Hiob 38:1-41, Hiob 39:1-30, Hiob 40:1-2 AKCB

Hiob 38:1-41

Awurade Bisa Hiob Nsɛm

Afei, Awurade fi ahum mu buaa Hiob se,

“Hena ne nea ɔde nsɛm a nimdeɛ nni mu

kata me nhyehyɛe so?

Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima;

mebisa wo nsɛm,

na wubebua me.

“Bere a metoo asase fapem no, na wowɔ he?

Sɛ wote ase, ka ɛ.

Hena na osusuw ne tenten ne ne trɛw? Ampa ara wunim!

Hena na ɔtwee susuhama faa ani?

Dɛn so na egyina,

anaa hena na ɔtoo ne tweatibo no,

bere a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom,

na abɔfo nyinaa de anigye teɛɛ mu no?

“Hena na ɔkaa po hyɛɛ apon akyi,

bere a epue fii ɔyafunu mu,

bere a mede omununkum yɛɛ nʼadurade

na mede sum kabii kyekyeree no,

bere a metoo ɔhye maa no

na misisii nʼapon ne nʼadaban,

bere a mekae se, ‘Ɛha ara na wubedu na worentra ha;

ɛha na wʼahantan asorɔkye no bɛso no?’

“So woahyɛ mmara ama adekyee da?

Na woakyerɛ ahemadakye nso afa,

sɛ ɛnkɔka asase ano

na ontu amumɔyɛfo mfi so?

Asase fa ne bɔbea sɛ dɔte a ɛhyɛ nsɔwano ase;

na ɛsow tebea da wɔn ho adi te sɛ atade.

Wɔde amumɔyɛfo hann akame wɔn,

na wɔn abasa a wɔama so no mu abu.

“So woapɛɛpɛɛ mu ahu nea po aniwa wɔ

anaa woanantew ne bun mu pɛn?

So wɔde owu apon akyerɛ wo?

Woahu owu sunsuma apon ana?

Woate wiase a ɛda hɔ tamaa no ase ana?

Sɛ wunim eyinom nyinaa a, ka kyerɛ me.

“Ɔkwan bɛn na ɛkɔ hann atenae?

Na ɛhe na sum te?

Wubetumi de wɔn akɔ wɔn sibea?

Wunim akwan a ɛkɔ wɔn atenae?

Ampa ara wunim, efisɛ na wɔawo wo dedaw.

Woanyin yiye!

“Woakɔ sukyerɛmma adekoradan mu da

anaa woahu mparuwbo adekoradan

a makora so ama ahohia bere,

ɔsa ne akodi nna?

Ɔkwan bɛn na ɛkɔ faako a anyinam fi ba,

anaa faako a apuei mframa fi na ɛbɔ fa asase so?

Hena na otwaa ɛka maa osuhweam,

ne ɔkwan maa aprannaa mmubomu,

sɛ ɛbɛtɔ agu asase a obiara nte so so,

nweatam a obiara nni so,

na ama asase kesee a ɛda mpan afɔw

na sare afifi wɔ so?

Osu wɔ agya ana?

Hena na ɔyɛ agya ma obosu a ɛsosɔ?

Hena yafunu mu na sukyerɛmma fi?

Hena na ɔwoo sukyerɛmma mporoporowa fi soro

bere a nsu kyen dan sɛ ɔbo,

na bun ani kyen?

“Wubetumi de hama akyekyere Akokɔbeatan ne ne mma?

Wubetumi asan Nyankrɛnte hama ana?

Wubetumi de anɔpa nsoromma aba wɔ ne bere mu

anaasɛ wubetumi ayi sisi ne ne mma afi hɔ?

So wunim mmara a ɛfa ɔsoro ho?

Wubetumi de Onyankopɔn ahenni aba asase so ana?

“Wubetumi ama wo nne adu omununkum so

na wode nsu akata wo ho ana?

Wutumi ma anyinam twa?

Wɔka kyerɛ wo se, ‘Yenni’ ana?

Hena na ɔde nyansa ma koma

anaasɛ ɔde ntease hyɛ adwene mu?

Hena na ɔwɔ nyansa a wɔde kan omununkum?

Hena na obetumi akyea ɔsoro nsu nkotoku,

bere a mfutuma ayɛ den

ama dɔte atɔwatɔw keka bɔ mu.

“Wokɔ ahayɛ ma gyatabere

ma gyata didi mee

bere a wobutubutuw wɔn abon ano

anaasɛ wɔtetɛw adɔtɔ ase?

