Yeremia 18:1-23, Yeremia 19:1-15, Yeremia 20:1-18 AKCB

Yeremia 18:1-23

Ɔnwemfo No Fi

Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn. “Kɔ ɔnwemfo no fi, na hɔ na mede mʼasɛm no bɛma wo.” Ɛno nti, mekɔɔ ɔnwemfo no fi na mihuu no sɛ, ɔreyɛ adwuma wɔ ne ntwahode so. Nanso kuku a na ɔde dɔte no reyɛ ho adwuma no sɛe wɔ ne nsam; ɛno nti ɔnwemfo no yɛɛ kuku foforo, sɛnea eye pa ara ma no.

Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Israelfi, merentumi nyɛ mo sɛnea ɔnwemfo yi yɛ ana?” Awurade na ose. “Sɛnea dɔte te wɔ ɔnwemfo nsam no, saa ara na mote wɔ me nsam, Israelfi. Sɛ bere biara meka se ɛsɛ sɛ wotutu ɔman bi anaa ahenni bi ase, dwerɛw wɔn, sɛe wɔn a, na sɛ ɔman a mebɔɔ no kɔkɔ no sakra fi ne bɔne ho a, mɛsakra mʼadwene na meremfa amanehunu a misusuwii sɛ mede bɛba wɔn so mma bio. Na sɛ mmere foforo bi meka se, ɛsɛ sɛ wɔkyekye ɔman anaa ahenni bi gye no si hɔ, na sɛ ɔyɛ bɔne wɔ mʼani so na wanyɛ osetie amma me a, ɛno de mesan adwene papa a mepɛɛ sɛ meyɛ no no ho.

“Na afei ka kyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem no se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Hwɛ! mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛe a etia mo. Ɛno nti mo mu biara nnan mfi nʼakwammɔne so na munsiesie mo akwan ne mo nneyɛe.’ Nanso wobebua se, ‘So nni mfaso. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛe so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a efi ne koma bɔne mu.’ ”

Ɛno nti nea Awurade se ni,

“Mummisa wɔ amanaman no mu se,

hena na wate biribi sɛɛ pɛn?

Ɔbabun Israel ayɛ

ade bi a ɛyɛ hu yiye.

So sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon no18.14 Lebanon—Ɛyɛ mmepɔw atenten a ɛwɔ atifi fam no mu baako a ne sorokɔ boro anammɔn mpem du.

yera fi nʼabotan a esian no so ana?

So nʼatifi nsu wiridudu a efi akyirikyiri

no gyae sen ana?

Nanso me nkurɔfo werɛ afi me.

Wɔhyew nnuhuam ma ahoni huhuw,

a ɛma wohintihintiw wɔ wɔn akwan so

ne tete atempɔn so.

Wɔma wɔfa kwatikwan

ne akwan a wɔmmɔe so.

Wɔn asase bɛda mpan,

na ayɛ ade a wobebu no animtiaa daa;

wɔn a wotwa mu hɔ no ho bedwiriw wɔn

na wobehinhim wɔn ti.

Sɛnea apuei mframa te no,

mɛbɔ wɔn ahwete wɔ wɔn atamfo anim;

mɛdan mʼakyi akyerɛ wɔn na ɛnyɛ mʼanim

wɔ wɔn amanehunu da no.”

Wɔkae se, “Mommra ma yɛmfa adwene ntia Yeremia; sɛnea ɛbɛyɛ a asɔfo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho, anyansafo no afotu anaa asɛm a efi adiyifo hɔ no renyera. Mommra na yentu yɛn ano ngu ne so a yɛrentie nea ɔbɛka biara.”

Yɛ aso ma me, Awurade;

tie nea wɔn a wɔpam me ti so no reka!

Ɛsɛ sɛ wɔde bɔne tua papa so ka ana?

Nanso wɔatu amoa ama me.

Kae sɛ migyinaa wʼanim

na mekasa maa wɔn,

sɛnea wubeyi wʼabufuwhyew afi wɔn so.

