Kwadwom 3:40-66, Kwadwom 4:1-22, Kwadwom 5:1-22 AKCB

Kwadwom 3:40-66

Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ,

na yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn.

Momma yɛmma yɛn koma ne yɛn nsa so,

nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka se:

“Yɛayɛ bɔne, na yɛatew atua

na wamfa ankyɛ.

“Wode abufuw akata wo ho ataa yɛn;

na woakunkum a woannya ahummɔbɔ.

Wode wo ho asie omununkum mu

nti mpaebɔ biara nnu wo nkyɛn.

Woayɛ yɛn atantanne ne nwura

wɔ amanaman no mu.

“Yɛn atamfo nyinaa abaa wɔn anom tɛtrɛɛ

de tia yɛn.

Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhwease,

mmubui ne ɔsɛe.”

Me nusu sen sɛ asuten

efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo.

Me nusu bɛsen ara,

na ɛrennyae,

kosi sɛ Awurade bɛhwɛ

afi ɔsoro, na wahu.

Nea mihu no ma me kra werɛ how,

me kuropɔn no mu mmea nyinaa nti.

Mʼatamfo a menyɛɛ wɔn hwee

pampam me sɛ anomaa.

Wɔpɛɛ sɛ wotwa me nkwa so

na wosiw me abo wɔ amoa mu;

nsu bu faa me ti so,

na ɛyɛɛ me sɛnea wɔrewie me.

Mebɔɔ wo din, Awurade

fii amoa no ase tɔnn.

Wotee me sufrɛ: “Nsiw wʼaso

wɔ me gye sufrɛ ho.”

Wutwiw bɛn me bere a mefrɛɛ wo no,

na wokae se, “Nsuro.”

Wo Awurade, wudii mʼasɛm maa me;

na wugyee me nkwa.

Woahu bɔne a wɔayɛ me, Awurade.

Di mʼasɛm ma me!

Woahu wɔn aweretɔ no mu den,

wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa.

Awurade, woate wɔn ntwirii,

wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa,

nea mʼatamfo ka no asomsɛm na wɔka no brɛoo

de tia me da mu nyinaa.

Hwɛ wɔn! Sɛ wogyinagyina hɔ anaasɛ wɔtete hɔ,

wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.

Fa nea ɛfata tua wɔn so ka, Awurade,

nea wɔn nsa ayɛ nti.

Pirim wɔn koma,

na ma wo nnome mmra wɔn so.

Fa abufuw taa wɔn, na sɛe wɔn

fi Awurade ɔsorosoro ase.

Read More of Kwadwom 3

Kwadwom 4:1-22

Hwɛ sɛnea sikakɔkɔɔ ayera ne hyerɛn no ni

Sikakɔkɔɔ ankasa na ho abiri saa!

Wɔatoto aboɔdemmo kronkron apete

wɔ abɔnten biara so.

Hwɛ sɛnea Sion mmabarima a wodi mu

na anka wɔsom bo sɛ sikakɔkɔɔ no ayɛ,

mprempren wɔfa wɔn sɛ dɔte nkuku,

ɔnwemfo nsa ano adwuma!

Mpo adompo yi wɔn nufu

ma wɔn mma num,

nanso me nkurɔfo ayɛ atirimɔdenfo

sɛ sohori a ɔwɔ sare so.

Osukɔm nti, akokoaa tɛkrɛma

fam ne dodo mu;

mmofra no srɛ aduan,

nanso obiara mfa mma wɔn.

Wɔn a na anka wodi nnuan pa no

ohia buruburoo aka wɔn wɔ mmɔnten so.

Wɔn a wɔde sirikyi tetew wɔn no

mprempren wɔdeda nso a wɔaboa ano so.

Me nkurɔfo asotwe

so sen Sodom a

wotuu wɔn mpofirim no,

a wɔannya ɔboafo biara de.

Na wɔn ahenemma ho twa sen sukyerɛmma,

na wɔnan sen nufusu,

na wɔn nipadua no bere, na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa,

na wɔte sɛ hoabo.

Nanso mprempren de, wobiri sen wusiw bɔtɔ;

na wonhu wɔn yiye wɔ mmɔnten so.

Wɔn were atwintwam wɔ wɔn nnompe so;

ho awo wosee sɛ abaa.

Wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ye koraa

sen wɔn a ɔkɔm kunkum wɔn;

ɔkɔm tware wɔn ma wowuwu,

esiane aduan a enni mfuw so nti.

Mmea a wɔwɔ ayamhyehye

de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma,

ayɛ wɔn aduan,

bere a wɔsɛee me nkurɔfo no.

