Yeremia 9:17-26, Yeremia 10:1-25, Yeremia 11:1-17 AKCB

Yeremia 9:17-26

Sɛnea Awurade tumfo se ni:

“Dwene ho! Frɛ mmea agyaadwotwafo no,

frɛ wɔn a wɔakwadaw mu pa ara.

Ma wɔmmra ntɛm

mmesu ngu yɛn so

kosi sɛ yɛn ani so bɛtaa nusu

na nusu aguare yɛn.

Wɔte agyaadwotwa nnyigyei fi Sion se,

‘Wɔasɛe yɛn!

Yɛn anim agu ase yiye!

Ɛsɛ sɛ yetu fi yɛn asase so

efisɛ yɛn afi abubu.’ ”

Afei, mo mmea, muntie Awurade asɛm;

monyɛ aso mma nsɛm a efi nʼanom.

Monkyerɛ mo mmabea sɛnea wotwa dwo;

monkyerɛ mo ho mo ho abubuwbɔ.

Owu aforo afa yɛn mfɛnsere mu

ahyɛn yɛn aban mu;

apam mmofra afi mmɔnten so

ne mmerante afi ɔman aguabɔbea.

Ka se, “Sɛɛ Na Awurade se,

“ ‘Nnipa afunu bɛdeda hɔ

te sɛ sumina a egugu petee mu,

te sɛ aburow a nnɔbaetwafo atwa agu nʼakyi

a obiara mmoaboaa ano.’ ”

Eyi ne nea Awurade se:

“Mma onyansafo mfa ne nyansa nhyehyɛ ne ho

anaa ɔhoɔdenfo mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne ho

anaa ɔdefo mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho.

Mmom ma nea ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ

ɔwɔ nhumu, na onim sɛ,

me ne Awurade a ɔyɛ adɔe,

na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee wɔ asase so,

efisɛ eyinom na ɛsɔ mʼani,”

sɛnea Awurade se ni.

“Nna no reba,” Awurade na ose, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso: Misraimfo, Yudafo, Edomfo, Amonfo, Moabfo ne wɔn a wɔtete nweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokware, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofo na mpo Israelfi nyinaa yɛ koma mu momonotofo.”

Read More of Yeremia 9

Yeremia 10:1-25

Onyankopɔn Ne Ahoni

Muntie nea Awurade ka kyerɛ mo, Israelfi. Sɛɛ na Awurade se:

“Munnsua amanaman no akwan

anaa momma wim nsɛnkyerɛnne mmɔ mo hu,

ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ amanaman no hu.

Na nkurɔfo no amanne nka hwee;

wotwa dua fi kwae mu,

na odwumfo de ne fitii asen.

Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ hyehyɛ no;

wɔde nnadewa ne asae bobɔ si hɔ

sɛnea ɛrenhwe fam.

Ɛte sɛ kaakaabotoni a esi ɛfere mfikyifuw mu,

wɔn ahoni no ntumi nkasa;

ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn

efisɛ wontumi nnantew.

Munnsuro wɔn;

wɔrentumi nhaw mo

na wɔrentumi nyɛ ade pa biara nso.”

Obiara nte sɛ wo, Awurade;

woyɛ ɔkɛse

na wo din so wɔ tumi mu.

Hena na ɛnsɛ sɛ odi wo ni,

Amansanhene?

Eyi na ɛfata wo.

Amanaman no so anyansafo nyinaa mu

ne wɔn ahenni nyinaa mu,

obiara ne wo nsɛ.

Wɔn nyinaa yɛ adwenharefo ne nkwaseafo;

dua ahoni a so nni mfaso na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ.

Wɔde dwetɛ a wɔaboro fi Tarsis ba,

ne sikakɔkɔɔ nso fi Ufas ba.

Ɛyɛ nea odwumfo ne sika dwumfo ayɛ

a wɔde ntama bibiri ne beredum afura no,

ne nyinaa yɛ adwumfo anyansafo nsa ano nnwuma.

Nanso Awurade ne nokware Onyankopɔn no;

ɔno ne Onyankopɔn teasefo, daapem Hene no.

Sɛ ne bo fuw a asase wosow;

na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuwhyew ano.

“Ka eyi kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afi asase so ne ɔsorosoro ase.’ ”10.11 Saa nkyerɛase yi fi Arameike kasa mu.

Nanso Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase;

ɔtoo wiase fapem wɔ ne nyansa mu,

na ɔde ne nhumu trɛw ɔsorosoro mu.

Sɛ ɔpaapae aprannaa a ɔsorosoro nsu bobɔ mu;

ɔma omununkum ma ne ho so fi nsase ano.

Ɔde anyinam ka osu ho ba,

na ogyaa mframa mu fi nʼadekoradan mu.

Onipa biara nnim nyansa, na onni nimdeɛ;

sikadwumfo biara anim gu ase, esiane nʼahoni nti.

Ne nsɛsode yɛ atoro;

wonni ɔhome biara wɔ wɔn mu.

Wɔn so nni mfaso, wɔn ho yɛ serew;

sɛ wɔn atemmu du so a, wɔbɛyera.

Nea ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ eyinom,

efisɛ ɔno ne ade nyinaa Yɛfo

a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapade nso ka ho,

Asafo Awurade ne ne din.

