Kwadwom 2:7-22, Kwadwom 3:1-39 AKCB

Kwadwom 2:7-22

Awurade apo nʼafɔremuka

na wagyaa ne kronkronbea mu.

Ɔde nʼahemfi afasu

ahyɛ nʼatamfo nsa.

Wɔteɛ mu wɔ Awurade fi

te sɛ afahyɛ da.

Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe

Ɔbabea Sion fasu a atwa ne ho ahyia no.

Ɔde susuhama too ho

na wannyae ɔsɛe no.

Ɔmaa pie ne afasu dii abooboo;

wɔn nyinaa sɛee.

Nʼapon amem fam;

wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no.

Ne hene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asu kɔ amanaman no mu,

mmara nni hɔ bio,

na nʼadiyifo nnya anisoadehu a

efi Awurade hɔ bio.

Ɔbabea Sion mpanyimfo

tete fam ayɛ komm;

wɔde mfutuma agu wɔn tirim

afurafura atweaatam.

Yerusalem mmabaa

asisi wɔn ti ase.

Mʼani rentumi nnyae nisutew,

me yafunu mu retwa me,

me koma retew atɔ fam,

efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo,

efisɛ mmofra ne mmotafowa totɔ piti

wɔ kuropɔn no mmɔnten so.

Wobisa wɔn nanom se,

“Ɛhe na brodo ne nsa wɔ?”

Bere a wɔtotɔ beraw sɛ apirafo

wɔ kuropɔn no mmɔnten so,

bere a wɔn nkwa resa

wɔ wɔn nanom abasa so.

Asɛm bɛn na metumi aka ama wo?

Dɛn ho na metumi de wo atoto,

Ɔbabea Yerusalem?

Dɛn na metumi de asusuw wo,

de akyekye wo werɛ,

Sion Babea Ɔbabun?

Wʼapirakuru so sɛ po.

Hena na obetumi asa wo yare?

Wʼadiyifo anisoadehu

yɛ atoro a so nni mfaso;

wɔanna mo amumɔyɛ adi

ansiw mo nnommumfa ano.

Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no

yɛ atoro ne nnaadaa.

Wɔn a wotwa mu wo kwan so nyinaa

bobɔ wɔn nsam gu wo so;

wodi wo ho fɛw na wɔwosow wɔn ti

gu Yerusalem Babea so ka se,

“Eyi ne kuropɔn a na wɔfrɛ no

ahoɔfɛ a edi mu no?

Asase nyinaa anigyede no ni?”

Wʼatamfo nyinaa baa wɔn anom

tɛtrɛɛ tia wo;

wɔserew na wɔtwɛre wɔn se

na wɔka se, “Yɛamene no.

Da a na yɛretwɛn no ni;

Yɛatena ase ahu.”

Awurade ayɛ nea ɔhyehyɛe;

wama nʼasɛm a

ɔhyɛɛ dedaada no aba mu.

Watu wo agu a wanhu wo mmɔbɔ,

wama ɔtamfo no ani agye

wama wʼatamfo no mmɛn so.

Nnipa no koma

su frɛ Awurade.

Ɔbabea Sion afasu,

momma mo nusu nsen sɛ asubɔnten

awia ne anadwo;

munnye mo ahome

momma mo ani nso nnya ɔhome.

Sɔre, su dennen anadwo,

ɔdasu mu mfiase;

hwie wo koma mu nsɛm sɛ nsu

gu Awurade anim.

Ma wo nsa so kyerɛ no

wo mma nkwa nti,

wɔn a ɔkɔm ama wɔatotɔ beraw

wɔ mmɔnten so.

“Hwɛ na dwene ho, Awurade:

Hena na wode no afa saa ɔkwan yi so pɛn?

Ɛsɛ sɛ mmea we wɔn yafunumma nam ana,

mma a wɔahwɛ wɔn?

Ɛsɛ sɛ wokunkum ɔsɔfo ne odiyifo

Awurade kronkronbea ana?

