Hiob 22:1-30, Hiob 23:1-17, Hiob 24:1-25 AKCB

Hiob 22:1-30

Elifas Mmuae A Ɛto So Abien

Na Temanni Elifas buae se,

“Onyankopɔn benya onipa so mfaso ana?

Mpo onyansafo so bɛba no mfaso ana?

Sɛ woyɛ ɔtreneeni a, anigye bɛn na Otumfo no benya?

Sɛ wʼakwan ho nni asɛm a, mfaso bɛn na obenya?

“Wo kronkronyɛ nti na ɔka wʼanim

na ɔbɔ wo kwaadu ana?

Ɛnyɛ wʼamumɔyɛ na ɛso?

Ɛnyɛ wo bɔne na ɛdɔɔso dodo?

Wopɛɛ bammɔ fii wo nuanom nkyɛn a emfi hwee so;

wopaa nnipa ho ntama ma wɔdaa adagyaw.

Woamma abrɛfo nsu annom

na wode aduan kamee nea ɔkɔm de no,

nanso na woyɛ obi a ɔwɔ tumi, wɔ nsase,

onuonyamfo a ɔte so.

Wopam akunafo ma wɔkɔɔ nsapan

na womaa ayisaa nso ahoɔden sae.

Ɛno nti na mfiri atwa wo ho ahyia,

na amanehunu a ɛba ntɛm so bɔ wo hu yi,

ɛno nti na sum kabii aduru a wunhu ade,

na asorɔkye akata wo so yi.

“So Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri ana?

Hwɛ sɛnea ɔsoro akyirikyiri nsoromma korɔn!

Nanso woka se, ‘Dɛn na Onyankopɔn nim?

Sum yi mu na obu atɛn ana?

Omununkum kabii akata nʼanim nti onhu yɛn

bere a ɔnenam ɔsoro kontonkurowi mu.’

So wobɛkɔ so afa ɔkwan dedaw a

abɔnefo anantew so no so ana?

Wɔpraa wɔn kɔe ansa na wɔn bere reso,

na nsuyiri hohoroo wɔn fapem.

Na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn se, ‘Gyaa yɛn!

Dɛn na Otumfo betumi ayɛ yɛn?’

Nanso ɛyɛ ɔno na ɔde nnepa hyɛɛ wɔn afi mu,

nti metwe me ho fi amumɔyɛfo afotu ho.

Atreneefo hu wɔn asehwe ma wɔn ani gye;

na wɔn a wɔn ho nni asɛm serew wɔn ka se,

‘Wɔasɛe yɛn atamfo,

na ogya ahyew wɔn agyapade.’

“Fa wo ho ma Onyankopɔn na nya asomdwoe wɔ ne mu;

saa ɔkwan yi so na yiyedi bɛfa ayɛ wo kyɛfa.

Tie akwankyerɛ a efi nʼanom,

na fa ne nsɛm sie wo koma mu.

Sɛ wosan kɔ Otumfo no nkyɛn a obegye wo ato mu bio:

sɛ wuyi amumɔyɛsɛm fi wo ntamadan mu

na wotow wo sika mpɔw gu mfutuma mu

ne Ofir sikakɔkɔɔ gu abotan a ɛwɔ abon mu no so a,

ɛno de Otumfo bɛyɛ wo sikakɔkɔɔ

ɔbɛyɛ dwetɛ ankasa ama wo.

Afei nokware wubenya anigye wɔ Otumfo mu

na wobɛpagyaw wʼani akyerɛ Onyankopɔn.

Wobɛbɔ no mpae, na obetie wo,

na wubedi wo bɔhyɛ so.

Nea woyɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ no bɛba mu,

na hann bɛtɔ wʼakwan so.

Sɛ nnipa hwe ase na woka se, ‘Ma wɔn so!’ a,

obegye wɔn a wɔahwe ase no nkwa.

Obegye abɔnefo mpo,

ɔnam wo nsa a ɛho nni fi so begye wɔn.”

Read More of Hiob 22

Hiob 23:1-17

Hiob Mmuae

Na Hiob buae se,

“Nnɛ mpo, mʼanwiinwii mu da so yɛ den;

ne nsa ayɛ den, mʼapinisi nyinaa akyi.

Sɛ minim baabi a mehu no;

anaasɛ metumi akɔ ne tenabea a

anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanim

na magye akyinnye bebree.

Anka mɛte mmuae a ɔde bɛma me,

na madwen nea ɔbɛka ho.

Ɔbɛsɔre atia me dennen ana?

Dabi, ɔremmɔ me kwaadu.

Ɛhɔ de, nnipa trenee betumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim,

na wobegye me afi me temmufo nsam afebɔɔ.

“Nanso sɛ mekɔ apuei fam a onni hɔ;

sɛ mekɔ atɔe fam nso a minhu no.

Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a minhu no;

sɛ ɔdan ne ho kɔ anafo fam a, mʼani nhye ne ho.

