Yohane 7:14-44 AKCB

Yohane 7:14-44

Yesu Kyerɛkyerɛ Wɔ Afahyɛ No Ase

Afahyɛ no duu ne mpɔmpɔnso no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛe. Bere a Yudafo mpanyin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa na wobisae se, “Onipa yi nsuaa nhoma da, na ɛyɛɛ dɛn na otumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?”

Yesu buaa wɔn se, “Nea merekyerɛ no mfi mʼankasa, na mmom efi Onyankopɔn a ɔsomaa me no. Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde a obehu sɛ me nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn nkyɛn anaa efi mʼankasa. Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ anuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ anuonyam ma nea ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafo a nnaadaa biara nni ne mu. Mose amma mo mmara no ana? Nanso mo mu biara nni saa mmara no so! Adɛn nti na mopɛ sɛ mukum me?”

Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Gyama honhommɔne bi hyɛ wo so? Hena na ɔrehwehwɛ wo akum wo?”

Yesu buaa wɔn se, “Anwonwade baako pɛ a mayɛ nti na mo ho adwiriw mo sɛɛ yi. Mose maa mo twetiatwa (mpo ɛnyɛ sɛ Mose na ɔhyɛɛ ho mmara na ɛyɛ mo nenanom) nanso, mutwa twetia homeda. Sɛ mutwa twetia homeda na moanto Mose mmara a, adɛn nti na sɛ mesa obi yare homeda a, mo bo fuw me? Mummmu atɛn kwa. Monhwɛ biribiara a muhu no yiye ansa na moabu ho atɛn.”

Yesu Ne Agyenkwa No Ana?

Nnipa a na wɔwɔ Yerusalem no mu bi bisae se, “Ɛnyɛ saa onipa yi ne nea wɔpɛ sɛ wokum no no ana? Ɔno na ɔrekasa wɔ bagua mu a obiara nka hwee nkyerɛ no yi! Gyama afei de mpanyimfo no agye no ato mu sɛ ɔne Agyenkwa no? Yenim sɛ Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ofi bae nanso saa onipa yi de, yenim faako a ofi.”

Yesu gu so rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔkaa no dennen se, “Ɛwɔ mu sɛ munim me na munim faako nso a mifi bae, nanso ɛnyɛ me ara me pɛ na mede bae, na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo, nanso munnim no; na me de, minim no, efisɛ mifi ne nkyɛn na mebae na ɔno na ɔsomaa me.”

Nʼano sii no, wɔpɛe sɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnui ɛ. Nnipa no mu fa kɛse no ara gyee no dii na wobisae se, “Sɛ Agyenkwa no ba a obetumi ayɛ anwonwade bebree sen nea ɔbarima yi ayɛ no ana?”

Farisifo no tee huhuhuhu no a nnipa no yɛ faa Yesu ho no, wɔne asɔfo mpanyin no somaa hyiadan awɛmfo bi se wɔnkɔkyere Yesu mmra.

Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, “Nna kakraa bi na aka me a me ne mo bɛtena na masan akɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn. Mobɛhwehwɛ me nanso morenhu me, efisɛ faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ.”

Bere a Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhefa na ose ɔrebɛkɔ a enti yɛrenhu no yi? Anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Helafo nkurow a Yudafo tete mu no mu akɔkyerɛkyerɛ wɔn? Sɛ ɔka se, ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, efisɛ faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ’ a, na ɔkyerɛ dɛn?”

Nsu A Ɛma Nkwa

Afahyɛ no da a edi akyi a ɛyɛ da titiriw no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasaa dennen se, “Obiara a osukɔm de no no mmra me nkyɛn mmɛnom nsu. Na Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Obiara a ogye me di no, nsu a ɛma nkwa bɛsen afi ne mu.’ ” Yesu kaa saa asɛm yi faa Honhom Kronkron a wɔn a wogyee no dii no nsa bɛka no ho. Saa bere no na onya mfaa Honhom Kronkron no mmaa wɔn ɛ, efisɛ na wonnya mmaa no so nkɔɔ ɔsoro nhyɛɛ no anuonyam ɛ.

Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, ebinom kae se, “Ampa ara onipa yi ne odiyifo no!”

Afoforo nso kae se, “Ɔno ne Kristo no!”

Ebinom nso bisae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo no befi Galilea? Kyerɛwsɛm no anka se saa Kristo no befi Dawid abusua mu na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kurow a Dawid tenaa mu no mu ana?” Yesu nti nnipa no mu kyekyɛe. Ebinom pɛɛ sɛ wɔkyere no nanso obiara amfa ne nsa anka no.

Read More of Yohane 7