, wohuu sɛ ɔsomfo no ho ayɛ no den.

Read More of Luka 7