Yohane 11:45-57, Yohane 12:1-11 AKCB

Yohane 11:45-57

Yudafo Bɔ Yesu Ho Pɔw

Yudafo a wɔbɛsraa Maria na wohuu nea Yesu yɛe no mu bebree gyee no dii. Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifo no hɔ kɔkaa nea esii no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

Enti Farisifo no ne asɔfo mpanyin no hyiaa baguafo no kae se, “Dɛn na yɛreyɛ? Monhwɛ anwonwade a saa onipa yi reyɛ! Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ nea ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa begye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a Roma aban bebisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.”

Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ ɔsɔfopanyin no kae se, “Mo de munnim hwee! Munnim sɛ eye ma mo sɛ onipa baako bewu ama nnipa no nyinaa sen sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?”

Emfi ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ esiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanyin saa bere no nti na ɔhyɛɛ nkɔm se, “Yesu bewu de agye mo nkwa,” na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom ɛnam eyi so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa na wɔayɛ ɔman baako. Efi saa bere no, Yudafo mpanyin no faa adwene sɛ wobekum Yesu.

Eyi nti Yesu anyi ne ho adi wɔ Yudea, na ofii hɔ kɔɔ sare so kurow bi a wɔfrɛ no Efraim ne nʼasuafo no kɔtenaa hɔ.

Na Yudafo Twam Afahyɛ no rebɛn nti nnipa pii fii wɔn nkuraa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekodwira wɔn ho de atwɛn afahyɛ no. Na wɔrehwehwɛ Yesu ahu no. Ɛno nti woduu asɔredan mu hɔ no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Mugye di sɛ Yesu bɛba afahyɛ yi bi ana?” Ebinom kae se, “Yennye nni.” Saa bere yi na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim faako a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkyere no.

Read More of Yohane 11

Yohane 12:1-11

Wɔsra Yesu Ngo Wɔ Betania

Aka nnansia na Twam Afahyɛ no adu no, Yesu kɔɔ Betania, kurow a na Lasaro a Yesu nyan no fii awufo mu no te mu no mu. Wɔtoo Yesu pon. Marta na ɔsomee wɔ saa aponto yi ase. Lasaro tenaa Yesu nkyɛn pɛɛ wɔ ɔpon no ho. Wɔredidi no, Maria faa ngohuam bi a ne bo yɛ den behwie guu Yesu nan ase de ne tinwi pepae. Ngo no hua gyee fie hɔ nyinaa.

Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo no mu baako a akyiri no obeyi Yesu ama no ani annye nea ɔbea yi yɛe no ho, enti ɔkae se, “Adɛn nti na woantɔn saa ngohuam yi na yɛamfa sika no amma ahiafo?” Ɛnyɛ sɛ na odwen ahiafo ho nti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfo, na esiane sɛ na ɔhwɛ asuafo no sika so nti, na owiawia bi.

Yesu kae se, “Munnyaa ɔbea yi haw! Nea ɔbea yi ayɛ yi, ɔde asiesie me ama me wu. Mo ne ahiafo na ɛwɔ hɔ bere biara, na me de, me ne mo rentena hɔ daa.”

Bere a Yudafo no tee sɛ Yesu wɔ Betania no, wɔn mu pii kɔɔ hɔ. Ɛnyɛ Yesu nko nti na wɔkɔɔ hɔ, na mmom, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ Lasaro a Yesu nyan no fii awufo mu no nso. Afei, asɔfo mpanyin no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Lasaro nso, efisɛ esiane Lasaro wusɔre no nti, na nnipa bebree retwe wɔn ho afi Yudafo mpanyin no ho abedi Yesu akyi.

Read More of Yohane 12