Yohane 7:45-53, Yohane 8:1-11 AKCB

Yohane 7:45-53

Yudafo Mpanyin Akyinnyegye

Asomfo no san kɔe no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moamfa no amma?”

Asomfo no buae se, “Nsɛm a onipa no ka no, ɛyɛ nwonwa na yɛntee bi da.”

Farisifo no san bisaa asomfo no se, “Mo nso wadaadaa mo ana? Moahu sɛ mpanyimfo anaa Farisifo no bi agye no adi ana? Dabi, ɛremma sa, na mmom ɛyɛ wɔn a wonnim mmara no na wɔadome wɔn no na wobegye no adi.”

Saa bere no na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi owiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso wɔ hɔ bi. Ɔno na obisae se, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yebu obi fɔ wɔ bere a yɛntee nʼanom asɛm, nhuu nea wayɛ ana?”

Wobuaa no se, “Wo nso wufi Galilea ana? Hwehwɛ Kyerɛwsɛm no mu yiye na wubehu sɛ odiyifo biara rentumi mfi Galilea da.”

Afei obiara fii hɔ kɔe a wɔantumi ansi gyinae biara.

Read More of Yohane 7

Yohane 8:1-11

Yesu san kɔɔ Ngo Bepɔw no so.

Ɔbea Guamanfo No

Ade kyee anɔpa no ɔsan baa hyiadan no mu. Nnipa bebree baa ne nkyɛn ma ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. Ogu so rekasa no, Yudafo mpanyin ne Farisifo de ɔbea bi a wɔkyeree no sɛ ɔrebɔ aguaman baa nʼanim. Wɔka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛkyeree ɔbea yi sɛ ɔrebɔ aguaman, nanso Mose mmara hyɛ yɛn sɛ, ɔbea biara a wɔbɛkyere no wɔ saa ɔkwan no so no, ɛsɛ sɛ wosiw no abo. Dɛn na woka wɔ ho?” Wobisaa no eyi de sum no afiri sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asɛm bi agyina so atoto nʼano.

Nanso Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa kyerɛkyerɛw fam. Wogu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no nni kan ntow ɔbo mmɔ no.” Ɔsan bɔɔ ne mu ase kyerɛkyerɛw fam.

Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, wofii ase fii hɔ mmaako mmaako fii mpanyin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbea no nko ara. Yesu maa ne mu so no, obisaa ɔbea no se, “Nnipa a wɔde wo bae no wɔ he? Wɔn mu baako mpo nni ha a ɔbɛka asɛm bi atia wo?”

Ɔbea no buaa Yesu se, “Dabi, Owura.”

Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ saa na ɛte de a, ɛno de me nso minni asɛm biara a mɛka de atia wo. Kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio.”

Read More of Yohane 8