Luka 24:1-35 AKCB

Luka 24:1-35

Yesu Asɔre

Kwasida anɔpahema na mmea no de nnuhuam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so. Woduu hɔ no wohuu sɛ wɔapirew ɔbo a wɔde hinii ɔboda no ano no afi hɔ. Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no na Yesu amu no nna hɔ. Wogyinagyina hɔ a wonhu nea wɔnyɛ no, mpofirim na mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ani hyerɛn begyinagyinaa wɔn nkyɛn. Mmea yi koma tui, na wɔkotokotow wɔn, na mmarima no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na morehwehwɛ ɔteasefo wɔ awufo mu? Onni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo bere a na ɔwɔ Galilea no se, ‘Etwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa na wɔbɔ no asennua mu na ne nnansa so wasɔre bio’ no?” Mmea no kaee asɛm no.

Na wɔde ahoɔhare fii ɔboda no so bɛkaa nea wohui no nyinaa kyerɛɛ asuafo dubaako no ne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa. Mmea a wɔkɔɔ ɔboda no so a wɔbɛkaa saa asɛm yi ne Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo na Maria ne afoforo bi. Wɔn nsɛm a wɔbɛkae no yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi nti wɔannye anni. Ɛwɔ mu sɛ nnipa no annye asɛm no anni de, nanso Petro de, otuu mmirika kɔɔ ɔboda no so kɔkotow hwɛɛ mu, huu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no gu hɔ. Ɔsan baa fie a na ɔnte nea ohuu no ase.

Emaus Kwan So

Da no ara asuafo no mu baanu sii mu sɛ wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a efi Yerusalem rekɔ hɔ no bɛyɛ sɛ akwansin ason. Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi. Wogu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnye no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔe. Wohuu sɛ obi ka wɔn ho de, nanso wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ Yesu.

Obisaa wɔn se, “Nkɔmmɔ bɛn na moredi a mo werɛ ahow mo ho yi?”

Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no se, “Wo nko ara ne ɔhɔho a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi wɔ hɔ nnansa yi?”

Obisaa wɔn se, “Nsɛm bɛn?”

Wobuaa no se, “Nsɛm a ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifo a ɔwɔ tumi wɔ nneyɛe ne ɔkasa mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho, ne sɛnea asɔfo mpanyin ne yɛn mpanyimfo kyeree no de no kɔɔ aban mu se wommu no kumfɔ a wɔbɔɔ no asennua mu no ho. Yɛn de, na yɛn ani da so sɛ ɔno na ɔrebegye Israel, na nea ɛka ho ne sɛ nnansa ni a saa asɛm yi sii. Na mmea bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifo sɛ yɛn ara ama yɛn ho adwiriw yɛn. Wɔkɔɔ ɔboda no so anɔpa yi ara, nanso wɔanhu nʼamu no. Wɔsan bɛka kyerɛɛ yɛn se, wɔahu ɔsoro abɔfo ma wɔaka akyerɛ wɔn se, Yesu te ase. Yɛn mu ebinom tuu mmirika kɔhwɛe, na ampa ara, na Yesu amu no nni hɔ sɛnea mmea no kae no ara pɛ.”

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Adwenharefo a munni gyidi; ɛyɛ mo den sɛ mubegye nea adiyifo no aka no nyinaa adi. Wɔanhyɛ ho nkɔm se, ɛsɛ sɛ Kristo no behu amane ansa na wakɔ nʼanuonyam mu ana?” Na ofii Mose ne adiyifo no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho wɔ Kyerɛwsɛm no mu no nyinaa ase.

Woduu Emaus kurotia no, Yesu pɛɛ sɛ anka ɔtoa nʼakwantu no so. Nanso wɔsrɛɛ no, san no sɛ ɔnna wɔn nkyɛn, na na ade reyɛ asa nti, ɔsan ne wɔn kɔɔ fie.

Bere a wɔte adidii no, Yesu bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase, faa brodo bubuu mu de maa wɔn. Afei na wɔn ani so tetew wɔn ma wohuu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara na otu yerae. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “So Kyerɛwsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn wɔ bere a na yɛnam ɔkwan so no anka yɛn koma mpo?”

Ntɛm ara na wɔsan wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafo dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyia. Woduu hɔ no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ se, “Ampa ara, Awurade asɔre afi awufo mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon.” Baanu a wofi Emaus bae no nso bɔɔ wɔn amanneɛ sɛnea Yesu bɛtoo wɔn Emaus kwan so na wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno kosii bere a obubuu brodo mu de maa wɔn no ansa.

Read More of Luka 24