Yeremia 25:15-38, Yeremia 26:1-24 AKCB

Yeremia 25:15-38

Onyankopɔn Abufuwhyew Kuruwa No

Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛɛ me: “Gye saa kuruwa yi a mʼabufuwhyew nsa ahyɛ no ma yi, na ma amanaman a mɛsoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom. Sɛ wɔnom a, wɔbɛtɔ ntintan na wɔabobɔ dam esiane afoa a mɛsoma akɔ wɔn so no nti.”

Ɛno nti, migyee kuruwa no fii Awurade nsam, na memaa amanaman a ɔsomaa me wɔn nkyɛn no nomee:

Yerusalem ne Yuda nkurow, nʼahemfo ne ne nnwumayɛfo sɛ wɔnyɛ ɔsɛe, aninyanne, animɔharefo ne nnome, sɛnea wɔte nnɛ da yi.

Misraimhene Farao, nʼasomfo, nʼadwumayɛfo ne ne manfo nyinaa, ananafo a wɔwɔ hɔ nyinaa;

Us ahemfo;

Filistifo ahemfo (a ɛyɛ Askelon, Gasa, Ekron ne nnipa a wɔagyaw wɔn wɔ Asdod);

Edom, Moab ne Amon;

Tiro ne Sidon ahemfo nyinaa;

ne ahemfo a wɔwɔ mpoano aman a wɔwɔ po agya no;

Dedan, Tema, Bus ne nnipa a wɔtete akyirikyiri no;

Arabia ahemfo ne ananafo ahemfo nyinaa a wɔtete nweatam so no.

Simri, Elam ne Media ahemfo nyinaa;

ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, ne wɔn mu biara, asase so ahenni ahorow.

Na wɔn nyinaa akyi no Sesakhene nso bɛnom bi.

“Afei ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: Monnom, mommobow na momfefe, na mohwehwe ase a monnsɔre bio, esiane afoa a mɛsoma aba mo so no nti.’ Na sɛ wɔampɛ sɛ wogye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: Ɛsɛ sɛ monom! Monhwɛ, merebefi ase de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso ana? Wɔbɛtwe mo aso, efisɛ merefrɛ afoa aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ose.’

“Afei hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn se,

“ ‘Awurade befi ɔsoro abobɔ mu;

ɔbɛma ne nne so afi ne tenabea kronkron hɔ,

na wabobɔ mu dennen atia nʼasase.

Ɔbɛteɛ mu te sɛ wɔn a wotiatia bobe aba so,

ɔbɛteɛ mu agu wɔn a wɔtete asase no so no so.

Huuyɛ begyigye akɔ nsase ano,

na Awurade bɛbɔ kwaadu, atia amanaman;

obebu adesamma nyinaa atɛn

na ɔde amumɔyɛfo ama afoa,’ ”

Awurade na ose.

Sɛɛ na Asafo Awurade se:

“Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛw

fi ɔman so kɔ ɔman foforo so;

ahum kɛse bi rema ne ho so

afi nsase ano.”

Saa bere no, wɔn a Awurade akunkum wɔn no bɛdeda baabiara, fi asase ano kosi ano nohɔ. Wɔrensu wɔn na wɔremmoaboa wɔn ano na wɔrensie wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam.

Munsu na muntwa adwo, mo nguanhwɛfo;

mommunummunum wɔ mfutuma mu, mo nguankuw ntuanofo.

Mo kum bere no adu;

mobɛhwehwe ase sɛ adwennini a wɔadodɔ.

Nguanhwɛfo no rennya baabiara nguan nkɔ,

na nguankuw no ntuanofo no rennya kwan nguan.

Muntie nguanhwɛfo no su,

ne nguankuw no ntuanofo agyaadwotwa,

efisɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea.

Sare nsase a asomdwoe wɔ so no bɛda mpan

esiane Awurade abufuwhyew no nti.

Obefi ne tu mu sɛ gyata,

na wɔn asase bɛda mpan

esiane nnomumfafo no afoa

ne Awurade abufuwhyew no nti.

