Luka 1:57-80 AKCB

Luka 1:57-80

Osuboni Yohane Awo

Elisabet awo duu so no, ɔwoo ɔbabarima. Nʼafipamfo ne nʼabusuafo tee adɔe a Awurade ayɛ no no, wɔne no nyinaa de anigye dii ahurusi.

Eduu nnaawɔtwe no, abusuafo ne adɔfo behyiaa sɛ wɔrebetwa abofra no twetia na wɔato ne din. Wɔpɛɛ sɛ wɔde abofra no to nʼagya Sakaria. Nanso ne na kae se, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.”

Wɔka kyerɛɛ no se, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.”

Eyi ma wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne bisaa nʼagya, din a wɔmfa nto abofra no. Sakaria ma wɔde krataa brɛɛ no na ɔkyerɛw so se, “Ne din de Yohane.” Eyi yɛɛ wɔn nyinaa nwonwa. Amono mu hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ofii ase yii Onyankopɔn ayɛ. Wɔn a wɔtee nyinaa ho dwiriw wɔn, na saa asɛm yi trɛw faa Yudea mmepɔw so hɔ nyinaa. Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho se, “Ɛno de, na dɛn na abofra yi rebenyin ayɛ? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.”

Sakaria Nkɔmhyɛ

Honhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm se,

“Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn,

sɛ waba abegye ne manfo.

Ɔde Agyenkwa Tumfo a ɔyɛ ne somfo Dawid aseni rebrɛ yɛn,

sɛnea ɔnam nʼadiyifo akronkron so fii teteete hyɛɛ bɔ

sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a obegye yɛn afi yɛn atamfo

ne wɔn a wokyi yɛn no nsam no,

sɛ obehu yɛn agyanom mmɔbɔ

na wakae nʼapam kronkron no,

ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham no:

sɛ obegye yɛn afi yɛn atamfo nsam no,

na yɛasom no a osuro biara nni mu.

Na yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne atreneefo wɔ nʼanim.

“Na wo, akokoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifo

efisɛ wo na wubesiesie ɔkwan ama Agyenkwa no,

na wobɛkyerɛ ne manfo kwan a

wɔnam bɔnefakyɛ so nya nkwa a enni awiei;

na eyinom nyinaa bɛba mu efisɛ

Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no,

na ɛbɛma hann a efi ɔsoro abepue yɛn so

ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owu sum mu no so,

na akyerɛ yɛn kwan akɔ asomdwoe mu.”

Abofra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa sare so kosii bere a ofii nʼasɛnka adwuma ase.

Read More of Luka 1