Yesaia 8:11-22, Yesaia 9:1-21, Yesaia 10:1-19 AKCB

Yesaia 8:11-22

Suro Onyankopɔn

Awurade de ne nsa dennen no too me so, ka kyerɛ me, bɔɔ me kɔkɔ se mennantew saa nkurɔfo yi kwan so. Ɔkae se,

“Mommfrɛ no tirisopam

biribiara a saa nkurɔfo yi frɛ no tirisopam no;

Munnsuro nea wosuro,

na momma ɛmmɔ mo hu.

Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wubu no ɔkronkron,

ɔno na ɛsɛ sɛ wusuro no,

ɔno na ne ho yɛ hu,

ɔbɛyɛ kronkronbea:

nanso Israel ne Yuda de,

ɔbɛyɛ hintibo

ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase.

Na ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem de,

ɔbɛyɛ afiri a ebeyi wɔn.

Wɔn mu bebree bɛwatiri;

wɔbɛhwe ase a wɔrensɔre bio,

wobesum wɔn afiri na ayi wɔn.”

Kyekyere kɔkɔbɔ adanse no

sɔw mmara no ano ma mʼasuafo.

Mɛtwɛn Awurade

a wayi nʼani afi Yakobfi so

mede me werɛ bɛhyɛ ne mu.

Me ne mma a Awurade de wɔn ama me no ni. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne agyiraehyɛde wɔ Israel, na yefi Asafo Awurade a ɔte Sion Bepɔw so no nkyɛn.

Sɛ nnipa tu mo fo sɛ monkohu samanfrɛfo ne nnunsifo a wɔkasa aso mu na emu ntew a, adɛn nti na wommmisa wɔn Nyankopɔn? Adɛn nti na mubisa ade wɔ awufo nkyɛn ma ateasefo? Sɛ wɔannyina mmara ne adanse yi so anka asɛm yi a, wunni adekyee mu hann. Wɔde ahohiahia ne ɔkɔm bɛnantenantew asase no so; na sɛ wɔtɔ beraw a, wɔn bo befuw na wɔbɛma wɔn ani so adome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn. Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wubehu ahohiahia ne sum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛn sum kabii mu.

Read More of Yesaia 8

Yesaia 9:1-21

Wɔawo Akokoaa Ama Yɛn

Nanso wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no renni awerɛhow bio. Kan no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufo man na ne kwan da Yordan ne po ntam no anuonyam.

Nnipa a wɔnam sum mu

ahu Hann kɛse;

wɔn a wɔte asase a so sum kabii no,

hann bi apue wɔn so.

Woatrɛw ɔman no mu

woama wɔn ani agye mmoroso

wodi ahurusi wɔ wʼanim

sɛnea nnipa di ahurusi otwabere,

sɛnea nnipa ho sɛpɛw wɔn

wɔ bere a wɔrekyɛ asade no.

Te sɛ da a Midian dii nkogu no,

woadwerɛw konnua a ɛda wɔn so no,

abaa a ɛda wɔn mmati,

wɔn nhyɛsofo pema.

Ɔkofo mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa

ne atade biara a mogya akeka mu,

wobegyaw agu hɔ na wɔahyew;

ɛbɛyɛ nea ɛma ogya dɛw.

Na wɔawo akokoaa ama yɛn,

wɔama yɛn ɔbabarima,

na amammui no bɛda ne mmati so.

Na wɔbɛfrɛ no

Ɔfotufo Nwonwani, Otumfo Nyankopɔn,

Daa Agya, Asomdwoe Wura.

Nʼamammui no nkɔso ne Nʼasomdwoe

bɛtena hɔ daa.

Ɔbɛtena Dawid ahengua so

abu Nʼahenni,

Ɔde atɛntrenee ne treneeyɛ

befi ase na wama atim

afi saa bere no akosi daa apem.

Asafo Awurade mmɔdemmɔ

bɛyɛ eyi.

Awurade Abufuw A Etia Israel

Awurade ama Yakob nkra a etia no,

na ɛbɛka Israel.

Nnipa no nyinaa behu,

Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria

a wɔde ahohoahoa

ne ahomaso koma kasa no,

“Ntayaa no abubu agu fam

nanso yɛde abo a wɔatwa bɛto bio.

Wɔabubu borɔdɔma nnua no

nanso yɛde sida besi anan mu.”

Nanso Awurade ahyɛ Resin atamfo den atia wɔn,

na ɔhyɛ wɔn atamfo no nkuran.

Aramfo a wofi apuei fam,

Filistifo a wofi atɔe fam,

abue wɔn anom amene Israel.

Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ,

na ne nsa da so wɔ soro.

Nanso nnipa no nsan nkɔɔ nea ɔtwee wɔn aso no nkyɛn,

na wɔnhwehwɛɛ Asafo Awurade no akyi kwan nso.

