Yeremia 27:1-22, Yeremia 28:1-17, Yeremia 29:1-23 AKCB

Yeremia 27:1-22

Yuda Bɛsom Nebukadnessar

Yudahene Yosia babarima Sedekia adedi mfiase no, asɛm yi fi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn se, Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me: “Fa mmeamdua ne nkyehama yɛ konnua sɛn wo kɔn mu. Fa nkra ma abɔfo a wɔaba Yudahene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem na wɔmfa nkɔma ahemfo a wɔwɔ Edom, Moab, Amon, Tiro ne Sidon. Fa nkra kɔma wɔn wuranom se: Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Ka eyi kyerɛ wo wuranom se: Mede me tumi kɛse ne me basa a mateɛ mu yɛɛ asase ne so nnipa ne mmoa a wɔwɔ so, na mede ma obiara a mepɛ. Afei mede mo aman nyinaa bɛhyɛ mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na mede wuram mmoa mpo bɛhyɛ nʼase. Amanaman nyinaa bɛsom no ne ne babarima ne ne nenabarima kosi sɛ ne bere betwa mu; na afei aman bebree ne ahemfo akɛseakɛse bedi ne so.

“ ‘Nanso sɛ ɔman bi anaa ahenni bi rensom Babiloniahene Nebukadnessar anaa wɔremfa wɔn kɔn nhyɛ ne konnua ase a, mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe saa ɔman no aso, kosi sɛ mede ne nsa bɛsɛe no, Awurade na ose. Ɛno nti munntie mo adiyifo, mo nkɔmhyɛfo, mo adae asekyerɛfo, mo samanfrɛfo anaa mo ntafowayifo a wɔka kyerɛ mo se, “Morensom Babiloniahene.” Wɔhyɛ mo atoro nkɔm a ɛbɛma wɔayi mo afi mo asase so akɔ akyirikyiri nko ara; mɛpam mo ama mo ase ayera. Nanso sɛ ɔman biara de ne kɔn bɛhyɛ Babiloniahene konnua no ase na wasom no a, mɛma saa ɔman no aka ɔno ara asase so na wadɔw so atena so, Awurade, na ose.’ ”

Mede saa nkra koro no ara kɔmaa Yudahene Sedekia se, “Momfa mo kɔn nhyɛ Babiloniahene konnua ase na monsom ɔno ne ne nkurɔfo na mubenya nkwa. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wo ne wo nkurɔfo wuwu wɔ afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano, sɛnea Awurade de ahunahuna ɔman biara a ɔmpɛ sɛ ɔsom Babiloniahene no? Munntie adiyifo no a wɔka kyerɛ mo se, ‘Morensom Babiloniahene,’ efisɛ wɔhyɛ mo atoro nkɔm. ‘Mensomaa wɔn’ Awurade na ose. ‘Wɔhyɛ atoro nkɔm wɔ me din mu. Enti mɛpam mo na moayera, mo ne adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm no.’ ”

Na meka kyerɛɛ asɔfo no ne saa nkurɔfo yi nyinaa se, “Sɛɛ na Awurade se: Munntie adiyifo no a wɔhyɛ mo nkɔm se, ‘Ɛrenkyɛ koraa wɔde Awurade fi nneɛma no befi Babilonia aba.’ Wɔhyɛ atoro nkɔm kyerɛ mo. Munntie wɔn. Monsom Babiloniahene na mubenya nkwa. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ saa kuropɔn yi sɛe? Sɛ wɔyɛ adiyifo na Awurade asɛm wɔ wɔn mu a, ma wɔn nkotow nsrɛ Asafo Awurade na nneɛma a wɔde siesie dan mu a aka wɔ Awurade fi ne Yudahene ahemfi ne Yerusalem no, wɔamfa ankɔ Babilonia. Na sɛɛ na Asafo Awurade ka fa kɔbere mfrafrae afadum, po, nnyinaso a wotumi pia ne nneɛma a wɔde siesie dan mu no a aka wɔ kuropɔn yi mu no ho. Nea Babiloniahene Nebukadnessar amfa ankɔ bere a ɔbɛfaa Yudahene Yehoiakim babarima Yehoiakyin ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma fii Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia no. Yiw, nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, ka fa nneɛma a aka wɔ Awurade fi, Yudahene ahemfi ne Yerusalem no ho no ni: ‘Wɔbɛfa akɔ Babilonia, na hɔ na ɛbɛka kosi da a mɛba abɛfa,’ Awurade na ose. ‘Afei mede nneɛma no bɛsan aba bio abesisi wɔn sibea wɔ ha.’ ”

