Yeremia 2:31-37, Yeremia 3:1-25, Yeremia 4:1-9 AKCB

Yeremia 2:31-37

“Mo nnɛmmafo, munnwen Awurade asɛm ho:

“Mayɛ sɛ, nweatam ama Israel ana?

Anaasɛ asase a so aduru sum kabii ana?

Adɛn nti na me nkurɔfo ka se, ‘Yɛwɔ ho kwan sɛ yekyinkyin;

yɛremma wo nkyɛn bio.’

Ɔbabun werɛ fi ne mpempranne,

ayeforo werɛ befi nʼahyehyɛde ana?

Nanso me nkurɔfo werɛ afi me

nna a wontumi nkan.

Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfo!

Mmea a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan.

Mo adurade mu wɔ

ahiafo a wodi bem mogya,

nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mu.

Eyinom nyinaa akyi

woka se, ‘Midi bem;

ne bo mfuw me.’

Nanso mebu wo atɛn

efisɛ woka se, ‘Menyɛɛ bɔne biara ɛ.’

Adɛn nti na wukyinkyin sɛɛ,

sesa wʼakwan?

Misraim bedi wo huammɔ

sɛnea Asiria yɛe no.

Afei wubefi saa beae hɔ

a wo nsa gu wo ti so.

Efisɛ Awurade apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no;

wɔremmoa wo.

Read More of Yeremia 2

Yeremia 3:1-25

“Sɛ ɔbarima gyaa ne yere

na ɔbea no kɔware ɔbarima foforo a,

ɛsɛ sɛ ɔbarima no san kɔ ɔbea no nkyɛn ana?

Ɛremma asase no ho ngu fi koraa ana?

Nanso wo ne adɔfo bebree abɔ aguaman,

na mprempren de wobɛsan aba me nkyɛn ana?”

Awurade na ose.

“Ma wʼani so hwɛ nkoko no so.

Baabi wɔ hɔ a wɔntoo wo mmonnaa da ana?

Wotenaa kwankyɛn twɛn adɔfo,

wotenaa sɛ mmoahwɛfo a wodi atutena wɔ nweatam so.

Woagu asase no ho fi,

wode wʼaguamammɔ ne wʼamumɔyɛ na ayɛ.

Enti wɔatwe obosu asan,

na asusowbere su antɔ.

Nanso wʼanim ayɛ sɛ oguamanfo a ɔmfɛre hwee;

wʼani nwu hwee.

Nnansa yi ara, woamfrɛ me se:

‘Mʼagya, me mmabunmmere mu adamfo,

wo bo befuw biribiara ana?

Wʼabufuwhyew no bɛkɔ so daa ana?’

Sɛɛ na wokasa,

nanso woyɛ bɔne nyinaa sɛnea wutumi.”

Israel A Onni Nokware

Ɔhene Yosia adedi bere so no, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Woahu nea Israel a onni nokware no ayɛ? Wakɔ nkoko nyinaa so ne dua a adennan biara ase akɔsɛe aware wɔ hɔ. Misusuwii sɛ anka wayɛ eyinom nyinaa akyi no, ɔbɛsan aba me nkyɛn nanso wamma, na ne nuabea Yuda a ɔno nso nka nokware no hui. Memaa Israel a onni nokware no awaregyae nhoma na mepam no esiane nʼawaresɛe abrabɔ nti. Nanso mihuu sɛ ne nuabea Yuda a onni nokware no ansuro; ɔno nso kɔbɔɔ aguaman bra. Esiane sɛ Israel aguamammɔ anyɛ no asɛnhia nti, ɔde fi kaa asase no na ɔne abo ne nnua bɔɔ aguaman. Eyinom nyinaa akyi no, ne nuabea Yuda amfi ne koma nyinaa mu ansan amma me nkyɛn, ɔyɛ de kyerɛɛ kɛkɛ,” sɛnea Awurade se ni.

Awurade ka kyerɛɛ me se, “Israel a onni nokware no teɛ sen Yuda okontomponi no. Kɔ, fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn:

“ ‘San wʼakyi, Israel a onni nokware,’ Sɛɛ na Awurade se,

‘Meremmuna nkyerɛ wo bio,

efisɛ meyɛ mmɔborɔhunufo,’ sɛɛ na Awurade se,

‘Me bo remfuw afebɔɔ.

Gye wo afɔdi to mu,

woatew Awurade, wo Nyankopɔn anim atua,

woakyekyɛ wʼadɔe mu ama ananafo anyame

wɔ dua biara a adennan ase,

na woanyɛ osetie amma me,’ ”

sɛnea Awurade se ni.

