Luka 16:19-31, Luka 17:1-10 AKCB

Luka 16:19-31

Ɔdefo Bi Ne Lasaro

Yesu toaa so kae se, “Ɔdefo bi tenaa ase a na daa ofura ntama pa na ogye nʼani yiye nso. Na ɔbarima hiani bi a akuru atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼabobow ano. Ɔbarima yi kɔn dɔɔ sɛ anka obenya aduan a ɔdefo no adi ama aka no bi adi. Saa bere koro no ara mu na akraman ba faako a na ohiani no da hɔ no bɛtaforo nʼakuru no mu.

“Ohiani no wu maa abɔfo bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefo no nso wu ma wosiee no. Ɔdefo no wɔ asaman a ne ho yeraw no no, ɔmaa nʼani so huu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn. Ɔdefo no teɛɛ mu se, ‘Agya Abraham, mesrɛ wo hu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsu mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so na me ho yeraw me.’

“Abraham buaa no se, ‘Me ba, kae sɛ wote wiase no wudii dɛ na Lasaro dii yaw, nanso afei na ɔredi dɛ na wo nso woredi yaw. Ɛnyɛ eyi nko, obon kɛse da yɛn ne mo ntam a ɛno nti, wɔn a wɔpɛ sɛ wofi ha ba mo nkyɛn hɔ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wofi mo nkyɛn hɔ ba ha no nso rentumi mma.’

“Ɔdefo no san ka kyerɛɛ Abraham se, ‘Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro kɔ mʼagya fi, efisɛ mewɔ nuabarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyeraw yi mu bi.’

“Abraham buaa no se, ‘Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka enti ma wontie na wonni so.’

“Ɔdefo yi kaa bio se, ‘Agya Abraham, nea woreka yi wɔ mu de, nanso sɛ obi fi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ de a, wɔbɛsakra wɔn adwene.’

“Abraham buae se, ‘Sɛ wɔantie nea Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka no a, saa ara nso na sɛ obi fi asaman ha kɔkasa kyerɛ wɔn a, wɔrentie no no.’ ”

Read More of Luka 16

Luka 17:1-10

Bɔne, Gyidi Ne Asɛde

Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɛyɛ dɛn ara a hintinnua no bɛba, nanso obiara a ebi bɛfa ne so aba no nnue. Eye ma saa onipa no sɛ wɔde ɔbo a mu yɛ duru bi bɛsen ne kɔn mu atow no akyene po mu sen sɛ ɔbɛto nkumaa yi mu baako hintidua. Enti monhwɛ mo ho so yiye.

“Sɛ wo nua fom wo a, ka nʼanim na sɛ onu ne ho a, fa ne bɔne kyɛ no. Sɛ nso ɔfom wo mpɛn ason da koro na mpɛn dodow a ɔfom wo no nyinaa, ɔde ahonu srɛ wo a fa kyɛ no.”

Asomafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, to yɛn gyidi so.”

Yesu buaa wɔn se, “Sɛ mowɔ gyidi te sɛ onyaa aba a, anka mubetumi aka akyerɛ ankye yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ɛbɛba mu saa.

“Mo mu hena na ɔwɔ ɔsomfo a ɔyɛ nʼafuw mu adwuma anaasɛ ɔhwɛ ne mmoa na ofi afum ba a, ɔbɛka akyerɛ no se, ‘Wʼaduan si hɔ na kodidi?’ Na mmom ɔrenka nkyerɛ no se, ‘Noa aduan ma me na sɛ mididi wie a, wo nso woakodidi?’ Sɛ ɔsomfo yi yɛ nʼasɛde yi a ne wura no bɛda no ase ana? Saa ara nso na sɛ mo nso moyɛ mo asɛde a, ɛsɛ sɛ moka se, ‘Yɛyɛ asomfo a ayeyi mfata yɛn; yɛn asɛde a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛayɛ no.’ ”

Read More of Luka 17