Nanso onim ɔkwan a menam so;

na sɛ ɔsɔ me hwɛ a mepue sɛ sikakɔkɔɔ.

Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ;

na manantew nʼakwan so a mamman.

Mentwee me ho mfii mmara nsɛm a efi nʼanom no ho,

mama asɛm a efi nʼanom ho ahia me asen me daa aduan.

“Nanso obiara nni hɔ ka ne ho, na hena na obetumi atia no?

Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.

Ɔde ne mmaransɛm di dwuma tia me;

ɔda so kora nhyehyɛe a ɛte sɛɛ bebree.

Ɛno nti na mebɔ hu wɔ nʼanim;

na sɛ midwen eyinom nyinaa ho a, misuro no.

Onyankopɔn ama me koma abotow;

Otumfo ama mabɔ huboa.

Nanso sum no mma menka mʼano nto mu,

sum kabii a ɛkata mʼanim no.

Read More of Hiob 23

Hiob 24:1-25

“Adɛn nti na Onyankopɔn nhyɛ bere mma atemmu?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wonim no no hwɛ saa da no anim nanso ɛmma da?

Nnipa yiyi abo a wɔde ato ɔhye;

na wɔde nguankuw a wɔawia kɔ hɔ adidi.

Wɔpam ayisaa mfurum

na wogye akunafo anantwi sɛ awowaside.

Wosum ahiafo fi kwan so

na wɔhyɛ asase no so ahiafo ma wɔkɔtetɛw.

Sɛnea sare so mfurum yɛ no

saa ara na ahiafo no yɛ wɔn adwuma de pɛ aduan;

asase kesee no so na wonya aduan ma wɔn mma.

Wɔboaboa mmoa aduan ano wɔ mfuw no so

na wodi mpɛpɛ wɔ amumɔyɛfo bobe nturo mu.

Wonni ntama, na wɔda adagyaw anadwo;

wonni hwee a wɔde kata wɔn ho wɔ awɔw mu.

Mmepɔw so osu tɔ fɔw wɔn kyam

na wɔtetare abotan no ho, efisɛ wonni nnae.

Wɔtew ayisaa fi nufu ano;

na wɔfa ohiani abotafowa de si ne ka anan mu.

Wɔnenam adagyaw a wonni ntama;

wɔsoa awi afiafi, nanso ɔkɔm de wɔn ara.

Wokyi ngo wɔn adan mu;

wotiatia nsakyiamoa mu, nanso osukɔm de wɔn.

Wɔn a wɔrewuwu no apinisi fi kuropɔn no mu,

na apirafo kra su pɛ mmoa.

Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so.

“Ebinom wɔ hɔ a wɔsɔre tia hann no,

wɔn a wonnim nʼakwan

anaasɛ wɔnnantew nʼatempɔn so no.

Sɛ adekyee hann no kɔ a, owudifo no sɔre

na okum ohiani ne mmɔborɔni;

anadwo, mu owiawia ne ho sɛ ɔkorɔmfo.

Ɔwaresɛefo twɛn bere a anim rebiribiri;

ɔka se, ‘obiara renhu me,’

na ɔde nʼanim hintaw.

Sum mu na nnipa bubu apon wura afi mu,

na adekyee, wɔtoto wɔn ho apon mu;

wɔne hann nni hwee yɛ.

Sum kabii yɛ adekyee ma wɔn nyinaa;

wɔne sum mu nneɛma a ɛyɛ hu fa nnamfo.

“Nanso wɔte sɛ ahuru a ɛte nsu ani;

wɔadome wɔn kyɛfa wɔ asase no so,

enti obiara nkɔ bobe nturo no mu.

Sɛnea ɔhyew ne ɔpɛ hwim sukyerɛmma a anan kɔ no,

saa ara na ɔda de wɔn a wɔayɛ bɔne kɔ ne no.

Awotwaa werɛ fi wɔn,

na osunson di wɔn nam;

nnipa bɔne de wɔnnkae wɔn bio

na mmom wobubu te sɛ dua.

Wɔde ɔbea bonin a onni ba yɛ hanam,

na wonhu akunafo mmɔbɔ.

Onyankopɔn nam ne tumi so twe atumfo kɔ;

ɛwɔ mu sɛ wonya asetena pa de, nanso wonni nkwa ho bɔhyɛ.

Otumi ma wɔn tena ase asomdwoe mu,

nanso nʼani wɔ wɔn akwan so.

Wɔma wɔn so bere tiaa bi, na afei wonni hɔ bio;

wɔbrɛ wɔn ase boaboa wɔn ano sɛ nnipa nyinaa;

wotwitwa wɔn gu te sɛ aburow ti.

“Sɛ eyi nte saa a, hena na obetumi agye me akyinnye

na ama nea maka no ayɛ nsɛnhunu?”

Read More of Hiob 24