Read More of Yeremia 25

Yeremia 26:1-24

Owu Hunahuna Yeremia

Yehoiakim a ɔyɛ Yudahene Yosia babarima adedi mfiase mfe no, saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn bae: “Sɛɛ na Awurade se: Gyina Awurade fi mu adiwo hɔ, na ka kyerɛ nnipa a wofi Yuda nkurow mu bɛsom wɔ Awurade fi mu nyinaa. Ka nea mehyɛ wo no nyinaa kyerɛ wɔn; nyi asɛm biara mfi mu. Ebia wobetie, na wɔn mu biara asan afi nʼakwammɔne so. Sɛ ɛba saa a, mɛtwɛn, na meremfa amanehunu a wɔn bɔne nti mepɛɛ sɛ mede ba wɔn so no mma bio. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade se ni: Sɛ moantie me, na moanni me mmara a mahyɛ mo no so, na sɛ moantie nsɛm a mʼasomfo adiyifo a mesoma wɔn mo nkyɛn bere biara no ka kyerɛ mo no a, (mpo munntiee wɔn), ɛno de, mɛyɛ ofi yi sɛ Silo, na kuropɔn yi ayɛ nnome wɔ asase so aman nyinaa mu.’ ”

Asɔfo, adiyifo ne nnipa no nyinaa tee sɛ Yeremia reka saa nsɛm yi, wɔ Awurade fi hɔ. Na Yeremia wiee nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no se ɔnka nkyerɛ nnipa no nyinaa no ka no, asɔfo no, adiyifo ne nnipa no nyinaa tow hyɛɛ ne so kae se, “Ɛsɛ sɛ wuwu! Adɛn na wohyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu se, ofi yi bɛyɛ sɛ Silo na kuropɔn yi bɛda mpan a obiara ntena mu ana?” Na nnipa no nyinaa betwaa Yeremia ho hyiaa wɔ Awurade fi hɔ.

Bere a Yuda adwumayɛfo tee saa nsɛm yi no, wofii ahemfi hɔ foro kɔɔ Awurade fi kɔtenaa ofi no Pon Foforo no ano. Na asɔfo no ne adiyifo no ka kyerɛɛ adwumayɛfo no ne nnipa no nyinaa se, “Ɛsɛ sɛ wobu saa ɔbarima yi kumfɔ, efisɛ wahyɛ nkɔm atia kuropɔn yi. Moate wɔ mo asom!”

Na Yeremia kasa yii ne ho ano wɔ adwumayɛfo ne nnipa no nyinaa anim se, “Awurade somaa me se, memmɛhyɛ nkɔm ntia ofi yi ne kuropɔn yi sɛnea moate no nyinaa. Na afei monteɛteɛ mo akwan ne mo nneyɛe, na monyɛ osetie mma Awurade, mo Nyankopɔn. Na Awurade bɛtwɛn, na ɔremfa amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba mo so no mma bio. Me de, mewɔ mo nsam; mubetumi ayɛ me sɛnea eye na ɛteɛ wɔ mo ani so. Nanso monkae se, sɛ mukum me a, moahwie mogya a edi bem agu, na so afɔdi bɛba mo so, kuropɔn yi so ne wɔn a wɔtete mu no so; na nokware Awurade na wasoma me sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa ngu mo asom.”

Na adwumayɛfo no ne nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfo no ne adiyifo no se, “Ɛnsɛ sɛ wobu saa ɔbarima yi kumfɔ! Wakasa akyerɛ yɛn wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn din mu.”

Na asase no so mpanyimfo no mu bi sɔree, na wɔka kyerɛɛ bagua no nyinaa se, “Mika a ofi Moreset hyɛɛ nkɔm wɔ Yudahene Hesekia bere so ka kyerɛɛ Yudafo nyinaa se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se:

“ ‘Wobefuntum Sion te sɛ afuw.

Na Yerusalem bɛyɛ mmubui

na asɔredan no koko bɛyɛ sɛ nkɔ a nkyɛkyerɛ afuw wɔ so.’ 

Na Yudahene Hesekia anaa Yudani bi kum no ana? Hesekia ansuro Awurade ansrɛ ne hɔ adom? Na ɛno amma Awurade antwɛn sɛ obeyi amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba wɔn so no amfi wɔn so ana? Yɛreyɛ de amanehunu kɛse aba yɛn ankasa so!”

(Semaia babarima Uria a, ofi Kiriat-Yearim no nso yɛ ɔbarima foforo a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Awurade din mu; ɔhyɛɛ nkɔm koro yi ara tiaa saa kuropɔn yi ne saa asase yi, sɛnea Yeremia yɛe no. Bere a ɔhene Yehoiakim ne ne mpanyimfo ne nʼadwumayɛfo nyinaa tee ne nsɛm no, ɔhene no pɛɛ sɛ okum no, nanso Uria tee no, ɔde ehu guan kɔɔ Misraim. Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor babarima Elnatan ne mmarima bi kɔɔ Misraim. Wɔde Uria fii Misraim bae, na wɔde no kɔmaa ɔhene Yehoiakim. Ɔma wɔde afoa kum no na wɔtow ne funu kyenee kwasafo asiei.)

Afei nso, na Safan babarima Ahikam gyina Yeremia akyi, enti wɔamfa no amma dɔm no sɛ wonkum no.

Read More of Yeremia 26