Hiob 1:1-22, Hiob 2:1-13, Hiob 3:1-26 AKCB

Hiob 1:1-22

Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Us1.1 Us yɛ ɔman bi a na ɛda Yordan apuei fam. Na Hiob nyɛ Israelni. asase so a na ne din de Hiob. Na ne ho nni asɛm na ɔyɛ pɛ; na osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho. Na ɔwɔ mmabarima baason ne mmabea baasa, na ɔwɔ nguan mpem ason, yoma mpem abiɛsa, anantwi mpamho ahannum ne mfurumbere ahannum, na ɔwɔ asomfo bebree. Na ɔyɛ onipa kɛse pa ara wɔ nnipa a wɔwɔ Apuei fam nyinaa no mu.

Na ne mmabarima no to pon nnidiso nnidiso wɔ wɔn afi mu, na wɔto nsa frɛ wɔn nuabeanom baasa no ne wɔn bɔ mu didi, nom. Sɛ aponto nna no twa mu a, Hiob soma kɔfrɛ wɔn na wodwira wɔn ho. Ɔsɔre anɔpahema bɔ ɔhyew afɔre ma wɔn mu biara, efisɛ na osusuw sɛ, “Ebia na me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn koma mu.” Eyi yɛ dwuma a na Hiob di no bere ano bere ano.

Hiob Sɔhwɛ A Edi Kan

Da bi, abɔfo no de wɔn ho bɛkyerɛɛ Awurade, na Satan kaa wɔn ho bae. Awurade bisaa Satan se, “Wufi he na wobaa ha?”

Satan buaa Awurade se, “Mifi asase so akyinkyinakyinkyin ne emu akɔneabadi mu.”

Na Awurade bisaa Satan se, “Woadwene me somfo Hiob ho ana? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔteɛ, ɔyɛ onipa a osuro Onyankopɔn na okyi bɔne.”

Satan buaa Awurade se, “Hiob suro Onyankopɔn kwa ana? Wunnyee ban mfaa ɔno, ne fie ne biribiara a ɔwɔ ho ana? Woahyira ne nsa ano adwuma so, enti ne nguan ne nʼanantwi ase atrɛw asase no so. Na wo de, teɛ wo nsa na sɛe nea ɔwɔ nyinaa, na obegyina wʼanim na wadome wo.”

Awurade ka kyerɛɛ Satan se, “Eye, nea ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, nanso ɔno ankasa de, mfa wo nsateaa nka no.”

Na Satan fii Awurade anim kɔe.

Da bi a Hiob mmabarima ne ne mmabea redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panyin fi no, ɔbɔfo bi baa Hiob hɔ bɛkae se, “Anantwi no refuntum na mfurum no redidi wɔ wɔn nkyɛn no, Sabiafo1.15 Na Sabiafo yɛ atubrafo a na wɔte Arabia anafo fam. bɛtow hyɛɛ yɛn so, sesaw wɔn kɔe. Wɔde afoa kunkum apaafo no, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo saa amanneɛ yi.”

Bere a ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi ba bɛkae se, “Onyankopɔn gya fi soro abɛhyew wo nguan ne wo nguanhwɛfo no nyinaa, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.”

Ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi bɛkae se, “Kaldeafo1.17 Na Kaldeafo yɛ atubrafo a wɔte sare a ɛwɔ Mesopotamia so. Wɔn ara na wɔbɛtenaa Babilonia yɛɛ no ahemman. de akorɔmfo akuw abiɛsa baa wo yoma so bɛsoaa wɔn kɔe. Wɔde afoa kunkum asomfo no na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.”

Bere a ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi ba bɛkae se, “Na wo mmabarima ne wo mmabea redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panyin fi, na prɛko pɛ, ahum bi bɔ fii sare no so bedwiraa ofi no ntwea anan no. Ofi no dwiriw guu wɔn so na akunkum wɔn, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.”

Eyi maa Hiob sɔre gyinaa hɔ, sunsuan nʼatade mu na oyii ne tinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree Awurade kae se,

“Adagyaw na mede fi me na yam bae,

na adagyaw na mede bɛsan akɔ.

Awurade de mae, na Awurade afa;

nhyira nka Awurade din!”

Eyi nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn sobo.

Read More of Hiob 1

Hiob 2:1-13

Hiob Sɔhwɛ A Ɛto So Abien

Da foforo bi, abɔfo no baa Awurade anim bio na Satan nso kaa wɔn ho bae. Awurade bisaa Satan se, “Wufi he na wobaa ha?”

Satan buaa Awurade se, “Mifi asase so akyinkyinakyinkyin ne emu akɔneabadi mu.”

Na Awurade bisaa Satan se, “Woadwene mʼakoa Hiob ho ana? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔteɛ. Ɔyɛ onipa a osuro Onyankopɔn na okyi bɔne. Ɛwɔ mu sɛ wohyɛɛ me sɛ mensɛe no a minni nnyinaso biara de, nanso ɔda so gyina ne pɛpɛyɛ no mu.”

