Yeremia 6:1-30, Yeremia 7:1-29 AKCB

Yeremia 6:1-30

Atamfo Atwa Yerusalem Ho Ahyia

“Benyaminfo, munguan nkɔbɔ mo ho aguaa!

Munguan mfi Yerusalem!

Monhyɛn torobɛnto no wɔ Tekoa!

Munsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem!

Efisɛ amanehunu bobɔw fi atifi fam,

ɔsɛe bi a ɛyɛ hu.

Mɛsɛe Ɔbabea Sion,

ɔhoɔfɛfo sɔɔnɔ no.

Nguanhwɛfo ne wɔn nguankuw bɛba abetia no;

wobesisi wɔn ntamadan atwa ne ho ahyia,

wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.”

“Munsiesie mo ho ne no nkɔko!

Monsɔre, momma yɛnkɔtow nhyɛ ne so owigyinae!

Nanso hwɛ, onwini redwo,

na anwummere sunsuma reware.

Enti monsɔre, momma yɛnkɔtow nhyɛ ne so anadwo

na yɛnsɛe nʼaban ahorow!”

Nea Asafo Awurade se ni:

“Muntwitwa nnua no ngu fam

na muntwa Yerusalem ho dantaban.

Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso;

nhyɛso ahyɛ no ma.

Sɛnea abura puw ne nsu no,

saa ara na opuw nʼamumɔyɛ.

Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛe nka wɔ ne mu;

ne yare ne nʼapirakuru wɔ mʼanim daa.

Fa kɔkɔbɔ, Yerusalem,

anyɛ saa metwe me ho afi wo ho

na mama wʼasase ada mpan

a obiara ntumi ntena so.”

Nea Asafo Awurade se ni:

“Ma wonyiyi Israel nkae no mu yiye

sɛnea woyiyi bobe mu yiye no;

fa wo nsa fa mman no so bio,

sɛ obi a ɔretetew bobe aba.”

Hena na metumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ?

Hena na obetie me?

Wɔn aso asisiw

enti wɔnte asɛm.

Awurade asɛm yɛ akyiwade ma wɔn,

na wɔn ani nnye ho.

Nanso Awurade abufuwhyew ahyɛ me ma,

na mintumi nkora so.

“Hwie gu mmofra a wɔwɔ mmɔnten so

ne mmerante a wɔahyia;

ɛbɛka okunu ne ɔyere,

mmasiriwa, wɔn a onyin ahunhuan wɔn no so.

Wɔbɛdan wɔn afi ama afoforo,

wɔn mfuw ne wɔn yerenom bɛka ho;

sɛ meteɛ me nsa

wɔ wɔn a wɔte asase no so a,”

sɛnea Awurade se ni.

“Efi akumaa so kosi ɔkɛse so,

wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya;

adiyifo ne asɔfo te saa,

wɔn nyinaa yɛ asisifo.

Wɔtoto me nkurɔfo apirakuru

te sɛnea ɛnyɛ hu.

Wɔka se, ‘Asomdwoe, asomdwoe’

wɔ mmere a asomdwoe nni hɔ.

Wɔn ani wu wɔ wɔn animguase nneyɛe no ho ana?

Dabi da, wɔn ani nnwu koraa;

wonnim fɛre mpo.

Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfo mu;

wɔbɛhwehwe ase, sɛ metwe wɔn aso a,”

sɛnea Awurade se ni.

Eyi ne nea Awurade se,

“Munnyina nkwantanan no so na monhwɛ;

mummisa tete akwan no,

mummisa faako a ɔkwan pa no da na monnantew so,

na mubenya home ama mo akra.

Nanso mokae se, ‘yɛnnantew so.’

Mede awɛmfo sisii mo so na mekae se,

‘Muntie torobɛnto nnyigyei no!’

Nanso mokae se, ‘Yɛrentie.’

Ɛno nti monyɛ aso, mo amanaman;

mo a moyɛ nnansefo, monhwɛ,

monhwɛ nea ɛbɛto wɔn.