Ɛno nti, ma ɔkɔm nne wɔn mma;

yi wɔn ma afoa.

Ma wɔn yerenom nyɛ abonin ne akunafo;

ma wonkunkum wɔn mmarima,

na wɔmfa afoa nkunkum wɔn mmerante wɔ ɔko mu.

Ma wɔnte osu wɔ wɔn afi mu

bere a atamfo atu wɔn so sa mpofirim,

efisɛ wɔatu amoa ama me,

na wɔasunsum mʼanan mfiri.

Nanso wunim Awurade,

pɔw a wɔabɔ nyinaa se wobekum me.

Mfa wɔn nsɛmmɔne nkyɛ wɔn,

na nyi wʼani mfi wɔn bɔne so.

Ma wonni nkogu wɔ wʼanim;

na wo ne wɔn nni wɔ wʼabufuw mu.

Read More of Yeremia 18

Yeremia 19:1-15

Sɛɛ na Awurade se: “Kɔ na kɔtɔ dɔtekuruwa fi ɔnwemfo nkyɛn. Fa nnipa no mpanyimfo no mu bi ne asɔfo no mu bi ka wo ho na fi adi kɔ Ben Hinom Bon a ɛbɛn Pɔthɛd Pon ano no. Ɛhɔ na pae mu ka nsɛm a meka kyerɛ wo no, se, ‘Muntie Awurade asɛm, mo Yuda ahemfo ne Yerusalemfo. Sɛɛ na Asafo Awurade Israel Nyankopɔn se. Muntie, mede amanehunu reba ha, na obiara a ɔbɛte no aso mu bɛyɛ no yonn. Efisɛ wɔagyaw me na wɔde ha ama ananafo anyame; wɔahyew afɔrebɔde wɔ so ama anyame a wɔn anaa wɔn agyanom, anaa Yuda ahemfo nhuu wɔn da, na wɔde mogya a edi bem ahyɛ ha ma. Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea sɛ wɔde ogya bɛhyew wɔn mmabarima sɛ afɔrebɔde ama Baal, ade a manhyɛ anaa mammɔ so, anaa amma mʼadwene mu. Ɛno nti, monhwɛ yiye na nna bi reba, Awurade na ose, a nnipa remfrɛ ha se Tofet anaa Ben Hinom Bon bio, na mmom, Okum Bon.

“ ‘Mɛsɛe Yuda ne Yerusalem nhyehyɛe wɔ ha. Mɛma wɔatotɔ wɔ afoa ano wɔ wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no anim, na mede wɔn afunu bɛma wim nnomaa ne asase so mmoa sɛ wɔn aduan. Mɛsɛe saa kuropɔn yi na mayɛ no ahodwiriwde; wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nyinaa ho bedwiriw wɔn, na nʼapirakuru no nti wobedi ne ho fɛw. Mɛma wɔawe wɔn mmabarima ne wɔn mmabea nam, na wobefi ahohia a atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no anotua de bɛba wɔn so no mu awe wɔn ho wɔn ho nam.’

“Afei bɔ kuruwa no wɔ wɔn a wɔka wo ho no anim ma wɔnhwɛ, na ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: Mɛbɔ saa ɔman yi ne kuropɔn yi sɛnea wɔabɔ ɔnwemfo kuruwa yi a wɔrentumi nsiesie bio. Wobesie awufo wɔ Tofet kosi sɛ, ɛhɔ bɛyɛ ma. Sɛɛ ara na mɛyɛ saa beae yi ne wɔn a wɔtete so, Awurade na ose. Mɛyɛ kuropɔn yi sɛ Tofet. Afi a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda ahemfo ahemfi ho begu fi te sɛ Tofet ha. Afi a wɔhyew nnuhuam wɔ adan atifi maa ɔsoro asafo nyinaa na woguu nsa maa anyame foforo no.’ ”

