Yeremia 40:7-16, Yeremia 41:1-18, Yeremia 42:1-22 AKCB

Yeremia 40:7-16

Wokum Gedalia

Bere a asraafo mpanyimfo no nyinaa ne wɔn mmarima a wɔda so wɔ wuram no tee sɛ, Babiloniahene ayɛ Ahikam babarima Gedalia amrado wɔ asase no so, na ɔde mmarima, mmea ne mmofra a wɔyɛ ahiafo wɔ asase no so, na wɔamfa wɔn ankɔ nnommum mu wɔ Babilonia ahyɛ ne nsa no, wɔbaa Gedalia hɔ wɔ Mispa: Netania babarima Ismael, Karea mmabarima Yohanan ne Yonatan, Tanhumet babarima Seraia, Efai a ofi Netofa mmabarima, Yesania a ɔyɛ Maakatni babarima ne wɔn mmarima. Na Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena no kaa ntam de hyɛɛ wɔn ne wɔn mmarima den se, “Munnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafo. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ebesi mo yiye. Me de, mɛtena Mispa, na masi mo anan mu wɔ Babiloniafo a, wɔba yɛn nkyɛn no mu, na mo de, monkɔboaboa nsa, ahohuru bere mu nnuaba ne ngo ano ngu adekora nkuruwa mu wɔ twabere mu, na montenatena nkurow a moafa no so.” Bere a Yudafo a wɔwɔ Moab, Amon, Edom ne aman ahorow a aka no, tee sɛ Babiloniahene agyaw nkae bi wɔ Yuda na wayi Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena sɛ amrado wɔ wɔn so no, wɔn nyinaa san baa Yuda asase so fi aman a wɔbɔɔ wɔn petee no so, kɔɔ Gedalia hɔ wɔ Mispa. Na wɔboaboaa nsa ne ahohuru bere mu nnuaba bebree ano wɔ twabere mu.

Na Karea babarima Yohanan ne ntuano asraafo a wɔda so wɔ wuram no baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa na wɔka kyerɛɛ no se, “Wunnim sɛ, Amonhene Baalis asoma Netania babarima Ismael se, ommekum wo ana?” Nanso Ahikam babarima Gedalia annye wɔn anni.

Na Karea babarima Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia wɔ kokoa mu wɔ Mispa se, “Ma minkokum Netania babarima Ismael, na obiara rente. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ okum wo na ɔma Yudafo a wɔatwa wo ho ahyia no bɔ ahwete, na Yudafo nkae no yera?”

Nanso Ahikam babarima Gedalia ka kyerɛɛ Karea babarima Yohanan se, “Nyɛ saa ade yi! Nea woka fa Ismael ho no nyɛ nokware.”

Read More of Yeremia 40

Yeremia 41:1-18

Ɔsram a ɛto so ason mu no, Elisama babarima Netania babarima Ismael a ɔyɛ ɔdehye a na anka ɔyɛ ɔhene adwumayɛfo no mu baako no ne mmarima du baa Ahikam babarima Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. Bere a wɔn nyinaa gu so redidi no, Netania babarima Ismael ne ne mmarima du no a wɔka ne ho no sɔree na wɔde afoa wɔɔ Ahikam babarima Gedalia, a ɔyɛ Safan nena ne nea Babiloniahene ayi no sɛ amrado wɔ asase no so no kum no. Ismael kum Yudafo a na wɔka Gedalia ho wɔ Mispa ne Babilonia asraafo a na wɔwɔ hɔ no nso.

Ade kyee no, ansa na obiara bɛte Gedalia wu no, mmarima aduɔwɔtwe a wɔayiyi wɔn abogyesɛ, asunsuane wɔn ntade mu na wɔasesa wɔn honam ani fi Sekem, Silo ne Samaria bae a wɔde aduan afɔrebɔde ne nnuhuam reba Awurade fi. Netania babarima Ismael de agyaadwo fi Mispa kohyiaa wɔn. Bere a ohyiaa wɔn no ɔkae se, “Mommra Ahikam babarima Gedalia nkyɛn.” Woduu kuropɔn no mu no, Netania babarima Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kum wɔn na wɔtow wɔn afunu guu abura bi mu. Nanso nnipa no mu du ka kyerɛɛ Ismael se, “Nkum yɛn! Yɛwɔ awi ne atoko, ngo ne ɛwo a yɛde asie wɔ afuw bi mu.” Enti ogyaa wɔn na wankum wɔn nso. Abura a Ismael tow nnipa a okunkum wɔn no afunu ne Gedalia guu mu no, na ɛyɛ nea ɔhene Asa tuu sɛ ne ho bammɔ fa bi de tiaa Israelhene Baasa. Netania babarima Ismael de afunu hyɛɛ no ma.

Ismael faa nnipa a na wɔaka wɔ Mispa no nyinaa nnommum; ɔhene mmabea ne wɔn a wɔkaa hɔ no nyinaa, wɔn a Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no ayi Ahikam babarima Gedalia sɛ ɔnhwɛ wɔn so no. Netania babarima Ismael faa wɔn nnommum na osii mu kɔɔ Amonfo nkyɛn.

Bere a Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho no nyinaa tee awudisɛm a Netania babarima Ismael adi no, wɔfaa wɔn asraafo nyinaa sɛ wɔne Netania babarima Ismael rekɔko. Wɔkɔtoo no wɔ ɔtare kɛse bi a ɛwɔ Gibeon ho. Bere a nnipa a wɔka Ismael ho no nyinaa huu Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho no, wɔn ani gyei. Nnipa a na Ismael afa wɔn nnommum wɔ Mispa no nyinaa dan kɔɔ Karea babarima Yohanan afa. Nanso Netania babarima Ismael ne ne mmarima baawɔtwe, guan fii Yohanan anim kɔɔ Amonfo nkyɛn.

