3 Mose 19:1-37, 3 Mose 20:1-27 AKCB

3 Mose 19:1-37

Abrabɔ Kronkron

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Monyɛ kronkron, efisɛ me Awurade a meyɛ mo Nyankopɔn no, meyɛ kronkron.

“ ‘Ɛsɛ sɛ mode nidi ma mo nanom ne mo agyanom na mudi me homeda mmara no so, efisɛ meyɛ Awurade mo Nyankopɔn.

“ ‘Monnsom ohoni, anaa monnyɛ nnade anyame bi mma mo ho. Mene Awurade mo Nyankopɔn.

“ ‘Sɛ mobɔ asomdwoe afɔre ma Awurade a momfa ɔkwan pa so mmɔ na asɔ Awurade ani. Da a mobɛbɔ saa afɔre no, munni no da no ara, na aboro so koraa na ɛsɛ sɛ mudi no adekyee. Monhyew nea ebedi nnansa no. Na nea mubedi no nnansa so no yɛ akyiwade ma me, enti mɛpo. Sɛ mudi no nnansa so a, mudi ho fɔ na moagu Awurade kronkronyɛ nso ho fi, na wobetwa mo asu afi Awurade nkurɔfo mu.

“ ‘Sɛ mutwa mo nnɔbae a, munntwa nnɔbae a ɛwɔ mo mfuw nhanoa no. Sɛ moretwa a, aba a ebegu fam no nso, monntase. Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ sɛ motew ne nyinaa. Na nea ɛbɛtew agu ase no nso, monntase. Munnyaw mma ahiafo ne akwantufo a wɔbɛfa hɔ no na mene Awurade mo Nyankopɔn.

“ ‘Mommmɔ korɔn.

“ ‘Munntwa atoro.

“ ‘Na munnsisi obiara.

“ ‘Monnka ntamhunu mfa ngu mo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene Awurade.

“ ‘Nwia wo yɔnko na munnsisi obi.

“ ‘Na mo apaafo nso, muntua wɔn ka ntɛm. Na sɛ ɛka bi bɛtɔ mo ne wɔn ntam a, mommma ade nkye so.

“ ‘Monnnome ɔsotifo na munntwintwan onifuraefo akwan mu. Munsuro mo Nyankopɔn; Mene Awurade.

“ ‘Ɛsɛ sɛ bere biara atemmufo bu atɛntrenee a wɔnhwɛ sɛ nea worebu no atɛn no yɛ ohiani anaa ɔdefo. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmu yɛ pɛpɛɛpɛ.

“ ‘Munnni nseku.

“ ‘Mfa bɔne bi ho asɛm nto wo yɔnko so, na mene Awurade.

“ ‘Ntan wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefo mfa ne ho nni. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wudi ho fɔ saa ara.

“ ‘Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔw; na mmom, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, na mene Awurade.

“ ‘Munni me mmara so.

“ ‘Mma wo nantwi mforo aboa foforo bi.

“ ‘Nnua afifide a egu ahorow abien wɔ wʼafuw mu.

“ ‘Nhyɛ atade a wɔde atam ahorow abien na anwen.

“ ‘Sɛ obi ne afenaa bi a obi asi no asiwa da a, ɛsɛ sɛ wodi wɔn asɛm wɔ asennii nanso ɛnsɛ sɛ wokum wɔn, efisɛ afenaa no nne ho. Ɔbarima no na ɔde nʼafɔdi afɔrebɔde bɛbrɛ Awurade wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ odwennini. Ɔsɔfo no de odwennini no bɛyɛ mpata ama ɔbarima no bɔne a ɔyɛe no na ama wɔde ne bɔne no akyɛ no.

“ ‘Sɛ mokɔ asase bi so kodua nnuaba ahorow pii a, nnɔbaetwa abiɛsa a edi kan no, munnni, efisɛ wobu no sɛ ɛho agu fi. Na ne mfe anan so no, momfa aba no nyinaa mma Awurade mfa nkamfo no. Na ne mfe anum so no, aba no yɛ mo dea. Eyi bɛma mo nnɔbae so ato. Mene Awurade mo Nyankopɔn.

“ ‘Monnwe aboa biara a wɔnsɔnee ne mu mogya no nam.

“ ‘Mommfa mo ho nkɔ asumansɛm anaa abayisɛm mu.

“ ‘Ɛnsɛ sɛ mutwitwa mo moma so nwi twitwa mo abɔgyesɛ so.

“ ‘Munntwitwa mo honam mma awufo anaa monnyɛ agyiraehyɛde ahorow wɔ mo ho. Mene Awurade.

“ ‘Mma wo babea nkɔbɔ aguaman mfa ngu ne ho fi na asase no annan abɔnefo ne nguamanfo asase.

“ ‘Munni me homeda mmara no so na munni me kronkronbea no ni, efisɛ mene Awurade.

“ ‘Monnkɔ asuman anaa ahonhom nkyɛn abisa mmfa ngu mo ho fi, na mene Awurade mo Nyankopɔn.

“ ‘Momfa obu ne nidi mma mpanyimfo wɔ Onyamesuro mu. Mene Awurade.

“ ‘Sɛ ɔhɔho bɛtena mo mu a munnsisi no. Mummu wɔn sɛnea mubu onipa biara. Monnodɔ wɔn sɛ mo ho na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔho wɔ Misraim asase so. Mene Awurade mo Nyankopɔn.

“ ‘Mommfa atoro nsusuwde nsusuw, nkari anaa nkan mo biribiara. Momfa nokware nsania, nkaribo ne asusuwde a eye. Mene Awurade mo Nyankopɔn a mede mo fi Misraim bae no.

