Yohane 6:1-24 AKCB

Yohane 6:1-24

Yesu Ma Nnipa Mpem Anum Aduan

Eyi akyi no, Yesu kɔɔ tɔnn kotwaa Galilea Po, a ɛyɛ Tiberia Po no. Esiane sɛ nkurɔfo huu sɛ Yesu nam anwonwakwan so asa nnipa pii yare no nti, wodii nʼakyi. Yesu ne nʼasuafo no kɔɔ bepɔw bi so kɔtenaa hɔ kakra. Saa bere no na Twam Afahyɛ no abɛn.

Bere a Yesu twaa nʼani, huu sɛ nnipakuw no reba ne nkyɛn no, obisaa Filipo se, “Ɛhe na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi?” Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛe, efisɛ na onim nea ɔbɛyɛ.

Filipo buae se, “Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ sɛ yenya asram awotwe akatua.”

Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kae se, “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ brodo anum ne kyenam abien; na eyi betumi aso nnipa dodow yi di?”

Yesu hyɛɛ nʼasuafo no se, “Momma obiara ntena ase.” Asuafo no ma wɔtenatenaa sare no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodow bɛyɛ mpem anum. Yesu faa brodo no bɔɔ mpae na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa kwan koro no ara so kyɛɛ kyenam no nso maa wɔn.

Wodidi mee akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mommoaboa aduan a aka no ano na bi ansɛe.” Wɔboaboaa aduan a ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.

Nnipa no huu nsɛnkyerɛnne a Yesu ayɛ no, wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifo a yɛrehwɛ no kwan no.” Yesu huu sɛ nnipa no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyere no asi no hene no, ɔtwee ne ho fii wɔn mu kɔɔ bepɔw no so bio.

Yesu Nantew Po So

Onwini dwoe no, Yesu asuafo no kɔɔ Galilea mpoano. Wɔtwɛn kosii sɛ ade sae na ɔmma no, wɔkɔtenaa ɔkorow mu se wɔrekɔ Kapernaum. Saa bere no na ahum retu wɔ po so ama po no ani afono. Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansin abiɛsa anaa anan no, wohuu sɛ obi nam po no so reba; eyi maa ehu kaa wɔn kosii sɛ, Yesu kae se, “Ɛyɛ me, Munnsuro!” Asuafo no pɛɛ sɛ anka wɔde no tena ɔkorow no mu, nanso ntɛm ara ɔkorow no koduu Kapernaum.

Ade kyee no, nnipa a na wɔwɔ Galilea po no agya no huu sɛ ɔkorow baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, nanso asuafo no tenaa mu kɔe a na Yesu nka wɔn ho. Ankyɛ koraa na akorow afoforo bi fi Tiberia baa faako a Awurade maa nnipakuw no aduan dii no. Bere a nnipa no huu sɛ Yesu ne nʼasuafo no nni hɔ no, wɔtenatenaa akorow no mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum akɔhwehwɛ no.

Read More of Yohane 6