Hena na ɔma kwaakwaadabi aduan

bere a ne mma su frɛ Onyankopɔn

na wonni aduan nti wokyinkyin?

Read More of Hiob 38

Hiob 39:1-30

“So wunim bere a bepɔw so mmirekyi wowo?

Woahwɛ, ahu bere a ɔforote nyinsɛn ne ba?

So woakan asram dodow a wɔde nyinsɛn?

Wunim bere a wɔwo ana?

Wɔkotow wowo wɔn mma;

wɔn awoko yaw to twa.

Wɔn mma nyin ahoɔden so wɔ wuram;

na wogyaw wɔn awofo hɔ a wɔnnsan nkɔ wɔn nkyɛn bio.

“Hena na ɔma wuram afurum fa ne ho di?

Hena na ɔsan ne hama?

Mede asase kesee maa no sɛ ne fi,

ne nkyene asase tamaa sɛ nʼatenae.

Ɔserew kurom gyegyeegyeyɛ;

na ɔnte ɔkafo nteɛteɛmu.

Okyinkyin mmepɔw no so sɛ ne didibea

ɛhɔ na okyin hwehwɛ wura amono biara.

“Ɛko bɛpene sɛ ɔbɛsom wo ana?

Ɔbɛtena wo mmoa adididaka nkyɛn anadwo ana?

Wubetumi asa no wɔ funtumfiri so ana?

Ɔbɛfɛntɛm aku a ɛda wʼakyi no ana?

Wubetumi de wo ho ato no so esiane nʼahoɔden dodo nti?

Wubegyaw wʼadwuma a ɛyɛ den no ama no ana?

Wugye di sɛ ɔde wʼaburow bɛba

na waboa ano de akɔ awiporowbea ana?

“Sohori bɔ ne ntaban mu anigye so,

nanso wontumi mfa ntoto asukɔnkɔn de ho.

Ɔtow ne nkesua gu asase so

ma mfutuma ka no hyew,

ɛmfa ne ho sɛ ɛnan bi bɛpɛtɛw no,

sɛ wuram aboa bi betiatia so.

Ɔbɔ ne mma atirimɔden sɛnea wɔnyɛ ne dea;

ɛmfa ne ho sɛ nʼadwuma bɛyɛ ɔkwa,

efisɛ Onyankopɔn amma no nyansa

wamma no nhumu biara.

Nanso sɛ ɔtrɛw ne ntaban mu tu mmirika a,

ɔserew ɔpɔnkɔ ne ne sotefo.

“Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔden

anaa woma ne kɔn mu nwi kuhaa no?

Wo na woma no huruw te sɛ mmoadabi,

na ɔde ne nkotɔ hunahuna ana?

Ɔde ne nan tintim fam dennen, na nʼani gye nʼahoɔden mu,

na afei ɔbɔ wura ɔko mu.

Ɔmmɔ hu, na onsuro biribiara;

ohu afoa a onguan.

Bɛmma wosow wɔ ne nkyɛn mu boha mu,

na peaw ne pɛmɛ nso di ahim wɔ ne ho.

Ofi ahopere mu de nʼano sisi fam;

na sɛ wɔhyɛn torobɛnto a ontumi nnyina faako.

Sɛ torobɛnto hyɛn a ɔka se, ‘Wiɛ!’

ɔte ɔko ho hua fi akyirikyiri,

ɔsahene no nteɛmu ne ɔko mu osebɔ.

“Wo nyansa na ɛma akoroma tu

na ɔtrɛw ne ntaban mu fa anafo?

Wo na wohyɛ ɔkɔre ma no tu kɔ sorosoro

kɔyɛ ne berebuw wɔ hɔ?

Ɔbotan mu na ɔte na ɛhɔ na ɔda;

ɔbotan sorɔnsorɔn yɛ nʼabandennen.

Ɛhɔ na ofi kɔhwehwɛ nʼaduan;

nʼani hu ade a ɛwɔ akyirikyiri.

Mogya yɛ ne mma aduan,

na faako a atɔfo wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.”

Read More of Hiob 39

Hiob 40:1-2

Afei Awurade buaa Hiob se,

“Nea ɔne Otumfo no wɔ asɛm no bɛteɛ ne so ana?

Ma nea ɔbɔ Onyankopɔn kwaadu no mmua no ɛ!”

Read More of Hiob 40