Luka 2:1-20 AKCB

Luka 2:1-20

Yesu Awo

Saa bere no na Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma hempɔn no hyɛɛ mmara bi se wɔnkan ne man no mu nnipa nyinaa. Saa nnipakan yi ne nea edi kan wɔ Kirenio a ɔyɛ amrado wɔ Siria no bere so. Obiara kɔɔ ne kurom ma wɔkyerɛw ne din.

Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani nti, na ɛsɛ sɛ ofi Galilea kurow a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. Ɔne ne yere Maria a saa bere no na ɔyem no na wɔkɔe. Wɔwɔ Betlehem no, awo kaa Maria, na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abofra no ho de no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ.

Anadwo no ara, na nguanhwɛfo bi nso wɔ sare so baabi rewɛn wɔn nguan. Mpofirim, ɔsoro ɔbɔfo baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn anuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyia maa wɔn ho dwiriw wɔn. Ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa. Nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo wɔ Dawid kurom. Eyi ne nsɛnkyerɛnne a mubehu. Mubehu akokoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu.”

Amono mu hɔ ara, abɔfokuw bɛkaa ɔbɔfo a ɔwɔ hɔ no ho ma wɔtoo ayeyi dwom se,

“Anuonyam nka Ɔsorosoro Nyankopɔn,

na asomdwoe mmra wɔn a wɔsɔ nʼani wɔ asase so no so.”

Bere a abɔfokuw yi san kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwonwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.”

Wɔde ahoɔhare kɔɔ Betlehem kohuu Maria ne Yosef. Na wohuu abofra no nso sɛ ɔda mmoa adididaka mu. Nguanhwɛfo no huu abofra no, wɔkaa ne ho asɛm a ɔsoro ɔbɔfo no bɛka kyerɛɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ nnipa a wɔahyia wo hɔ no. Wɔn a wɔtee nguanhwɛfo yi asɛm no nyinaa ho dwiriw wɔn. Nanso Maria de, ɔde saa nsɛm a ɔtee no nyinaa siee ne tirim dwenee ho. Nguanhwɛfo no kohuu nea ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigye san wɔn akyi kɔɔ nea wɔn nguan no wɔ hɔ. Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ.

Read More of Luka 2