“ ‘Munni me mmaransɛm ne mʼahyɛde no nyinaa so, na mene Awurade.’ ”

Read More of 3 Mose 19

3 Mose 20:1-27

Bɔne So Asotwe

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Obiara a ofi mo mu a ɔde ne ba bɛbɔ ɔhyew afɔre ama Molek no, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔho no, ɛsɛ sɛ wokum no. Ɛsɛ sɛ wosiw no abo. Na mʼankasa metia saa onipa no na mayi no afi ne nkurɔfo mu, efisɛ ɔde ne ba ama Molek ama wagu me kronkronbea ne me din kronkron no ho fi. Na sɛ nnipa a wɔte mpɔtam hɔ no nso boapa yɛ wɔn ho sɛ wonnim sɛ ɔbarima no de ne ba abɔ afɔre ama Molek na wɔankum no a, mʼankasa metia ɔbarima no ne ne fifo na matwa ɔno ne nnipa a wɔde wɔn ho to anyame foforo so no nyinaa afi wɔn nkurɔfo mu.

“ ‘Metia obiara a ɔkɔ asuman ne ahonhom nkyɛn okodi wɔn akyi aguaman so, na matwa saa onipa no afi ne nkurɔfo mu.

“ ‘Enti montew mo ho na monyɛ kronkron na mene Awurade mo Nyankopɔn. Ɛsɛ sɛ mudi me mmara nyinaa so, efisɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.

“ ‘Obiara a ɔbɛdome nʼagya anaa ne na no, ɛsɛ sɛ wokum no, efisɛ wadome ne na ne nʼagya, ne mogya begu nʼatifi.

“ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa obi yere a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima no ne ɔbea no nyinaa wɔabɔ aguaman.

“ ‘Sɛ ɔbarima bi ne nʼagya yere da a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima no ne ɔbea no, wɔn mogya begu wɔn atifi.

“ ‘Na sɛ ɔbarima bi kɔfa nʼase a ɔyɛ ne babarima yere a, ɛsɛ sɛ wokum wɔn baanu no nyinaa; wɔn ankasa na wɔagu wɔn ho wɔn ho fi; wɔn mogya begu wɔn atifi.

“ ‘Sɛ ɔbarima bi fa ne yɔnko barima a, wonkum wɔn baanu no nyinaa; wɔn mogya begu wɔn ankasa atifi.

“ ‘Sɛ ɔbarima bi fa ɔbea bi na ɔsan kɔfa ɔbea no na ka ho a, ɛyɛ atiwuisɛm. Ɛsɛ sɛ wɔhyew saa nnipa baasa yi nyinaa anikann de apepa amumɔyɛsɛm no afi mo mu.

“ ‘Sɛ ɔbarima bi fa aboa a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima no na wokum aboa no nso.

“ ‘Sɛ ɔbea nso ma aboa fa no a, munkum ɔbea no ne aboa no nyinaa; wɔn mogya begu wɔn ankasa atifi.

“ ‘Sɛ ɔbarima ne ne nuabea da a, sɛ ɛyɛ nʼagya babea o, sɛ nso ɛyɛ ne na babea o, ɛyɛ animguasesɛm, wobegyina bagua mu ayi wɔn afi wɔn nkurɔfo mu. Ɔbarima no ara bɛsoa nʼafɔdi.

“ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa ɔbea a wabu ne nsa a, ɛsɛ sɛ woyi wɔn fi wɔn nkurɔfo mu, efisɛ ɔbarima no ada ɔbea no adagyaw adi.

“ ‘Sɛ obi ne nʼagya nuabea da a, ɛyɛ akyiwade. Saa ara nso na ɔne ne na nuabea da a, ɛyɛ akyiwade ara ne no, efisɛ, wɔn nyinaa yɛ mogya baako. Wɔn baanu nyinaa bɛsoa wɔn afɔdi.

“ ‘Sɛ ɔbarima bi fa nʼagya nuabarima yere a, wafa ade a ɛyɛ nʼagya nuabarima no dea; wɔn asotwe ne sɛ, wɔbɛsoa wɔn bɔne awu a wɔrenwo ba.

“ ‘Sɛ ɔbarima bi ware ne nua yere a, ɛyɛ afide, efisɛ wafa ne nua ade na wɔn nyinaa renwo ba.

“ ‘Ɛsɛ sɛ mudi me mmara nyinaa so na mampam mo amfi mo asase foforo yi so. Munnni ɔman no amanne a maka no mo anim sɛ enye no akyi, efisɛ nneɛma a wɔyɛ a enye no nyinaa, mabɔ mo ho kɔkɔ dedaw. Ɛno nti na mikyi saa aman no. Mahyɛ mo wɔn asase no ho bɔ sɛ mede bɛma mo. Ɛyɛ asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so. Mene Awurade mo Nyankopɔn a mama mo ada nsow wɔ aman a aka no nyinaa mu.

“ ‘Ɛsɛ sɛ mo nso muhu nnomaa ne mmoa a mama mo ho kwan sɛ monwe wɔn nam ne wɔn a ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam no ntam nsonoe. Ɛwɔ mu sɛ mmoa ne nnomaa a mabra sɛ monnnwe no, wɔabu so wɔ asase no so de, nanso monnnwe mfa ngu mo ho fi nhyɛ me abufuw. Mobɛyɛ kronkron ama me, efisɛ me Awurade, meyɛ kronkron na mayi mo afi nnipa nyinaa mu asi nkyɛn sɛ moyɛ me de.

“ ‘Ɔbarima anaa ɔbea a ɔyɛ samanfrɛfo anaasɛ osumanni wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ mukum no. Ɛsɛ sɛ musiw no abo; ne mogya begu nʼankasa atifi.’ ”

Read More of 3 Mose 20