Ɔsɛe A Ɛreba

Mommoaboa mo ahode ano mfi asase no so,

mo a motete nkurow a wɔatua wɔn ano mu.

Na sɛɛ na Awurade se:

“Saa bere yi mɛtow wɔn a

wɔtete asase yi so agu;

mede amanehunu bɛba wɔn so

sɛnea wɔbɛfa wɔn nnommum.”

Me pira yi nti minnue,

mʼapirakuru yɛ akisikuru!

Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ,

“Eyi ne me yare, na ɛsɛ sɛ mimia mʼani.”

Wɔasɛe me ntamadan;

wɔatwitwa nʼahama nyinaa mu.

Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhu wɔn bio;

anka obiara a obesi me ntamadan

anaa obesiesie me suhyɛ.

Nguanhwɛfo no yɛ adwenharefo

wommisa Awurade akyi kwan;

ɛno nti wɔnkɔ so

na wɔn nguankuw no abɔ ahwete.

Muntie! Amanneɛ no reba,

basabasayɛ kɛse a efi atifi fam asase bi so!

Ɛbɛma Yuda nkurow ada mpan,

na ayɛ sakraman atu.

Yeremia Mpaebɔ

Awurade, minim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne de;

na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntu.

Teɛ me so, Awurade, wɔ trenee mu,

mfi wʼabufuw mu nyɛ;

anyɛ saa a wobɛdwerɛw me.

Hwie wʼabufuwhyew no gu amanaman

a wonnye wo nto mu no so,

nnipa a wɔmmɔ wo din no so.

Efisɛ, wɔasɛe Yakob

wɔasɛe no koraa

na wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so no.

Read More of Yeremia 10

Yeremia 11:1-17

Wɔabu Apam No So

Asɛm a efi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ni: “Tie apam yi mu nhyehyɛe na ka kyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem. Ka kyerɛ wɔn se, sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Nnome nka onipa a onni apam yi mu nhyehyɛe so, nea mehyɛ maa mo agyanom bere a miyii wɔn fii Misraim, fononoo a wɔnan dade wɔ mu no.’ Mekae se, ‘Monyɛ osetie mma me na monyɛ biribiara a mehyɛ mo, na mobɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ mo Nyankopɔn. Na afei mɛma ntam a mekaa mo agyanom se, mɛma wɔn asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no aba mu,’ asase a mote so nnɛ yi.”

Mibuae se, “Amen, Awurade.”

Awurade ka kyerɛɛ me se, “Bɔ saa asɛm yi ho dawuru wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so se: ‘Muntie apam yi ho nhyehyɛe na munni so. Efi bere a miyii mo agyanom fii Misraim besi nnɛ yi, mebɔɔ wɔn kɔkɔ bere biara se, “Monyɛ osetie mma me.” Nanso wɔantie na wɔamfa no asɛm; na mmom, wodii asoɔden a efi wɔn koma bɔne mu no akyi. Ɛno nti memaa nnome a efi apam a mahyɛ wɔn sɛ wonni so na wɔanni so no mu no baa wɔn so.’ ”

Na afei Awurade ka kyerɛɛ me se, “Atuatew apam bi wɔ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem no ntam. Wɔasan kɔ wɔn agyanom a wɔampɛ sɛ wotie mʼasɛm no bɔne ho. Wɔadi anyame foforo akyi akɔsom wɔn. Yerusalem fifo ne Yuda fifo abu apam a me ne wɔn agyanom yɛe no so. Ɛno nti nea Awurade se ni: ‘Mede amanehunu a wɔrentumi nguan mfi mu bɛba wɔn so. Ɛwɔ mu sɛ, wosu frɛ me de, nanso merennye wɔn so. Yuda nkurow ne Yerusalemfo bɛkɔ akosu afrɛ anyame a wɔhyew nnuhuam ma wɔn no, nanso sɛ amanehunu ba a wɔrentumi mmoa wɔn koraa. Wo Yuda, wowɔ anyame a wɔn dodow bɛyɛ sɛ wo nkurow; na afɔremuka a moasisi sɛ mobɛhyew nnuhuam wɔ so ama animguase nyame Baal no dɔɔso sɛ Yerusalem mmɔnten.’

“Mmɔ mpae mma saa nnipa yi, nni mma wɔn na nsrɛ mma wɔn, efisɛ, sɛ wosu frɛ me wɔ wɔn amanehunu mu a merennye wɔn so.

“Dɛn na me dɔfo reyɛ wɔ mʼasɔredan mu

bere a ɔne bebree hyehyɛ nsɛmmɔnedi ho?

Ahodwira nam betumi abɔ wo asotwe agu ana?

Sɛ woyɛ wʼamumɔyɛsɛm a

na wʼani agye.”

Awurade, frɛ wo ngodua a enyin frɔmfrɔm

a ɛsow aba a ɛyɛ fɛ.

Nanso ɔde ahum kɛse bi nteɛmu

bɛto mu gya,

na ne mman bebubu.

Asafo Awurade a oduaa wo no ahyɛ amanehunu ho nkɔm wɔ wo ho, efisɛ Israel fifo ne Yuda fifo ayɛ bɔne ahyɛ me abufuw sɛ wɔhyew nnuhuam ma Baal.

Read More of Yeremia 11