Tie, wo asase:

Mede amanehunu reba saa nnipa yi so,

wɔn nneyɛe so aba,

efisɛ wɔantie me nsɛm

na wɔapo me mmara.

Nnuhuam a efi Seba

anaa ahwerew pa a efi akyirikyiri asase so fa me ho bɛn?

Minnye wo hyew afɔre no nto mu,

wʼafɔrebɔ ahorow no nsɔ mʼani.”

Ɛno nti, nea Awurade se ni:

“Mede akwanside begu saa nkurɔfo yi anim.

Agyanom ne mmabarima nyinaa behintiw wɔ so;

yɔnkonom ne nnamfonom bɛyera.”

Sɛnea Awurade se ni:

“Monhwɛ, nsraadɔm bi reba,

wofi atifi fam asase so;

wɔrehwanyan wɔn

afi nsase ano.

Wokurakura bɛmma ne mpeaw;

wɔn tirim yɛ den, na wonni ahummɔbɔ.

Wɔn nnyigyei te sɛ po asorɔkye.

Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,

wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko.

Wɔrebɛtow ahyɛ wo so, Ɔbabea Sion.”

Yɛate wɔn ho nsɛm,

na yɛn nsa sesa yɛn ho sɛ nea awuwu.

Awerɛhow akyekyere yɛn

yɛte yaw sɛ ɔbea a ɔreko awo.

Mfi adi nkɔ wuram

na nnantew akwan no so,

efisɛ ɔtamfo no wɔ afoa,

na baabiara ayɛ hu.

Me nkurɔfo, mumfura atweaatam

na mommunummunum wɔ nsõ mu,

momfa adwadwotwa yaayaw nni awerɛhow

sɛnea wosu ma ɔbabarima koro,

efisɛ ɔsɛefo no

bɛba yɛn so mpofirim.

“Mayɛ wo obi a ɔsɔ agude hwɛ

na me nkurɔfo dadeben,

a wobɛhwɛ

na woasɔ wɔn akwan ahwɛ.

Wɔn nyinaa yɛ atuatewfo a wɔyɛ den,

wɔnenam di nseku.

Wɔyɛ kɔbere ne dade;

wɔn nyinaa yɛ wɔn ade wɔ porɔwee kwan so.

Afa no bɔ mframa dennen

de ogya nan sumpii no,

nanso ɔnan no yɛ ɔkwa.

Entumi nyiyii bɔne no mfii wɔn mu ɛ.

Wɔfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo,

efisɛ Awurade apo wɔn.”

Read More of Yeremia 6

Yeremia 7:1-29

Atoro Nyamesom So Nni Mfaso

Eyi ne asɛm a efi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn: “Gyina Awurade asɔredan no pon ano, na ka saa asɛm yi:

“ ‘Muntie Awurade asɛm, mo nnipa a mowɔ Yuda nyinaa a mofa apon yi ano kɔsom Awurade. Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se: Monsakra mo akwan ne mo nneyɛe, na mɛma mo atena ha. Mommfa mo ho nto nnaadaasɛm so na monnka se, “Eyi ne Awurade asɔredan, Awurade asɔredan, Awurade asɔredan!” Sɛ mosakra mo akwan ne mo nneyɛe nokware mu, na mo ne mo ho mo ho di no trenee mu, sɛ moanhyɛ ɔhɔho, ayisaa anaa okunafo so, na moanhwie mogya a edi bem angu wɔ ha, na moanni anyame foforo akyi ankɔ mo ara ɔsɛe mu a, ɛno de, mɛma mo atena ha, asase a mede maa mo agyanom afebɔɔ no so. Nanso monhwɛ, mode mo ho ato nnaadaa nsɛm a so nni mfaso so.