“Mmofra ne mpanyin da adabum

wɔ mmɔnten so mfutuma mu so,

me mmerante ne mmabaa

atotɔ wɔ afoa ano.

Woakum wɔn wɔ wʼabufuwda;

woayam wɔn na woannya ahummɔbɔ.

“Sɛnea wotoo wo nsa frɛ wɔ aponto da no,

saa ara na wofrɛfrɛɛ

amanehunu fii afanan nyinaa tiaa me.

Awurade abufuw da no,

obiara anguan na anka obiara:

wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetew wɔn no,

me tamfo adwerɛw wɔn.”

Read More of Kwadwom 2

Kwadwom 3:1-39

Mene ɔbarima a mahu amane

wɔ nʼabufuw abaa ano.

Wapam me afi ne ho ama manantew

sum mu na ɛnyɛ hann mu;

Ampa ara wama nsa so atia me

mpɛn bebree, da mu nyinaa.

Wama me were ne me nam anyin

Na wabubu me nnompe.

Waka me ahyɛ mu, na watua me ano

ɔde nweenwen ne ahokyere atwa me ho ahyia.

Wama matena sum mu

sɛ wɔn a wɔawuwu dedaw no.

Wato ɔfasu atwa me ho ahyia enti mintumi nguan;

wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ beraw.

Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpae srɛ mmoa a

osiw me mpaebɔ ano.

Ɔde abotan asiw me kwan;

wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.

Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn,

te sɛ gyata a watɛw,

ɔtwee me fii ɔkwan no mu bebaree me

na ogyaw me a minni mmoa biara.

Okuntun ne ta mu

na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.

Ɔde bɛmma a efi ne kotoku mu

hwirew me koma mu.

Meyɛɛ akyiwade maa me nkurɔfo nyinaa;

wɔto akutia nnwom

de di me ho fɛw da mu nyinaa.

Ɔde nhaban nweenwen ahyɛ me ma.

Wama me bɔnwoma anom.

Ɔde mmosea abubu me se;

na watiatia me so wɔ mfutuma mu.

Wɔama asomdwoe abɔ me;

na me werɛ afi yiyedi.

Enti mise, “Mʼanuonyam asa,

nea mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.”

Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyinakyinkyin mu,

nweenwen ne bɔnwoma mu.

Mekae yiye,

na me kra abotow wɔ me mu.

Nanso midwen eyi ho;

saa nti mewɔ anidaso.

Awurade dɔ kɛse nti yɛnsɛee ɛ.

Nʼayamhyehye nni huammɔ.

Ɛyɛ foforo anɔpa biara;

wo nokwaredi yɛ kɛse.

Meka kyerɛ me ho se,

Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.”

Awurade ye ma wɔn a wɔn anidaso wɔ ne mu,

onipa a ɔhwehwɛ no no;

Eye sɛ wɔyɛ komm

de twɛn Awurade nkwagye.

Eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa konnua no

wɔ ne mmerantebere mu.

Ma ɔntena ase komm,

efisɛ Awurade de ato ne so.

Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfutuma mu,

ebia anidaso wɔ hɔ.

Ma ɔmfa nʼafono mma nea ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no no

na ɔnhyɛ no aniwu.

Na Awurade ntow onipa biara nkyene koraa.

Ɛwɔ mu, ɔde awerɛhow ba de, nanso obenya ayamhyehye.

Ne dɔ kɛse no to rentwa da.

Ofi amemenemfe mu de amanehunu

anaa awerɛhow brɛ nnipa mma.

Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛw

nneduafo a wɔwɔ asase no so a,

sɛ wotiatia obi ahofadi so

wɔ Ɔsorosoroni no anim a,

anaa sɛ wobu obi ntɛnkyew a,

Awurade renhu saa nneɛma yi ana?

Hena na obetumi aka na wama aba mu

wɔ bere a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛe?

Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom

na mmusu ne nnepa fi ana?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔteasefo nwiinwii

bere a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?

Read More of Kwadwom 3