Yosua 13:1-33, Yosua 14:1-15 AKCB

Yosua 13:1-33

Asase A Aka

Bere a Yosua13.1 Na Yosua adi mfe bɛyɛ aduɔkron kosi ɔha. Na Kaleb adi mfe aduɔwɔtwe anum. Na Gesurfo te Palestina anafo fam a ɛbɛn Misraim mpoano. bɔɔ akwakoraa no, Awurade ka kyerɛɛ no se, “Worebɔ akwakoraa nso nsase pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woko di so.

“Ɛsɛ sɛ nnipa no tena Filistifo ne Gesur,

“nsase a na ɛyɛ Kanaanfo de no so. Saa asase yi fi asu Sihor a ɛda Misraim hye so a ɛsen fa atifi fam kosi Ekron hye so,

a Filistifo nkurɔpɔn anum a ɛyɛ Gasa, Asdod, Askelon, Gat ne Ekron nso ka ho. Awifo asase a ɛda anafo fam no nso, wɔnnko nnii so ɛ. Atifi fam nso, wɔnnko nnii saa nsase yi so ɛ;

Kanaan asase nyinaa a Meara a ɛyɛ Sidonfo de no, de kosi Afek, kodu Amorifo hye so

ne Gebalfo asase

ne Lebanon nyinaa wɔ apuei fam, de fi Baal-Gad a ɛda Hermon bepɔw ase, de kosi Hamat fam.

“Mmepɔw asase a efi Lebanon kosi Misrefot-Maim nyinaa a Sidonfo nsase nyinaa ka ho. Metu saa nnipa no nyinaa afi asase no so na mede ama Israelfo. Enti hwɛ na fa saa asase no ma Israelfo sɛ agyapade sononko sɛnea mahyɛ wo no. Fa saa asase yi nyinaa sɛ Israelfo agyapade bere a worekyekyɛ mu ama mmusuakuw akron no ne Manase abusua fa no.”

Wɔkyekyɛ Yordan Apuei Fam Asase Mu

Manase abusua fa, Rubenfo ne Gadfo de, na wɔanya wɔn agyapade wɔ Yordan apuei fam, efisɛ na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no de saa asase no ama wɔn dedaw.

Wɔn asase no fi Aroer a ɛda Arnon Subon no ano (ne kurow a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ sare a ɛtoa Medeba so kosi Dibon. Amorihene Sihon a odii ade wɔ Hesbon kosi Amonfo hye so nkurow nyinaa nso ka ho.

Gilead, asase a ɛwɔ Gesur ne Maaka ahemman mu, Bepɔw Hermon nyinaa, Basan nyinaa de kosi Saleka ka ho, na Basanhene Og a odii hene wɔ Astarot ne Edrei nsase nyinaa nso ka ho. Ɔhene Og yɛ Rafatni a otwa to, efisɛ na Mose ne wɔn ako apam wɔn. Nanso Israelfo no antu Gesurfo ne Maakafo enti wɔtenaa Israelfo no mu de besi nnɛ.

Lewi Abusuakuw Agyapade

Na Lewi abusuakuw no de, wamma wɔn agyapade biara. Wɔn agyapade fi afɔrebɔde a wɔhyew wɔ afɔremuka so ma Awurade, Israel Nyankopɔn no.

Ruben Abusuakuw Asase

Mose de saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuw mu.

Wɔn asase no fi Aroer a ɛda Arnon Subon no ano (ne kurow a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ sare a ɛtoa Medeba so. Nkurow ne nkuraase a ɛkeka ho ni: Hesbon ne nkurow a ɛdeda sare so te sɛ Dibon, Bamot-Baal ne Bet-Baal-Meon, Yahas, Kedemot, Mefaat, Kiriataim, Sibma ne Seret-Sahar, a ɛdeda obon no koko so, Bet-Peor, Pisga nsian mu ne Bet-Yesimot. Nkurow a ɛwɔ tataw so nyinaa ne Sihon ahemman nyinaa nso ka Ruben asase no ho. Sihon yɛ Amorihene a na odi ade wɔ Hesbon, nea Mose kum no ne Midian ahemfo a wɔne Ewi, Rekem, Sur, Hur, Reba ne ahenemma a wɔwɔ mpɔtam hɔ a wɔne Sihon yɛ baako. Israelfo no kum Beor babarima nkonyaayifo bi a na wɔfrɛ no Balaam.

Yordan Asubɔnten no yɛ Ruben asase no hye wɔ atɔe fam. Wɔde nkurow ne nkuraa a ɛwɔ saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuw no mu sɛ wɔn agyapade.

Gad Abusuakuw No Asase

Mose de saa asase yi maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuw mu.