“ ‘Mobɛbɔ korɔn na moadi awu, mobɛbɔ aguaman na moadi adansekurum, mobɛhyew nnuhuam ama Baal na moadi anyame afoforo a munnim wɔn akyi, na afei, moaba abegyina mʼanim wɔ ofi a me din da so na moaka se, “Yenni ɔhaw,” sɛ moyɛ akyiwade yi nyinaa a na munni ɔhaw ana? Na ofi a me din da so yi, abɛyɛ adwowtwafo tu ama mo ana? Nanso migu so rehwɛ! Awurade na ose.

“ ‘Na afei monkɔ Silo, faako a midii kan bɔɔ atenae de me Din too so, na monhwɛ nea meyɛɛ no esiane me nkurɔfo Israelfo amumɔyɛ nti. Bere a moreyɛ eyinom nyinaa, Awurade na ose, mekasa kyerɛɛ mo mpɛn bebree, nanso moantie; mefrɛɛ mo, nanso moannye so. Ɛno nti, sɛnea meyɛɛ Silo no, mede bɛyɛ ofi a me Din da so no, asɔredan a mode mo ho to so, baabi a mede maa mo ne mo agyanom no. Mɛpam mo afi mʼanim sɛnea meyɛɛ mo nuanom Efraimfo no.’

“Enti mommmɔ mpae mma saa nnipa yi, monnsrɛ na munni mma wɔn nso; monnsrɛ me, efisɛ merentie mo. Munnhu nea wɔreyɛ wɔ Yuda nkurow no mu ne Yerusalem mmɔnten so no ana? Mmofra boaboa nnyina ano, na agyanom sɔ ogya no ano, mmea fɔtɔw asikresiam de to brodo ma Ɔsoro Hemmea. Na wogu nsa ma anyame afoforo de hyɛ me abufuw. Na ɛyɛ me na wɔrehyɛ me abufuw ana? Awurade na ose. Na ɛnyɛ wɔn mmom na wɔrehaw wɔn ho, hyɛ wɔn ho aniwu ana?

“ ‘Ɛno nti, nea Otumfo Awurade se ni: Wobehwie mʼabufuw ne mʼabufuwhyew agu beae yi so, agu nnipa ne mmoa, mfuw so nnua ne asase no so aba so, na ɛbɛdɛw a ɛrennum.’ 

“ ‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Monkɔ so, momfa mo ɔhyew afɔrebɔ nka mo afɔrebɔ a aka no ho, na mo ankasa monwe nam no! Na bere a miyii mo agyanom fii Misraim na mekasa kyerɛɛ wɔn no, manhyɛ wɔn mmara a ɛfa ɔhyew afɔrebɔ ne afɔrebɔ ho nko ara, mmom mede saa mmara yi kaa ho: Monyɛ osetie mma me, na mɛyɛ mo Nyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfo. Monnantew akwan nyinaa a mɛhyɛ mo no so, na asi mo yiye. Nanso wɔantie na wɔanyɛ aso; mmom, wofi wɔn koma bɔne mu yɛɛ asoɔden. Wɔsan wɔn akyi na wɔankɔ wɔn anim. Efi bere a mo agyanom fii Misraim de besi nnɛ yi, da biara ne bere biara mesomaa me nkoa adiyifo baa mo nkyɛn. Nanso wɔantie me na wɔanyɛ aso. Wɔde asoɔden yɛɛ bɔne boroo wɔn agyanom de so.’ 

“Sɛ moka eyinom nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie mo; sɛ mofrɛ wɔn a wɔrennye so. Ɛno nti monka nkyerɛ wɔn se, ‘Eyi ne ɔman a ɔnyɛɛ osetie mmaa Awurade, ne Nyankopɔn, na ɔmfaa nteɛso no. Nokware asa, na afi wɔn ano. Munyi mo tinwi na montow ngu, muntwa agyaadwo wɔ nkoko no so, efisɛ Awurade apo, na wagyaa saa awo ntoatoaso yi a wɔwɔ nʼabufuwhyew no ase akyidi.’ ”

Read More of Yeremia 7