“Monsan mo akyi, mo akyirisanfo,” sɛnea Awurade se ni, “efisɛ meyɛ mo kunu. Meyi wo; ɔbaako befi kurow mu na baanu afi abusuakuw mu, na mede mo aba Sion. Afei mɛma mo nguanhwɛfo a wɔda me koma so, wɔn a wɔde nimdeɛ ne ntease bɛkyerɛ mo ɔkwan. Saa nna no mu, sɛ mo dɔɔso bebree wɔ asase no so a,” Awurade na ose, “nnipa renka bio se, ‘Awurade apam adaka no.’ Ɛremma wɔn adwene mu anaa wɔrenkae da; wɔn kɔn rennɔ na wɔrenyɛ foforo nso. Saa bere no wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahengua, na amanaman nyinaa behyia wɔ Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn koma bɔne a ɛma wɔyɛ asoɔden no akyi bio. Saa nna no mu, Yuda fi bɛka Israelfi ho, na wɔabɔ mu afi atifi fam asase bi so aba asase a mede maa mo agyanom sɛ agyapade no so.

“Mʼankasa mekae se,

‘Anka ɛbɛyɛ me anigye sɛ mɛyɛ mo sɛ mma

na mama mo asase a eye,

agyapade a edi mu ma ɔman biara.’

Misusuwii sɛ mobɛfrɛ me ‘Agya’

na monnan mo ho mfi mʼakyi.

Nanso te sɛ ɔbea a onni ne kunu nokware no,

saa ara na moanni me nokware, Israelfi,”

sɛnea Awurade se ni.

Wɔte osu bi wɔ nkoko no so,

ɛyɛ Israelfo agyaadwotwa ne nkotosrɛ,

efisɛ wɔakyeakyea wɔn akwan

na wɔn werɛ afi Awurade, wɔn Nyankopɔn.

“Monsan mmra, ɔyera mma;

mɛsa mo akyirisan yare no.”

“Yiw, yɛbɛba wo nkyɛn,

efisɛ wo ne Awurade, yɛn Nyankopɔn no.

Ampa, ahoni huuyɛ wɔ nkoko

ne mmepɔw so no yɛ nnaadaa;

nokware Awurade yɛn Nyankopɔn mu

na Israel nkwagye wɔ.

Efi yɛn mmofraase, anyame huhuw adi

yɛn agyanom nsa ano adwuma so aba,

wɔn nguankuw ne anantwi,

wɔn mmabarima ne wɔn mmabea.

Momma yɛmfa yɛn aniwu nneda fam

na yɛn ahohora nkata yɛn so.

Yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Nyankopɔn,

yɛn ne yɛn agyanom;

efi yɛn mmofraase besi nnɛ

yɛanyɛ osetie amma Awurade, yɛn Nyankopɔn no.”

Read More of Yeremia 3

Yeremia 4:1-9

“Sɛ wo, Israel, wobɛsan wʼakyi a,

san bra me nkyɛn,”

sɛɛ na Awurade se.

“Sɛ wuyi wʼahoni a ɛyɛ akyiwade fi mʼani so

na sɛ woamman bio,

na sɛ wufi nokware, pɛpɛyɛ ne trenee mu

ka ntam se, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’ a

afei wobehyira aman no

na ne mu na wobenya anuonyam.”

Eyi ne asɛm a, Awurade ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalem:

“Munsiesie mo asase a womfuntum da,

na munnnua wɔ nsɔe mu.

Muntwitwa mo ho twetia mma Awurade

muntwitwa mo koma twetia,

mo Yuda mmarima ne Yerusalemfo,

anyɛ saa a mʼabufuwhyew bɛsɔre na adɛw sɛ ogya

mo bɔne a moayɛ nti,

ɛbɛhyew a obiara rennum.”

Amanehunu A Efi Atifi Fam

“Bɔ nkae wɔ Yuda na pae mu ka wɔ Yerusalem se

‘Hyɛn torobɛnto no wɔ asase no nyinaa so!’

Teɛ mu dennen se:

‘Mommoaboa mo ho ano!

Momma yenguan nkɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu!’

Momma frankaa so na monkɔ Sion

munguan nkɔbɔ mo ho aguaa!

Efisɛ mede amanehunu fi atifi fam reba,

ɔsɛe a ɛyɛ hu.”

Gyata bi afi ne tu mu;

ɔbɔɔaman bi asi mu.

Wafi ne tenabea

sɛ ɔrebɛsɛe wʼasase.

Wo nkurow bebubu

na ada mpan.

Enti fura atweaatam,

di awerɛhow na twa adwo,

efisɛ Awurade abufuwhyew no

nnan mfii yɛn so.

“Saa da no,” Awurade na ose,

“ɔhene no ne adwumayɛfo no bɛbɔ hu,

asɔfo no bo betu,

na adiyifo no ho bedwiriw wɔn.”

Read More of Yeremia 4