Wɔn asase no yɛ Yaser, Gilead nkurow nyinaa, ne Amon asase no fa, kosi Aroer kurow a ɛwɔ Raba atɔe fam pɛɛ. Na efi Hesbon de kosi Ramat-Mispa ne Betonim de fi Mahanaim de kosi Debir. Obon no mu na na Bet-Haram ne Bet-Nimra ne Sukot ne Safon ne Hesbonhene Sihon ahemman no nkae wɔ; Asubɔnten Yordan na na ɛyɛ atɔe fam hɔ hye na ɛtoa so de kosi Galilea po no mu.

Nkurow ne nkuraa a ɛwɔ saa beae yi na wɔde maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuw mu sɛ wɔn agyapade.

Asase A Wɔde Maa Manase Abusuakuw Fa No

Mose de saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ

Na wɔn asase no fi Mahanaim, Basan nyinaa, ɔhene Og kan tete ahemman nyinaa ne nkurow aduosia a ɛwɔ Yair a ɛwɔ Basan no. Gilead fa ne ɔhene Og ahenkurow, Astarot ne Edrei ka ho.

Wɔde eyinom nyinaa maa Makir a na ɔyɛ Manase babarima no asefo.

Eyinom yɛ nkyekyɛmu a Mose yɛe bere a na ɔwɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan akyi, Yeriko apuei fam. Nanso Mose amma Lewi abusuakuw no asase biara, efisɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔno na ɔbɛyɛ wɔn agyapade.

Read More of Yosua 13

Yosua 14:1-15

Yordan Atɔe Fam Asase No Mu Kyekyɛ

Israelfo mmusuakuw nkae no nyaa nsase wɔ Kanaan sɛ agyapade, sɛnea ɔsɔfo Eleasar,14.1 Aaron babarima ne Eleasar. Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuw ntuanofo no de maa wɔn no. Saa mmusuakuw akron ne fa yi nam ntontobɔ so na wonyaa wɔn agyapade no sɛnea Awurade faa Mose so hyɛe no. Na Mose ama mmusuakuw abien ne fa no nsase sɛ wɔn agyapade wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam dedaw. Yosef abusuakuw no de, na abɛyɛ mmusuakuw abien a wɔne Manase ne Efraim. Lewifo no de, wɔamma wɔn asase no mu bi koraa, gye nkurow a wɔbɛtena so ne adidibea a wɔn nguan ne wɔn anantwi bɛkɔ so adidi. Enti asase no mu kyekyɛ no, wogyinaa mmara a Awurade de maa Mose no so pɛpɛɛpɛ.

Kaleb Bisa Nʼasase Ase

Wotuu asomafo fi Yuda abusuakuw mu a Kaleb a ɔyɛ Kenesini, Yefune babarima di wɔn anim baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Kaleb ka kyerɛɛ Yosua se, “Kae asɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose, Onyankopɔn nipa, a ɛfa me ne wo ho, bere a na yɛwɔ Kades-Barnea no. Bere a Mose, Awurade somfo no somaa me fi Kades-Barnea sɛ menkɔhwehwɛ Kanaan asase no so no, na madi mfe aduanan. Mesan mʼakyi na mifi koma pa mu bɛkaa nea mihuu nyinaa, nanso me nuanom a wɔkaa me ho kɔe no hunahunaa nnipa no, buu wɔn aba mu sɛ wonntu wɔn nan nsi Bɔhyɛ Asase no so. Na me fam mu de, mede me ho nyinaa dii Awurade, me Nyankopɔn akyi. Enti saa da no, Mose hyɛɛ me bɔ se, ‘Kanaan asase a wokɔnantew so yi bɛyɛ wo ne wʼasefo agyapade sononko daa nyinaa, efisɛ wufi wo koma nyinaa mu adi Awurade, me Nyankopɔn akyi.’

“Afei, sɛnea wuhu yi, Awurade ahwɛ me so yiye mfe aduanan anum fi bere a Mose hyɛɛ saa bɔ yi bere a na Israelfo nenam sare so no. Nnɛ, madi mfe aduɔwɔtwe anum. Me ho yɛ den nnɛ te sɛ da a Mose somaa me no na metumi atu kwan akɔ ɔko ano mprempren te sɛ kan no. Enti merebisa na wode bepɔw asase a Awurade de hyɛɛ me bɔ no ama me. Wobɛkae sɛ na yɛyɛ akwansrafo no, yehuu sɛ Anakfo tete nkuropɔn akɛse a wato ɔfasu afa ho mu. Nanso sɛ Awurade ka me ho a, mɛpam wɔn afi asase no so sɛnea Awurade kae no.”

Na Yosua hyiraa Kaleb, Yefune babarima no de Hebron maa no sɛ agyapade. Hebron da so yɛ Kaleb, Yefune a ɔyɛ Kenesini babarima no asefo de, efisɛ ɔde ne koma nyinaa dii Awurade Israel Nyankopɔn akyi. Kan no na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba. Wɔde Arba yi too Anakfo mu okunini pa ara bi.

Na akokoakoko fii asase no so.

Read More of Yosua 14