Afei Yeremia san fii Tofet, faako a Awurade somaa no se ɔnkɔhyɛ nkɔm wɔ hɔ no bae, na Obegyinaa Awurade asɔredan abangua mu na ɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, “Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Muntie! Mede amanehunu a meka guu kuropɔn yi ne ho nkuraase no nyinaa so no bɛba wɔn so, efisɛ wɔyɛɛ asoɔden, na wɔantie me nsɛm.’ ”

Read More of Yeremia 19

Yeremia 20:1-18

Yeremia Ne Pashur

Bere a Imer a ɔyɛ Awurade asɔredan mu adwumayɛfo so panyin babarima ɔsɔfo Pashur tee sɛ Yeremia rehyɛ nkɔm fa saa nneɛma yi ho no, ɔma wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Pon a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ no. Ade kyee a Pashur san no no, Yeremia ka kyerɛɛ no se, “Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib. Na sɛɛ na Awurade se: ‘Mɛma wo ho ayɛ hu ama wʼankasa ne wo nnamfonom nyinaa, wʼankasa de wʼani behu sɛ wɔtotɔ wɔ wɔn atamfo mfoa ano. Mede Yuda nyinaa bɛma Babiloniahene na wasoa wɔn akɔ Babilonia anaasɛ ɔde afoa bekunkum wɔn. Mede kuropɔn yi ahode, nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo nnwetɛbona nyinaa bɛma wɔn atamfo. Wɔbɛfa no sɛ asade akɔ Babilonia. Na wo Pashur, ne wo fifo nyinaa bɛkɔ nnommum mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn akɔntoro no nyinaa bewuwu na wɔasie mo.’ ”

Yeremia Anwiinwii

Awurade, wodaadaa me na ɛbaa mu saa;

wudii me so na wutintim me so.

Wodii me ho fɛw da mu nyinaa;

na obiara serew me.

Bere biara a mɛkasa no, meteɛ mu,

pae mu ka akakabensɛm ne ɔsɛe.

Enti Awurade asɛm de ahohora ne nsopa

abrɛ me da mu nyinaa.

Sɛ meka se, “Meremmɔ ne din

anaa merenkasa wɔ ne din mu” a,

nʼasɛm te sɛ ogya wɔ me koma mu,

ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu,

mabrɛ ne ne kita

nokware, merentumi.

Mete asomsɛm bebree sɛ,

“Ehu wɔ baabiara!

Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!”

Me nnamfonom nyinaa

retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka se,

“Ebia wɔbɛdaadaa no;

na yɛatumi no

atɔ ne so were.”

Nanso Awurade ka me ho sɛ dɔmbarima;

enti mʼataafo bɛwatiri na wɔrentumi.

Wobedi nkogu na wobegu wɔn anim ase pasaa;

wɔn werɛ remfi wɔn nsopa no da.

Asafo Awurade! Wo a wosɔ ɔtreneeni hwɛ

na wopɛɛpɛɛ koma ne adwene mu,

ma minhu wʼaweretɔ wɔ wɔn so,

efisɛ mede mʼasɛm dan wo.

Monto dwom mma Awurade!

Munyi Awurade ayɛ!

Ogye ohiani nkwa fi

amumɔyɛfo nsam.

Nnome nka da a wɔwoo me!

Nhyira mpare da a me na woo me.

Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya amanneɛ,

nea ɔmaa nʼani gyei, na ɔkae se,

“Wɔawo ɔbabarima ama wo!”

Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkurow a

Awurade tu gui a wannya ahummɔbɔ no.

Ma ɔnte osu anɔpa,

ne akobɛn nnyigyei owigyinae.

Sɛ wankum me wɔ awotwaa mu

amma me na anyɛ ɔda amma me no nti,

nʼawotwaa yɛɛ kɛse afebɔɔ.

Adɛn koraa na mifii awotwaa mu pue

behuu ɔhaw ne awerɛhow

na mede aniwu rebewie me nkwa nna yi?

Read More of Yeremia 20