Yohane 5:16-30 AKCB

Yohane 5:16-30

Tumi A Ɔba No Wɔ

Yudafo mpanyin yi fii ase tan Yesu ani, efisɛ wabu wɔn homeda mmara no so. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mʼagya yɛ adwuma bere biara enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma bere biara.” Saa asɛm a Yesu kaa yi maa Yudafo mpanyin no bo fuwii, na wɔyɛɛ wɔn adwene se wobekum no, efisɛ na ɛnyɛ homeda mmara no nko na obu so na na ɔsan frɛ ne ho se Onyankopɔn Ba de kyerɛ sɛ, ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɔba no ntumi mfi ne pɛ mu nyɛ biribi, na mmom ɔyɛ nea ohu sɛ nʼAgya yɛ no bi. Efisɛ Agya no dɔ Ɔba no na biribiara a Agya no yɛ no ɔma Ɔba no hu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛse a ɛsen saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiriw mo. Na sɛnea Agya no nyan awufo no, saa ara nso na Ɔba no nyan awufo a ɔpɛ sɛ onyan wɔn no. Afei koraa mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmu tumi no ahyɛ Ɔba no nsa sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bedi Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Obiara a onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no nso ni.

“Mereka nokware akyerɛ mo se: Obiara a otie me nsɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ nkwa a enni awiei. Wɔremmu no atɛn, efisɛ wafi owu mu aba nkwa mu. Mereka nokware bio sɛ, bere bi reba, na mpo saa bere no anya aba a awufo bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no benya nkwa. Sɛnea Agya no yɛ nkwamafo no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafo. Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, efisɛ ɔno ne Onipa Ba no.

“Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ bere bi reba a awufo a wɔwɔ wɔn nna mu mpo bɛte me nne, na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no benyan atena nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn fɔ. Merentumi mfi mʼankasa me tumi mu nyɛ biribiara; asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ me no so na migyina bu atɛn. Ɛno nti atɛn a mibu no yɛ nokware.

Read More of Yohane 5