Satan buaa Awurade sɛ, “Were pere were. Onipa de nea ɔwɔ nyinaa bɛma de apere ne nkwa. Sɛ ebetumi a teɛ wo nsa fa ka ne honam ne ne nnompe, na ɔbɛdome wo wɔ wʼanim!”

Awurade ka kyerɛɛ Satan se, “Eye, ɔwɔ wo nsam na ne nkwa de gyaa mu ma no.”

Enti Satan fii Awurade anim, na ɔmaa akuru a ɛyɛ yaw totɔɔ Hiob ho fi ne nʼanan ase kosii nʼapampam. Afei, na kyɛmfɛre na Hiob de twiw ne ho, bere a ɔte nsõ mu.

Ne yere bisaa no se, “Woda so kura wo pɛpɛyɛ no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!”

Na Hiob buaa no sɛ, “Wokasa sɛ ɔbea a ɔyɛ ɔkwasea. Ade pa de yɛagye afi Onyankopɔn nsam na ade bɔne na yɛmpo ana?”

Eyi nyinaa mu no, Hiob anka asɛm bɔne.

Hiob Nnamfo Baasa No

Bere a Hiob nnamfo baasa bi a wɔne Temanni Elifas,2.11 Na Elifas yɛ Edomni a ofi Teman. Suhini Bildad ne Naamani Sofar tee amanehunu a aba Hiob so no, wofii wɔn afi mu, hyia yɛɛ adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔhwɛ no na wɔakyekye ne werɛ. Wohuu Hiob fii akyiri no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno; wɔhyɛɛ ase twaa agyaadwo, sunsuan wɔn ntade mu, tuu mfutuma guu wɔn ti so. Na wɔne no tenaa fam nnanson, awia ne anadwo. Na obiara ankasa, efisɛ wohuu sɛ nʼamanehunu no nyɛ adewa.

Read More of Hiob 2

Hiob 3:1-26

Hiob Kasa

Akyiri no Hiob kasae, na ɔdomee da a wɔwoo no. Ɔkae se,

“Ma da a wɔwoo me no nyera,

ne anadwo a wɔkae se, ‘Wɔawo ɔbabarima no!’

Saa da no nnuru sum;

mma Ɔsoro Nyankopɔn nhwehwɛ akyi kwan;

mma hann biara ntɔ ngu so.

Ma sum ne owusum nnye no mfa;

ma omununkum nkata so;

na sum mmunkam ne hann so.

Ma sum kabii nnye saa anadwo no mfa;

ma wonyi saa anadwo no mfi asranna so

na wɔmmfa nhyɛ ɔsram biara mu.

Saa anadwo no nyɛ obonin;

mma wɔnnte anigye nteɛmu wɔ mu.

Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa da no;

wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkanyan dɛnkyɛmmirampɔn no.

Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum;

na ɔntwɛn adekyee kwa

a onhu anɔpawia nsensanee a edi kan no,

efisɛ anto nea ɔwoo me no awotwaa mu ama wawo me

na anka mʼani renhu saa abɛbrɛsɛ yi.

“Adɛn nti na manwu awoe hɔ,

bere a mifi me na awotwaa mu no?

Adɛn nti na nkotodwe gyee me

ne nufu sɛ minnum?

Anka sesɛɛ meda hɔ asomdwoe mu;

anka mada regye mʼahome

me ne wiase ahemfo ne fotufo,

wɔn a wosisii adan maa wɔn ho na nnɛ yi abubu no,

me ne ahenemma a na wɔwɔ sika kɔkɔɔ,

wɔn a wɔde dwetɛ hyɛɛ wɔn afi mu ma.

Anaasɛ adɛn nti na wɔansie me sɛ ɔpɔnba,

te sɛ akokoaa a wanhu adekyee hann da?

Ɛhɔ na amumɔyɛfo gyae basabasayɛ,

na abrɛfo nya ahomegye.

Nneduafo nso nya wɔn ahofadi;

na wɔnte nnommumfo wuranom ateɛteɛ bio.

Nketewa ne akɛse wɔ hɔ,

na akoa de ne ho fi ne wura nsam.

“Adɛn nti na wɔma mmɔborɔfo hann,

na ɔkra mu ahohiahiafo nya nkwa,

wɔn a wɔn kɔn dɔ owu nanso ɛmma,

wɔn a wɔbrɛ hwehwɛ owu sen sɛnea wɔhwehwɛ nnwetɛbona,

wɔn a anigye ahyɛ wɔn ma

na wodu ɔda mu a wodi ahurusi.

Adɛn nti na wɔde nkwa ma onipa a

ne kwan ahintaw,

nea Onyankopɔn aka no ahyɛ mu?

Ahomekokogu adan mʼaduan;

na mʼapinisi gu te sɛ nsu.

Nea na misuro no aba me so;

nea na ɛbɔ me hu no ato me.

Minni ahotɔ, minni asomdwoe;

minni ahomegye na mmom, ɔhaw nko ara.”

Read More of Hiob 3