Luka 14:15-35 AKCB

Luka 14:15-35

Aponto Kɛse No Ho Bɛ

Wɔn a wɔte adidii no mu baako tee nea Yesu kae no; ɔkae se, “Nhyira nka nea obedidi wɔ Onyankopɔn ahenni no mu.”

Yesu buaa no se, “Da bi, ɔbarima bi too pon kɛse hyiaa nnipa bebree. Bere soe no, ɔnam tumi so somaa ne somfo bi se ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no se wɔmmra.

“Nanso, wɔn nyinaa yiyii wɔn ho ano. Nea odi kan no yii ne ho ano se, ‘Matɔ asase a nnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’

“Na ɔfoforo nso yii ne ho ano se, ‘Matɔ anantwi du a mede wɔn bɛyɛ mʼafuw a nnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’

“Ɔfoforo bi nso yii ne ho ano se, ‘Afei na maware, enti merentumi mma.’

“Ɔsomfo no san bɛbɔɔ ne wura no amanneɛ no, ɔde abufuw somaa no bio se, ‘Ka wo ho kɔ mmɔnten so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafo, mmubuafo, anifuraefo ne mpakye sɛ wɔmmra.’

“Ɔsomfo no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no bae, nanso na afa da so wɔ hɔ ara.

“Ɛno nti owura no san somaa no se, ‘Kɔ akwan so ne mfikyiri na frɛ obiara a wubehu no no se, mato pon, enti wɔmmra. Na merema woate ase sɛ, nnipa a metoo nsa hyiaa wɔn no mu biara nni hɔ a mʼaduan yi bi bɛka nʼano da biara da.’ ”

Yesu Akyidi

Da bi a na nkurɔfo akuwakuw bi di Yesu akyi no, ɔdan ne ho ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sen nʼawofo, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a ɔrentumi nyɛ me suani. Obiara a odi mʼakyi na ontumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani.

“Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ sika a ɔde bewie? Anyɛ saa na ofi ɔdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wohu no nyinaa bɛserew no, aka se, ‘Onipa yi fii ase sɛ ɔresi dan, nanso wantumi anwie.’

“Anaasɛ ɔhene bɛn na okura asraafo mpem du na ɔrekohyia ɔsahene foforo a okura asraafo mpem aduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono? Na sɛ ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforo no bɛbɛn no no, otu abɔfo kohu no se, ɔmma wonsiesie wɔn ntam na asomdwoe mmra. Ɛno nti obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani.

“Nkyene yɛ dɛ. Na sɛ ɛyera ne dɛ a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ dɛ bio? So nni mfaso mma biribiara. Wɔbɛtow agu.

“Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.”

Read More of Luka 14