3 Mose 7:11-38, 3 Mose 8:1-36 AKCB

3 Mose 7:11-38

“ ‘Amanne a ɛfa asomdwoe afɔre sononko a wɔbɔ ma Awurade no ho no ni:

“ ‘Sɛ ɛyɛ asomdwoe afɔre a, wɔmfa brodo a mmɔkaw nni mu a wɔde ngo afra nka ho. Saa ara na wɔmfa brodo ntrantraa bi a wɔde ngo agu so ne asikresiam mfrafrae a wɔde afra ngo nka saa afɔrebɔde no ho. Wɔmfa brodo a emu piw a wɔde mmɔkaw afra nka saa aseda asomdwoe afɔre yi ho. Wɔde saa afɔrebɔde yi bi begyina afɔremuka no anim na wɔahim wɔ afɔremuka no anim akɔ fa aba fa de akyerɛ sɛ wɔde ama Awurade. Afei, wɔbɛdan afɔrebɔde no ama ɔsɔfo a ɔpete aboa a wɔde no bɛbɔ afɔre no mogya a ɔboa dwumadi no. Sɛ wɔde aboa no bɔ Awurade afɔre de ma no sɛ asomdwoe afɔrebɔ de kyerɛ sɛ ɛyɛ anisɔ ne asedade a, ɛsɛ sɛ wɔwe ne nam da no ara. Ɛnsɛ sɛ bi ka ma ade kye so.

“ ‘Na sɛ obi de afɔrebɔde bi ba a ɛnyɛ asomdwoe afɔre na mmom, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ anaa efi ne koma mu na ɔde rebrɛ Awurade de a, nea ɛbɛka biara wɔ afɔrebɔ no akyi no, sɛ ade kye so a, wotumi we. Afɔrebɔ nam biara a ebedi nnansa no de, wɔnhyew. Sɛ obi we nea adi nnansa no bi a, Awurade rennye afɔrebɔde no; na ɛrenni mu sɛ afɔrebɔde, na onipa a ɔde bae sɛ wɔmfa mmɔ saa afɔre no rennya so mfaso biara. Ɔsɔfo a ɔbɛwe no nso bedi ho fɔ, efisɛ ɛyɛ akyiwade ma Awurade; na onipa a ɔbɛwe saa nam no, ɛsɛ sɛ oyi ne ho ano wɔ saa bɔne no ho.

“ ‘Nam biara a ɛka biribi a wɔntew ho no, wɔnnwe; wɔnhyew. Nam biara a aka de, obiara a ne ho tew wɔ ho kwan sɛ ɔwe. Ɔsɔfo biara a ne ho ntew na obedi asomdwoe afɔre no bi no, wobetwa no asu, efisɛ wagu ade kronkron ho fi. Obiara a ɔde ne nsa bɛka biribi a ɛho ntew no, sɛ ɛyɛ onipa anaa aboa na oguu ho fi na obedii asomdwoe afɔrebɔde no bi no, wobetwa no asu, efisɛ wagu ade kronkron ho fi.’ ”

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se wonnni srade, sɛ efi anantwi, nguan anaa mmirekyi mu. Sɛ ɔyare bi bɔ aboa bi na owu anaasɛ mmoa bɔne bi taataa aboa foforo bi kum no a, wonnni ne srade na mmom, wɔmfa nyɛ ade foforo. Obiara a obedi srade a efi afɔrebɔde a wɔbɔ no ogya so de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu. Munnni mogya—sɛ ɛyɛ nnomaa anaa ntɔteboa. Obiara a ɔbɛyɛ saa no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu.”

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo se obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ Awurade asomdwoe afɔre no, ɔno ara nkita mmra. Ɔmfa afɔrebɔde a ɛyɛ srade ne ne yan a wobehim wɔ afɔremuka no anim de ama Awurade no mmra. Afei, ɔsɔfo no bɛhyew srade no wɔ afɔremuka no so na ne yan no de, Aaron ne ne mmabarima bɛfa. Ɛsɛ sɛ mode mo asomdwoe afɔrebɔde no srɛ nifa no ma ɔsɔfo no sɛ mo fam de. Na Aaron mmabarima no mu nea ɔde mogya ne srade a efi afɔrebɔde no mu no bɛba afɔremuka no so no na ɔbɛfa srɛ nifa no. Mahyɛ sɛ wɔmfa ne yan no ne ne srɛ no mma sɛ akyɛde a efi Israelfo nkyɛn a wɔde rebrɛ Aaron mmabarima. Bere biara, wɔmfa saa afɔrebɔde no kyɛfa yi no mma Aaron ne ne mmabarima.”

Wɔn akatua ne no: Ɔhyew afɔrebɔ no, wɔde bɛto nkyɛn na wɔde ama wɔn a wɔayi wɔn sɛ Awurade asɔfo a ɛyɛ Aaron ne ne mmabarima no. Efisɛ da a Awurade sraa wɔn ngo no, ɔhyɛɛ sɛ Israelfo mfa saa kyɛfa no mma wɔn; ɛyɛ wɔn kyɛfa daa daa wɔ awo ntoatoaso ɛbɛba nyinaa mu.

Eyinom ne amanne a ɛfa ɔhyew afɔrebɔ, atoko afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ, afɔdi afɔrebɔ, ahotew afɔrebɔ ne asomdwoe afɔrebɔ ho. Awurade de saa mmara yi maa Mose wɔ Sinai Bepɔw so sɛ ɔno nso mfa mma Israelfo no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so bɔ wɔn afɔre ahorow no de ma Onyankopɔn wɔ Sinai sare so hɔ.

