Yeremia 1:1-19, Yeremia 2:1-30 AKCB

Yeremia 1:1-19

Nsɛm a efi Yeremia nkyɛn ni. Yeremia yɛ Hilkia babarima a na ɔyɛ Anatot asɔfo no mu baako wɔ Benyamin asase so. Awurade asɛm baa ne nkyɛn wɔ Yosia a ɔyɛ Yuda hene Amon babarima adedi afe a ɛto so dumiɛnsa no mu. Ɛtoaa so wɔ Yuda hene Yosia babarima Yehoiakim bere so, kosii Yuda hene Yosia babarima Sedekia bere so a nnipa a wɔte Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ adedi no afe a ɛto so dubaako no ɔsram a ɛto so anum no mu.

Yeremia Frɛ

Awurade asɛm baa me nkyɛn se,

“Ansa na mereyɛ wo wɔ awotwaa mu no na minim wo;

ansa na wɔrebɛwo wo no, miyii wo sii nkyɛn;

meyɛɛ wo odiyifo maa aman no.”

Mekae se, “Aa, Otumfo Awurade minnim kasa; meyɛ abofra.”

Awurade ka kyerɛɛ me se, “Nka se ‘meyɛ abofra.’ Ɛsɛ sɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo no nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo sɛ ka no. Nsuro wɔn, efisɛ meka wo ho, na magye wo,” nea Awurade se ni.

Na Awurade teɛɛ ne nsa de kaa mʼano na ɔka kyerɛɛ me se, “Mprempren mede me nsɛm ahyɛ wʼanom. Hwɛ, nnɛ, mede wo asi aman ne ahenni so sɛ, tutu na dwiriw gu, sɛe na tu gu, kyekyere na dua.”

Na Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Dɛn na wuhu yi, Yeremia?”

Na mibuae se, “Mihu ɔsonkoran dubaa.”

Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Wahu no yiye, na merehwɛ anim sɛ mʼasɛm bɛba mu.”

Awurade asɛm baa me nkyɛn bio se, “Dɛn na wuhu yi?”

Mibuae se, “Mihu kuku a ɛrehuru sɛ ano rekyea akyerɛ yɛn fi atifi fam.”

Awurade ka kyerɛɛ me se, “Wobefi atifi fam de amanehunu aba wɔn a wɔte asase no so nyinaa so. Merebɛfrɛ atifi ahenni mu nnipa nyinaa,” nea Awurade se ni.

“Wɔn ahemfo de wɔn ahengua bɛba

abesisi Yerusalem kuropɔn apon ano;

wɔbɛtow ahyɛ nʼafasu a atwa ahyia

ne Yuda nkurow nyinaa so.

Mebu me nkurɔfo atɛn

wɔ wɔn amumɔyɛ sɛ wɔagyaw me,

sɛ wɔhyew nnuhuam ma anyame afoforo

na wɔkotow sɔre nea wɔde wɔn nsa ayɛ.

“Siesie wo ho! Sɔre na ka nea mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim. Nnɛ, mayɛ wo kuropɔn a ɛwɔ bammɔ, dadedum ne kɔbere fasu sɛ wobɛsɔre atia asase no nyinaa, Yuda ahemfo, nʼadwumayɛfo, asɔfo ne nnipa a wɔwɔ asase no so. Wɔbɛko atia wo, nanso wɔrentumi nni wo so nkonim, efisɛ meka wo ho na megye wo,” sɛnea Awurade se ni.

Read More of Yeremia 1

Yeremia 2:1-30

Israel Pa Onyankopɔn Akyi

Awurade asɛm baa me so: “Kɔpae mu ka ma Yerusalem nte:

“ ‘Mekae sɛnea wode wo ho maa me wo mmabun bere mu,

sɛnea wodɔɔ me wɔ wʼayeforo bere mu

na wudii mʼakyi wɔ sare so,

asase a wonnuaa hwee wɔ so no.

Na Israel yɛ kronkron ma Awurade,

ne twabere mu aduankan;

wɔn a wodii nʼani no wobuu wɔn fɔ,

na amanehunu baa wɔn so,’ ”

sɛnea Awurade, se ni.

Muntie Awurade asɛm, mo Yakob asefo,

mo Israel mmusuakuw nyinaa.

Eyi ne nea Awurade se:

“Mfomso bɛn na mo agyanom huu wɔ me ho a

ɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sɛɛ?

Wodii ahoni a wɔn so nni mfaso akyi,

maa wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufo.

Wɔammisa se, ‘Ɛhe na Awurade wɔ?

Nea oyii yɛn fii Misraim

na ɔde yɛn faa sare wosee so,

nweatam ne abonabon asase

a awo na ayɛ owubon no.

Asase a obiara mfa so na obiara nte so no.’

Mede mo beduaa asasebere so

sɛ munni so nnuaba ne ɛso nnepa.

Nanso mubeguu mʼasase ho fi,

na moyɛɛ mʼagyapade akyiwade.