Woguan Kɔ Misraim

Afei Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho no dii Mispa nkae a ogyee wɔn fii Netania babarima Ismael nsam bere a okum Ahikam babarima Gedalia no akyi no anim: Ɔde asraafo, mmea, mmofra ne asennii adwumayɛfo, fii Gibeon bae. Wosii mu sɛ wɔrekɔ Misraim no, wɔsoɛɛ wɔ Gerut Kimham a ɛbɛn Betlehem; na wɔreguan Babiloniafo no. Na wosuro wɔn, efisɛ na Netania babarima Ismael akum Ahikam babarima Gedalia a Babiloniahene yii no sɛ amrado a ɔhwɛ asase no so no.

Read More of Yeremia 41

Yeremia 42:1-22

Afei asraafo mpanyimfo no nyinaa a Karea babarima Yohanan ne Hosaia babarima Yesania ka ho, ne nnipa no nyinaa, efi akumaa so kosi ɔkɛse so kɔɔ odiyifo Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛsrɛ wo, tie yɛn adesrɛ yi na bɔ Awurade, wo Nyankopɔn mpae ma wɔn a wɔaka yi nyinaa. Sɛnea wuhu no, kan no na yɛdɔɔso nanso afei yɛaka kakraa bi. Bɔ mpae sɛnea Awurade, wo Nyankopɔn bɛkyerɛ yɛn faako a ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”

Yeremia buaa wɔn se, “Mate mo asɛm no, na ɔkwan biara so mɛbɔ Awurade, mo Nyankopɔn mpae sɛnea moasrɛ no; mɛka nea Awurade bɛka biara akyerɛ mo na meremfa hwee nsie mo.”

Na afei, wɔka kyerɛɛ Yeremia se, “Sɛ yɛanyɛ nea Awurade, wo Nyankopɔn soma wo se ka kyerɛ yɛn no a, ma ɔnyɛ ɔdanseni nokwafo ntia yɛn. Sɛ yɛpɛ o, sɛ yɛmpɛ o, yɛbɛyɛ osetie ama Awurade, yɛn Nyankopɔn a yɛresoma wo wɔ ne nkyɛn no, sɛnea ebesi yɛn yiye, na yebedi Awurade, yɛn Nyankopɔn asɛm so.”

Nna du akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia hɔ. Enti ɔfrɛɛ Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho ne nnipa no nyinaa; efi akumaa so kosi ɔkɛse so. Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn a mosomaa me sɛ memfa mo adesrɛ nkɔto nʼanim no se: ‘Sɛ motena asase yi so a, mesiesie mo na merensɛe mo, medua mo na merentu mo ase, efisɛ me werɛ ahow wɔ amanehunu a mama aba mo so no ho. Munnsuro Babiloniahene a mprempren musuro no no. Munnsuro no, Awurade na ose, efisɛ mene mo wɔ hɔ, megye mo, na mayi mo afi ne tumi ase. Mehu mo mmɔbɔ na ɔno nso ahu mo mmɔbɔ na ɔde mo asan aba mo asase so.’

“Nanso sɛ moka se, ‘Yɛrentena saa asase yi so,’ na ne saa nti moanyɛ osetie amma Awurade mo Nyankopɔn, na sɛ moka se, ‘Dabi, yɛbɛkɔ akɔtena Misraim, faako a yɛrenhu ɔko, na yɛrente akobɛn nnyigyei na aduankɔm renne yɛn a,’ ɛno de tie Awurade asɛm, mo Yuda nkae. Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Sɛ moawe ahinam sɛ mobɛkɔ akɔtena Misraim, na sɛ munya kɔtena hɔ a, ɛno de afoa a musuro no bɛto mo wɔ hɔ na ɔkɔm a, mo koma tu wɔ ho no bedi mo akyi akɔ Misraim na hɔ na mubewuwu. Nokware wɔn a wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no bewuwu wɔ afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano, na wɔn mu baako po renka anaa ɔrenguan mfi amanehunu a mede bɛba wɔn so no mu.’ Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Sɛnea mʼabufuw ne mʼabufuwhyew hwie guu nnipa a wɔwɔ Yerusalem so no, saa ara na sɛ, mokɔ Misraim a, mʼabufuwhyew behwie agu mo so. Mobɛyɛ nnome, ahodwiriwde, afɔbu ne ahohora; morenhu saa beae yi bio.’

“Yuda nkae, Awurade aka akyerɛ mo se, ‘Monnkɔ Misraim.’ Mommma mo werɛ mmfi, nnɛ merebɔ mo kɔkɔ sɛ moyɛɛ mfomso a ɛyɛ hu yiye, bere a mosomaa me kɔɔ Awurade, mo Nyankopɔn hɔ, na mokae se, ‘Bɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn mpae ma yɛn, na ka nea ɔka biara kyerɛ yɛn na yɛbɛyɛ,’ no. Nnɛ, maka akyerɛ mo, nanso monyɛɛ osetie mmaa Awurade mo Nyankopɔn ara wɔ biribiara a ɔhyɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no ho. Enti afei mommma mo werɛ mfi sɛ, mubewuwu wɔ afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano wɔ faako a mopɛ sɛ mokɔtena hɔ no.”

Read More of Yeremia 42