Read More of 3 Mose 7

3 Mose 8:1-36

Asɔfohyɛ

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Afei fa Aaron ne ne mmabarima bra Ahyiae Ntamadan no kwan no ano. Wɔmfa wɔn ntade, ɔsra ngo, nantwi ba a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre, adwennini abien ne brodo a mmɔkaw nni mu nkɛntɛn abien na frɛ Israelfo no nyinaa na wɔmmra hɔ bi.” Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no, na wohyiaa wɔ Ahyiae Ntamadan kwan no ano.

Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Ade a merebɛyɛ yi, Awurade na wahyɛ me sɛ menyɛ.” Afei, Mose de Aaron ne ne mmabarima no baa anim, na ɔde nsu hohoroo wɔn ho. Ɔde Aaron atade sononko bi a ne mmeamu ka ho ne batakari a asɔfotade a wɔde tam a ɛyɛ fɛ ayɛ nʼabɔso hyɛɛ no. Afei, Mose de adɛbo fam Aaron bo de Urim ne Tumim a ase ne hann ne pɛyɛ no hyɛɛ mu. Ɔbɔɔ Aaron abotiri kɛse bi a ɛwɔ sika abɔanim sɛnea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.

Afei, Mose faa ɔsra ngo no de bi petee Ahyiae Ntamadan no ankasa ne biribiara a ɛwɔ mu ho de tew ne nyinaa ho. Ɔpetee afɔremuka no so mpɛn ason. Afei, ɔpetee nkuku a ɛwɔ afɔremuka no so no ne hweaseammɔ ne ne ntaamu ho de tew ho. Afei, ohwiee ɔsra ngo no guu Aaron tirim de tew ne ho sɛ omfiti nʼadwuma ase. Nea edi hɔ ne sɛ, Mose de batakari hyehyɛɛ Aaron mmabarima a nkyekyeremu ne kyɛw ka ho, sɛnea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

Afei, ɔfaa nantwinini ba sɛ ɔde no rekɔbɔ bɔne ho afɔre. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu aboa no apampam. Mose kum no. Ɔde ne nsateaa baako bɔɔ ne mogya mu de yɛɛ afɔremuka mmɛn nan no ho ne afɔremuka no ankasa ho de tew ho, na ohwiee mogya no nkae no guu afɔremuka no ase de tew ho sɛ mpata. Ɔfaa nʼayamde ho srade ne ne mmerɛbo ho srade ne nʼasaabo abien no ne ɛho srade hyew ne nyinaa wɔ afɔremuka no so. Nanso ɔhyew nantwinini ba no ne ne nwoma ne ne nsono wɔ nsraban no akyi sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

Afei, ɔde odwennini no maa Awurade sɛ ɔhyew afɔre. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu aboa no apampam. Na Mose kum no de ne mogya no bi petee afɔremuka no ho nyinaa. Otwitwaa odwennini no nam na ɔhyew asinasin no a ne ti ne ne srade ka ho. Na ɔde nsu hohoroo nʼayamde ne nʼanan no ho hyew no wɔ afɔremuka no so maa ne nyinaa hyew dwerɛbee. Na ɛyɛ ɔhyew afɔre, ehua a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ maa Awurade, sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

Afei, Mose de odwennini baako a ɔyɛ asɔfohyɛ dwennini no bae. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu nʼapampam. Mose kum no na ɔde mogya no bi kaa Aaron aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti. Ɔde mogya no bi yɛɛ Aaron mmabarima no nso aso nifa ase ne wɔn nsa nifa kokurobeti ne wɔn anan nifa kokurobeti. Ɔde mogya no nkae petee afɔremuka no ho nyinaa. Afei, ɔfaa srade no, ne dua, ne ne mu srade, ne bɔnwoma kotoku, nʼasaabo abien no ne ɛho srade ne ne srɛ nifa no. Na ɔde saa brodo ntrantraa a mmɔkaw nni mu no baako nso ne brodo ntrantraa no baako a wɔde ngo agu so ne brodo ntrantraa baako a wɔfaa ne nyinaa fii kɛntɛn a wɔde besii hɔ wɔ Awurade anim no mu guguu eyinom nyinaa so. Wɔde eyinom nyinaa hyɛɛ Aaron ne ne mmabarima nsa na wonhim no wɔ Awurade anim sɛ ohim afɔrebɔ. Mose gyee ne nyinaa fii wɔn nsam hyew no wɔ afɔremuka no so wɔ ɔhyew afɔre no so sɛ asɔfohyɛ afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade. Afei Mose nso faa ne yan no a na ɛyɛ ne kyɛfa wɔ asɔfohyɛ dwennini nam no mu no hinhim wɔ Awurade anim sɛ ohim afɔrebɔ, sɛnea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

Afei ɔfaa ɔsra ngo no ne mogya a ɔde apete afɔremuka no so no bi de petee Aaron ne ne mmabarima ntade mu de tew Aaron ne ne mmabarima ne wɔn ntade ho maa Awurade dwumadi.

Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima no se, “Monnoa nam no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano na momfa nni brodo a ɛwɔ kɛntɛn a asɔfohyɛ afɔrebɔde wɔ mu no sɛnea meka kyerɛɛ mo no. Nam ne brodo biara a ɛbɛka no, monhyew. Bio, ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔntena Ahyiae Ntamadan no ano nnanson, mfa nwie asɔfohyɛ dwumadi no. Mose kaa bio se nea ɔyɛɛ no da no nyinaa no, Awurade na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ mfa nyɛ mpata mma wɔn. Ɔsan hyɛɛ Aaron ne ne mmabarima no sɛ wɔntena Ahyiae Ntamadan no ano anadwo ne awia nnanson. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Sɛ mufi hɔ a, mubewuwu. Eyi ne asɛm a Awurade aka.’ ”

Enti Aaron ne ne mmabarima dii nsɛm a Awurade nam Mose so hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa so.

Read More of 3 Mose 8