Read More of Yeremia 27

Yeremia 28:1-17

Odiyifo Torofo Hanania

Ɔsram a ɛto so anum wɔ afe koro a ɛyɛ Yudahene Sedekia adedi mfiase, afe a ɛto so anan no mu, odiyifo Hanania a ɔyɛ Asur a ofi Gibeon babarima no ka kyerɛɛ me wɔ Awurade fi bere a na asɔfo ne nnipa no nyinaa ahyia no se, “Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Mebubu Babiloniahene konnua no. Mfe abien mu no, mede Awurade fi mu nneɛma a Babiloniahene Nebukadnessar bɛfa fii ha kɔɔ Babilonia no nyinaa bɛsan aba. Na mɛsan de Yehoiakyin a ɔyɛ Yudahene Yehoiakim babarima ne Yuda nnommum a wɔkɔɔ Babilonia no nyinaa aba’ sɛɛ na Awurade se, ‘na mebubu Babiloniahene konnua no.’ ”

Na odiyifo Yeremia buaa odiyifo Hanania wɔ asɔfo ne nnipa a na wogyinagyina Awurade fi no nyinaa anim. Ɔkae se, “Amen! Ma Awurade nyɛ no saa! Ma Awurade mma wo nkɔm a woahyɛ sɛ wɔde Awurade fi nneɛma no nyinaa ne nnommum no befi Babilonia asan aba ha yi no mmra mu. Nanso tie asɛm a ɛsɛ sɛ meka ma wote na nnipa no nyinaa nso te: Efi tete no, adiyifo a wodii mʼanim ne wʼanim no hyehyɛɛ ɔko, amanehunu ne ɔyaredɔm ho nkɔm tiaa aman bebree ne ahenni akɛse. Nanso odiyifo a ɔhyɛ asomdwoe ho nkɔm no, sɛ ne nkɔmhyɛ no ba mu a wobegye no ato mu sɛ obi a ampa ara Awurade asoma no.”

Na odiyifo Hanania yii konnua no fii odiyifo Yeremia kɔn mu, bubuu mu, na ɔkaa wɔ nnipa no nyinaa anim se, “Sɛɛ na Awurade se: ‘Saa ara na mebubu Babiloniahene Nebukadnessar konnua no afi amanaman nyinaa kɔn mu wɔ mfe abien mu.’ ” Odiyifo Yeremia tee eyi no ofii hɔ kɔe.

Odiyifo Hanania bubuu konnua no fii odiyifo Yeremia kɔn mu akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se: “Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Woabubu dua konnua mu, nanso mede dade konnua besi anan mu. Na sɛnea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Mede dade konnua bɛto amanaman nyinaa kɔn mu, ama wɔn asom Babiloniahene Nebukadnessar, na wɔbɛsom no. Na mpo mɛma no adi wuram mmoa so.’ ”

Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania se, “Tie, Hanania! Awurade nsomaa wo, nanso, woama ɔman yi agye atoro ato mu. Ɛno nti, sɛ Awurade se ni: ‘Merebeyi wo afi asase so. Afe yi mu ara wubewu, efisɛ woaka atuatew nsɛm atia Awurade.’ ”

Ɔsram a ɛto so ason wɔ afe no ara mu no, odiyifo Hanania wui.

Read More of Yeremia 28

Yeremia 29:1-23

Krataa A Wɔde Kɔmaa Nnommum No

Eyi ne krataa mu nsɛm a odiyifo Yeremia kyerɛw fii Yerusalem kɔmaa nnommum no mu mpanyimfo nkae, asɔfo, adiyifo ne nnipa a wɔaka nyinaa a Nebukadnessar afa wɔn afi Yerusalem akɔ Babilonia no. (Eyi yɛ bere a ɔhene Yehoiakyin ne ɔhemmea no, asennii adwumayɛfo, Yuda ne Yerusalem ntuanofo, adwumfo ahorow nyinaa afi Yerusalem akɔ nnommum mu no akyi.) Ɔde krataa no hyɛɛ Safan babarima Elasa ne Hilkia babarima Gemaria nsa, wɔn na Yudahene Sedekia somaa wɔn kɔɔ Ɔhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babilonia no. Krataa no mu nsɛm ni:

Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ wɔn a mema wɔfaa wɔn nnommum fi Yerusalem kɔɔ Babilonia no nyinaa ni: “Munsisi afi, na momfa mmɔ atenase; monyɛ nturo na munni mu aba. Monwareware, na monwowo mmabarima ne mmabea. Monhwehwɛ yerenom mma mo mmabarima na momfa mo mmabea nso mma aware, na wɔn nso nwowo mmabarima ne mmabea. Monnɔ wɔ hɔ na mo so antew. Afei, monhwehwɛ kuropɔn a mema wotuu mo kɔtenaa so no asomdwoe ne yiyedi. Mommɔ Awurade mpae mma no, efisɛ ne yiyedi mu na mo nso mubedi yiye.” Yiw, sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: “Mommma adiyifo ne nkɔmhyɛfo a wɔwɔ mo mu no nnaadaa mo. Munntie wɔn adae a mohyɛ wɔn nkuran ma wɔsoso no. Wɔhyɛ atoro nkɔm wɔ me din mu. Mensomaa wɔn,” Awurade na ose.

Nea Awurade se ni: “Sɛ mosom Babilonia mfe aduɔson a, mɛba abɛhwɛ mo na mɛma mʼadom mu bɔhyɛ sɛ mede mo bɛba ha bio no aba mu. Minim nhyehyɛe a mewɔ ma mo,” Awurade na ose, “Nhyehyɛe a ɛde mo besi yiye na ɛrenhaw mo, nhyehyɛe a ɛbɛma mo anidaso ne awiei pa. Afei mobɛfrɛ me na moaba abɛbɔ me mpae, na metie mo. Mobɛhwehwɛ me na mubehu me, sɛ mode mo koma nyinaa hwehwɛ me a. Mubehu me,” Awurade na ose, “na meyi mo afi nkoasom mu de mo asan aba. Mɛboaboa mo ano afi amanaman ne mu ne faako a mepam mo kɔɔ no nyinaa,” Awurade na ose, “na mede mo bɛsan aba faako a mituu mo fi kɔɔ nnommum mu no bio.”

Mobɛka se, “Awurade ama yɛn adiyifo wɔ Babilonia,” nanso, sɛɛ na Awurade ka fa ɔhene a ɔte Dawid ahengua so ne nnipa a wɔaka wɔ kuropɔn no mu nyinaa, mo manfo a wɔne mo ankɔ nnommum mu no. Yiw, nea Asafo Awurade se ni: “Mɛma afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm aba wɔn so, na wɔayɛ sɛ borɔdɔma a asɛe enti wontumi nni. Mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm betiw wɔn, na mɛyɛ wɔn atantanne ama ahenni a ɛwɔ asase no so nyinaa, ne nnome ne ahodwiriwde, fɛwdi ne animtiaabude wɔ amanaman a mepam wɔn kɔɔ so no mu. Efisɛ, wɔantie me nsɛm,” sɛɛ na Awurade se, “nsɛm a mede somaa mʼasomfo adiyifo mpɛn bebree baa mo nkyɛn. Na mo nnommum nso antie,” Awurade na ose.

Afei muntie Awurade asɛm, mo nnommum a mama mo afi Yerusalem akɔ Babilonia no nyinaa. Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn ka fa Kolaia babarima Ahab ne Maaseia babarima Sedekia a wɔde me din rehyɛ mo atoro nkɔm no ho ni: “Mede wɔn bɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wakum wɔn wɔ mo anim. Esiane wɔn nti, Yuda nnommum a wɔwɔ Babilonia nyinaa de saa nnome yi bɛdome sɛ: ‘Awurade nyɛ wo sɛ, Sedekia ne Ahab a Babiloniahene hyew wɔn wɔ ogya mu no.’ Na wɔayɛ akyiwade a ɛboro so wɔ Israel: wɔne wɔn yɔnkonom yerenom adeda de asɛe aware, na wɔde me din adi atoro a menka nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. Minim na midi ho adanse,” Awurade na ose.

Read More of Yeremia 29