Awurade ada nʼabufuwhyew nyinaa adi;

wahwie nʼabufuw a ano yɛ den no.

Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion

ma ɛhyew ne fapem.

Asase so ahemfo annye anni,

wiase mu nnipa nso annye anni

sɛ atamfo betumi ahyɛn

Yerusalem apon mu.

Nanso esii, nʼadiyifo no bɔne

ne nʼasɔfo amumɔyɛ nti,

wɔn na wohwiee atreneefo mogya

guu wɔ kuropɔn no mu.

Afei wɔkeka wɔ mmɔnten so

te sɛ nnipa a wɔn ani afura.

Mogya a ama wɔn ho agu fi no nti

obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntade.

Nnipa teɛteɛɛ mu gu wɔn so se, “Mumfi ha nkɔ! Mo ho ntew!”

“Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.”

Sɛ woguan kɔnenam a

amanaman no mu nnipa ka se,

“Wɔrentumi ntena ha bio.”

Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete;

nʼani nni wɔn so bio.

Wɔmmfa nidi mma asɔfo,

na wɔn ani nsɔ mpanyimfo.

Nea ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn,

yɛpɛɛ sɛ yebenya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa;

yefi yɛn abantenten so de yɛn ani too

ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.

Nnipa dii yɛn ntɛntɛnso wɔ yɛn anammɔntu mu,

enti yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so.

Yɛn awiei bɛnee, na wɔkan yɛn nna,

efisɛ na yɛn awiei adu so.

Yɛn ataafo ho yɛ hare

sen akɔre a wɔwɔ wim;

wɔtaa yɛn faa mmepɔw so

na wɔtɛw yɛn wɔ sare so.

Nea Awurade asra no ngo, yɛn nkwa home ankasa no,

kɔtɔɔ wɔn mfiri mu.

Yegye dii sɛ ne nwini ase,

yebenya nkwa wɔ amanaman no mu.

Di ahurusi na ma wʼani nnye, Edom Babea,

wo a wote Us asase so.

Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi;

wobɛbow na wɔabɔ wo adagyaw.

Ɔbabea Sion, wʼasotwe bɛba awiei;

ɔremma wo nkɔ so ntena nnommum mu.

Nanso Ɔbabea Edom, obetua wo bɔne so ka

na wada wʼamumɔyɛ adi.

Read More of Kwadwom 4

Kwadwom 5:1-22

Awurade, kae nea aba yɛn so;

hwɛ, na hu yɛn animguase.

Wɔadan yɛn agyapade ama ahɔho,

wɔde yɛn afi ama ananafo.

Yɛayɛ nyisaa na yenni agyanom,

yɛn nanom yɛ akunafo.

Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsu a yɛnom;

yebenya nnyina a, gye sɛ yɛtɔ.

Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ;

Yɛabrɛ na yennya ahomegye.

Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiria

sɛnea yebenya aduan a ɛbɛso yɛn.

Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wonni hɔ bio,

na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so.

Nkoa di yɛn so,

na obiara nni hɔ a obegye yɛn afi wɔn nsam.

Yɛde yɛn nkwa bɔ afɔre de pɛ yɛn anoduan,

afoa a ɛwɔ sare so no nti.

Yɛn honam adɔ sɛ fononoo.

Ɔkɔm ama atiridii abɔ yɛn.

Wɔato mmea mmonnaa wɔ Sion,

ne mmabun a wɔwɔ Yuda nkurow so.

Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn;

wɔmmfa nidi mma mpanyimfo.

Mmerante yɛ adwumaden wɔ awiyammo so;

na mmerantewa nan toto wɔ nnyina duruduru ase.

Mpanyimfo ntena kuropɔn apon ano bio;

mmerante agyae wɔn nnwonto.

Ahosɛpɛw afi yɛn koma mu;

yɛn asaw adan agyaadwotwa.

Ahenkyɛw afi yɛn ti so.

Yɛn ara, yennue sɛ yɛayɛ bɔne!

Eyi nti yɛn koma atɔ beraw,

eyinom nti yɛn ani so ayɛ kusuu

wɔ Sion bepɔw a ada mpan

na sakraman nenam so no nti.

Wo, Awurade, di hene afebɔɔ;

wʼahengua fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso.

Adɛn nti na wo werɛ fi yɛn daa yi?

Adɛn nti na wagyaw yɛn, mmere tenten mu yi?

Ka yɛn bata wo ho bio, Awurade, na yɛatumi asan aba wo nkyɛn;

yɛ yɛn nna foforo sɛ tete no

gye sɛ woapo yɛn koraa

anaasɛ wo bo afuw yɛn mmoroso.

Read More of Kwadwom 5