Luka 6:12-36 AKCB

Luka 6:12-36

Yesu Paw Asuafo Dumien

Da bi a Yesu kɔɔ bepɔw bi so sɛ ɔrekɔbɔ mpae no ɔbɔɔ mpae anadwo mu no nyinaa Ade kyee no ɔfrɛɛ nʼakyidifo no nyinaa baa ne nkyɛn na ɔpaw wɔn mu dumien. Saa dumien yi na ɔfrɛɛ wɔn asomafo.

Wɔn din na edidi so yi: Simon, a ɔtoo ne din Petro; Andrea, Simon nua;

Yakobo,

Yohane,

Filipo,

Bartolomeo,

Mateo,

Toma,

Yakobo a ɔyɛ Alfeo ba;

Simon, a wɔfrɛ no Selote;

Yuda a ɔyɛ Yakobo ba;

ne Yuda Iskariot a oyii Yesu mae no.

Nhyira Ne Mmusu

Yesu fii bepɔw no so sian baa fam maa nʼakyidifo bebree ne nnipakuw a wofi Yudea, Yerusalem ne mpoano nkurow Tiro ne Sidon mu no betwaa ne ho hyiae. Wɔbae sɛ wɔrebetie no ama wasa wɔn nyarewa nso. Otuu ahonhommɔne bebree. Obiara bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa bɛka Yesu. Ayarefo a wɔde wɔn nsa kaa Yesu no nyinaa ho tɔɔ wɔn.

Afei ɔdan nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafo no se,

“Nhyira ne mo a moyɛ ahiafo,

na mo na Onyankopɔn ahenni no yɛ mo dea!

Nhyira ne mo a ɔkɔm de mo,

na mo na wɔbɛma mo amee.

Nhyira ne mo a mo werɛ ahow,

na mo na wɔbɛma mo ani agye.

Nhyira ne mo a me din nti, nnipa tan mo,

na wɔpa mo na wɔyaw mo,

na wogu mo din ho fi.

“Sɛ ɛba saa a, momma mo ani nnye na munni ahurusi! Munni ahurusi, efisɛ mo akatua retwɛn mo wɔ ɔsoro. Na saa ara nso na wɔn agyanom yɛɛ tete adiyifo no.

“Na mo adefo de, munnue efisɛ nea ɛma mo ani gye no,

mo nsa aka dedaw; eyi nti munni kyɛfa biara bio.

Munnue, mo a moamee mprempren,

na mo na ɔkɔm bɛde mo!

Munnue, mo a moreserew mprempren,

na mo na mubesi apini asu.

Munnue, mo a nnipa kamfo mo,

efisɛ saa ara na wɔn nenanom kamfoo atoro adiyifo no.”

Monnɔ Mo Atamfo

“Mereka akyerɛ mo a moretie me no nyinaa se monnɔ mo atamfo; monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa. Munhyira wɔn a wɔdome mo; mommɔ mpae mma wɔn a wɔtan mo. Sɛ obi bɔ wʼasom a, dan baako a aka no ma no. Sɛ obi pa wo ntama a, worɔw wʼatade ka ho. Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no. Obi gye wʼade a, mmisa no bio. Na nea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.

“Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, mfaso bɛn na mubenya? ‘Nnebɔneyɛfo’ nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn no. Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo papa no nko ara yiye a, mfaso bɛn na mubenya? Nnebɔneyɛfo mpo yɛ wɔn a wɔyɛ wɔn papa no nso yiye. Na sɛ mobɔ wɔn a mususuw sɛ wobetumi atua no nko ara bosea a, papa bɛn na moayɛ? Nnebɔneyɛfo nso bobɔbobɔ wɔn ho wɔn ho bosea, a wɔhwɛ sɛ wɔn nsa bɛka wɔn sika bio. Monnɔ mo atamfo. Monyɛ wɔn papa. Momma wɔn nea ehia wɔn a, mo ani nni akyi bio. Na sɛ moyɛ eyinom a mo akatua bɛyɛ kɛse wɔ ɔsoro na moayɛ Onyankopɔn mma; efisɛ Onyankopɔn yɛ nnebɔneyɛfo adɔe, na ɔdom bonniayɛfo nso. Monyɛ mmɔborɔhunufo sɛnea mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ mmɔborɔhunufo no.

Read More of Luka 6