Yohane 3:22-36 AKCB

Yohane 3:22-36

Yohane Di Yesu Ho Adanse Bio

Eyi akyi no Yesu ne nʼasuafo no fii Yerusalem kɔɔ Yudea akuraa bi ase kɔtenaa hɔ kakra bɔɔ asu wɔ hɔ. Saa bere no ara na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, efisɛ na nsuwansuwa wɔ hɔ. Nnipa pii baa ne nkyɛn ma ɔbɔɔ wɔn asu. Saa bere no na wɔmfaa Yohane ntoo afiase ɛ. Da bi, Yohane akyidifo bi ne Yudani bi gyee akyinnye faa ahodwira ho. Enti asuafo no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa nohɔ no a wudii ne ho adanse no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.”

Yohane buae se, “Obi rentumi nni dwuma a ɛte saa gye sɛ Onyame ka ne ho. Mo ara mudi me adanse sɛ meka kyerɛɛ mo se, ‘Ɛnyɛ me ne Kristo no na mmom wɔasoma me adi nʼanim kan.’ Adamfo a ɔboa ayeforokunu no wɛn nʼaso twɛn no na sɛ ɔte ne nne a, nʼani gye. Ɛno nti na mʼanigye wie pɛyɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse na me nso meyɛ ɔketewa.

“Nea ofi ɔsoro aba no yɛ ɔkɛse sen obiara; Nea ofi asase so no yɛ wiaseni na ɔkasa sɛ wiaseni. Ɔsoroni no ka nea wahu ne nea wate, nanso obiara nnye no nni. Wɔn a wogye no di no di adanse sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo. Nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm, efisɛ Onyankopɔn de ne Honhom ahyɛ no ma. Agya no dɔ ne Ba no nti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa. Nea ogye Ɔba no di no benya nkwa a ɛnsa da, na nea onnye no nni no rennya nkwa a ɛnsa da, na mmom Onyankopɔn asotwe da no so.”

Read More of Yohane 3