Luka 5:33-39, Luka 6:1-11 AKCB

Luka 5:33-39

Mmuadadi Ho Asɛmmisa

Nnipa no kɔɔ so bisaa no bio se, “Adɛn nti na Osuboni Yohane asuafo ne Farisifo asuafo no de, wɔtaa di mmuada, na wʼasuafo de, daa wodidi na wɔnom?”

Yesu nso bisaa wɔn se, “Ɛho hia sɛ wɔn a wɔn ani agye, anaasɛ wɔn a wɔahyia wɔn ayeforo ase no di mmuada, wɔ bere a ayeforokunu no wɔ wɔn nkyɛn ana? Nanso da bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn; saa bere no na wobedi mmuada.”

Yesu buu wɔn bɛ yi se, “Obi mfa ntama foforo ntare ntama dedaw mu. Ɔyɛ saa a foforo no bɛma dedaw no asuane. Na ɛbɛma nsonoe ada foforo no ne dedaw no ntam. Obiara nso mfa nsa foforo ngu mmoa nhoma nsa nkotoku dedaw mu. Ɔyɛ saa a nsa no bɛpaapae nkotoku no na ahwie agu na nkotoku no nso asɛe. Eyi nti, nsa nkotoku foforo mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu. Obi nnom nsa dedaw nwie mmisa nsa foforo ase. Nea ɔnom no ka se, ‘dedaw no na eye.’ ”

Read More of Luka 5

Luka 6:1-11

Yesu Wɔ Homeda So Tumi

Homeda bi a Yesu ne nʼasuafo no nam aburowfuw bi mu no asuafo no pempan aburow no bi huan, wee. Farisifo bi bisaa no se, “Adɛn na moyɛ ade a etia Homeda ho mmara a wɔahyɛ no?”

Yesu buaa wɔn se, “Monkenkan nea Ɔhene Dawid yɛɛ bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a wɔka ne ho no wɔ Kyerɛwsɛm no mu ana? Ɔkɔɔ asɔredan mu kɔfaa brodo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn a mmara mma ho kwan sɛ obi di, gye asɔfo nko ara no, de bi maa wɔn a wɔka ne ho no nso dii.” Yesu kae se, “Onipa Ba no ne Homeda no wura.”

Homeda foforo bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi. Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no hwɛɛ Yesu komm sɛ ɔbɛsa onipa yi yare Homeda yi nso ana. Nea na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ obebu mmara no so asa yare na wɔn nsa aka no akyere no. Yesu huu wɔn adwene nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Sɔre begyina anim ha, na obiara nhu wo.” Ɔbarima no sɔre begyinaa hɔ.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Merebisa mo. Dɛn na mmara no ma ho kwan sɛ yɛnyɛ no Homeda; sɛ yɛbɛyɛ papa anaa yɛbɛyɛ bɔne, sɛ yebegye obi nkwa anaasɛ yɛbɛma wawu?”

Yesu hwɛɛ wɔn nyinaa hyiae na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Teɛ wo nsa.” Na ɔteɛɛ ne nsa no, emu yɛɛ den sɛ baako no. Nea Yesu yɛe yi hyɛɛ nnipa no abufuw yiye ma wofii ase bɔɔ ne ho pɔw.

Read More of Luka 6