Enti Awurade betwa eti ne dua afi Israel ho

na berɛw ne demmire nso, ɔde da koro pɛ;

mpanyimfo ne akunini no ne eti no,

na atoro adiyifo no ne dua no.

Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no, nkyerɛ wɔn ɔkwan pa,

na wɔn a wonya akwankyerɛ no nso, fom kwan.

Enti Awurade ani rennye mmerante no ho,

na ɔrenhu ayisaa ne akunafo mmɔbɔ

efisɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumɔyɛfo,

ano biara ka ahuhusɛm.

Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ,

na ne nsa da so wɔ soro.

Nokware, atirimɔden hye te sɛ ogya;

ɛhyew nnɛnkyɛnse ne nsɔe,

ɛde ogya to kwaeberentuw mu hyew no,

na ɛnam wusiw kumɔnn mu foro kɔ soro.

Ɛnam Asafo Awurade abufuw so,

asase no bɛkyen

na nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no;

na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no.

Nifa so, wɔbɛfom aduan adi,

nanso ɔkɔm bɛde wɔn;

benkum so wobedidi,

nanso wɔremmee.

Obiara bɛwe ne ba nam.

Manase bɛdan Efraim na Efraim adan Manase

na wɔbɛbɔ mu atia Yuda.

Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ,

na ne nsa da so wɔ soro.

Read More of Yesaia 9

Yesaia 10:1-19

Wonnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmfa ne kwan mu,

wɔn a wɔhyɛ mmara dennen a ɛde nhyɛso ba,

de siw ahiafo ahofadi ho kwan,

de atɛntrenee bɔ me nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn so no atirimɔden.

Wɔma akunafo yɛ amanehunufo

na wɔbɔ ayisaa korɔn.

Dɛn na mobɛyɛ wɔ akontaabu da no,

bere a amanehunu fi akyirikyiri reba?

Hena nkyɛn na mubeguan akɔpɛ mmoa?

Ɛhefa na mubegyaw mo ahode?

Ɛrenka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafo mu

anaasɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfo mu.

Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ,

na ne nsa da so wɔ soro.

Asiria Atemmu A Efi Onyankopɔn

“Nnome nka Asiriani no, mʼabufuw abaa,

nea okura mʼabufuwhyew pema no!

Mesoma no akɔ ɔman a wonnim Onyankopɔn so

migya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuw so

sɛ wonkogye akorɔnne abran so na wonhuam afowde,

na wontiatia wɔn so sɛ dɔte wɔ mmɔnten so.

Nanso ɛnyɛ eyi ne nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ

ɛnyɛ eyi ne nea ɛwɔ nʼadwene mu;

ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe,

sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awiei.

Na obisa se, ‘Ahemfo nyinaa nyɛ mʼasahene ana?

Kalno nyɛɛ sɛ Karkemis ana?

Hamat nte sɛ Arpad

na Samaria nte sɛ Damasko ana?

Sɛnea migyee ahoni ahenni ahorow abran so,

ahenni a wɔn nsɛsode sen nea ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no.

Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsode nni,

sɛnea me ne Samaria ne nʼahoni dii no?’ ”

Sɛ Awurade wie nʼadwuma a etia Bepɔw Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka se, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ ne komapirim ne nʼani a ɛnsɔ ade no ho. Efisɛ ɔka se,

“ ‘Mede mʼahoɔden na ayɛ eyi,

na mifi me nyansa mu, efisɛ mewɔ nimdeɛ.

Mesɛee aman aman ahye,

mefow wɔn ademude;

mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbran.

Sɛnea obi teɛ ne nsa hyɛ berebuw mu no,

saa ara nso na mɛteɛ me nsa wɔ amanaman no ahonyade so;

sɛnea wɔtase nkesua a wɔagyaw hɔ no,

saa ara na mɛboaboa amanaman no nyinaa ano;

obiara ammɔ ne ntaban mu,

na wammue nʼano ansu.’ ”

Abonnua ma ne ho so tra nea ɔtow,

anaasɛ ɔwan hoahoa ne ho kyɛn nea ɔde no yɛ adwuma ana?

Ayɛ te sɛnea abaa tumi dannan nea ɔmaa no so,

anaasɛ poribaa tumi hinhim nea ɔnyɛ dua!

Afei Awurade, Asafo Awurade,

de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofo ahoɔdenfo no;

ne kɛseyɛ mu wobefita ogya mu ama adɛw

te sɛ gyaframa.

Israel Hann no bɛdan ogya.

Wɔn Kronkronni no bɛyɛ ogya a ɛdɛw;

ɔde da koro bɛhyew na wasɛe

ne nsɔe ne nnɛnkyɛnse.

Ne kwae ne nʼasasebere anuonyam no,

ɛbɛsɛe pasapasa

te sɛ ɔyarefo a ɔrefɔn.

Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwae mu bɛyɛ kakraa bi

a abofra betumi akyerɛ ne dodow.

Read More of Yesaia 10