Asɔfo no ammisa se,

‘Ɛhe na Awurade wɔ?’

Wɔn a wɔde mmara yɛ adwuma no anhwehwɛ me;

ntuanofo sɔre tiaa me.

Adiyifo no de Baal hyɛɛ nkɔm,

na wodii ahoni huhuw akyi.

“Ɛno nti, merebɔ mo kwaadu bio,”

nea Awurade se ni.

“Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu.

Muntwa nkɔ Kitim mpoano nkɔhwɛ,

monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yiye;

monhwɛ sɛ biribi a ɛte sɛɛ asi wɔ hɔ:

Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn ana?

Nso wɔnnyɛ anyame mpo.

Nanso me nkurɔfo de wɔn anuonyam

asesa ahoni huhuw.

Mo ɔsorosoro, momma mo ho nnwiriw mo wɔ eyi ho,

na mo ho nwosow wɔ akomatu mu,”

nea Awurade se ni.

“Me nkurɔfo ayɛ bɔne ahorow abien:

Wɔapa me,

me a meyɛ nkwa asubura no,

na wɔatutu wɔn ankasa mmura amoa,

mmura a apaapae a entumi nkora nsu.

Israel yɛ akoa anaa ɔsomfo fi awo mu ana?

Adɛn nti na wayɛ asade yi?

Gyata abobɔ mu;

wɔaworo so akyerɛ no.

Wɔama nʼasase ada mpan;

wɔahyehyew ne nkurow ayɛ no amamfo.

Afei Memfis ne Tapanhes mmarima

ayi wo ti so nwi.

Ɛnyɛ wo na woama eyi aba wo so

sɛ wopaa Awurade wo Nyankopɔn akyi,

wɔ bere a ɔrekyerɛ wo kwan no?

Afei adɛn nti na wokɔ Misraim

kɔnom Sihor mu nsu?

Na adɛn nti na wokɔ Asiria

kɔnom Asubɔnten no mu nsu?

Wo amumɔyɛ bɛtwe wʼaso;

wo nsanakyi bɛka wʼanim.

Enti dwene ho na hu sɛ,

sɛ wopa Awurade wo Nyankopɔn akyi

na woannya ne ho suro a,

ɛyɛ bɔne ne ɔyaw ma wo.”

Awurade, Asafo Awurade na ose.

“Tete mmere no, wububuu wo konnua mu,

na wotetew wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu;

na wokae se, ‘Merensom wo!’

Ampa, wɔ koko biara so

ne dua biara a adennan ase

na wotena bɔɔ aguaman.

Miduaa wo sɛ bobe ankasa

a efi bobe a ase ye pa ara mu.

Na ɛyɛɛ dɛn na wodan wʼakyi kyerɛɛ me

bɛyɛɛ bobe a anyin asɛe wɔ wura mu yi?

Sɛ wode soda

ne samina bebree guare mpo a,

wʼafɔdi nkekae da so wɔ mʼanim ara,”

sɛnea Otumfo Awurade se ni.

“Ɛbɛyɛ dɛn na woaka se, ‘Me ho nguu fi ɛ;

minnii Baalnom akyi ɛ’?

Hwɛ sɛnea woyɛɛ wo ho wɔ obon no mu;

dwene nea woayɛ no ho.

Woyɛ yomabere hoɔharefo

a wutu mmirika kɔ ha ba ha,

wura mu afurum a nweatam so tena akokwaw no,

ohuahua bere a ɔpɛ sɛ onini hyia no.

Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hena na obesianka no?

Anini biara a wɔtaa no no nhaw wɔn ho bebree;

edu bere a ɛsɛ sɛ wohyia no a wobenya no.

Ntu mmirika nkosi sɛ wʼanan ase bɛyɛ kwaterekwa,

na wo mene mu bɛyow.

Nanso wokae se, ‘So nni mfaso!

Mepɛ ananafo anyame,

na ɛsɛ sɛ midi wɔn akyi.’

“Sɛnea wɔkyere ɔkorɔmfo a wogu nʼanim ase no,

saa na wɔagu Israelfi anim ase,

wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfo,

wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo.

Wɔka kyerɛ dua se, ‘Woyɛ mʼagya,’

ne ɔbo se, ‘Wo na wowoo me.’

Wɔadan wɔn akyi akyerɛ me

na ɛnyɛ wɔn anim;

nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka se,

‘Bra begye yɛn!’

Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he?

Momma wɔmmra sɛ wobetumi agye mo

bere a mowɔ amanehunu mu!

Efisɛ mowɔ anyame bebree

te sɛ nea mowɔ nkurow bebree no, Yuda.

“Adɛn nti na mobɔ me sobo?

Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,”

Awurade na ose.

“Metwee mo nkurɔfo aso kwa;

wɔamfa me nteɛso.

Wʼafoa akunkum wʼadiyifo

te sɛ gyata a nʼani abere.

Read More of Yeremia 2