Yesaia 44:24-28, Yesaia 45:1-25, Yesaia 46:1-13 AKCB

Yesaia 44:24-28

Wɔbɛtena Yerusalem

“Sɛɛ na Awurade se,

wo Gyefo a ɔnwen wo wɔ awotwaa mu no:

“Mene Awurade,

nea wayɛ nneɛma nyinaa,

nea ɔno nko ara trɛw ɔsoro mu

nea ɔno nko ara twee asase mu,

nea ɔsɛe atoro adiyifo nsɛnkyerɛnne

na ɔma nkɔmhyɛfo yɛ nkwaseafo,

nea otutu anyansafo adenim gu

na ɔdan no nkwaseasɛm,

nea ɔma nʼasomfo nsɛm ba mu

nea ɔhyɛ nʼasomafo nkɔmhyɛ mu ma,

“nea ɔka fa Yerusalem ho se, ‘Wɔbɛtena mu,’

ne Yuda nkurow ho se, ‘Wɔbɛkyekye,’

ne mmubui ho se, ‘Mɛyɛ no foforo,’

nea ɔka kyerɛ asubun se, ‘Yow,

na mɛma wo nsuwa ayoyow,’

nea ɔka wɔ Kores ho se, ‘Ɔyɛ me guanhwɛfo

na obewie nea mepɛ nyinaa yɛ;

ɔbɛka afa Yerusalem ho se, “Ma wɔnkyekyere bio,”

na waka afa asɔredan no ho se, “Ma wɔnto ne fapem.” ’ ”

Read More of Yesaia 44

Yesaia 45:1-25

“Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ nea wasra no ngo,

Kores a maso ne nsa nifa mu

sɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanim

na onnye ahemfo akode mfi wɔn nsam

sɛ ommuebue apon a ɛwɔ nʼanim

sɛnea kurow apon no mu rentoto.

Medi wʼanim

mɛyɛ mmepɔw tamaa;

mebubu kɔbere mfrafrae apon agu

na matwitwa nnade adaban mu.

Mede sum mu ademude bɛma wo

ahonyade a wɔde asie kokoa mu

sɛnea wubehu sɛ, mene Awurade,

Israel Nyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ wo no.

Me somfo Yakob nti,

Israel a mapaw no nti,

mebɔ wo din frɛ wo

na mɛma wo anuonyamhyɛ abodin,

ɛwɔ mu sɛ wunnyee me ntoo mu de.

Mene Awurade, obiara nni hɔ bio;

Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho.

Mɛhyɛ wo den,

ɛwɔ mu sɛ wunnyee me ntoo mu de,

sɛnea ɛbɛyɛ a efi nea owia pue

kosi beae a ɛtɔ no

nnipa behu sɛ obiara nka me ho.

Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio.

Meyɛ hann, na mebɔ sum.

Mede yiyedi ba na mede ɔhaw ba;

Me, Awurade, na meyɛ eyinom nyinaa.

“Mo ɔsorosoro munhwie trenee ngu fam;

momma emfi omununkum mu ntɔ

momma asase mu mmue kɛse,

na nkwagye mpue mfi mu,

na trenee ne no nnyin;

Me, Awurade na mayɛ.

“Nnome nka nea ɔne ne Yɛfo ham

ɛnka nea ɔmfra te sɛ kyɛmfɛre a ɛfra nea egugu fam mu.

Dɔte betumi abisa ɔnwemfo se,

‘Dɛn na woreyɛ yi?’

Wʼadwuma betumi abisa wo se

‘Wunni nsa’?

Nnome nka nea ose nʼagya se

‘Dɛn na woawo yi?’

Anaa obisa ne na se,

‘Dɛn na wokyem woe?’

“Sɛɛ na Awurade se,

Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfo;

Nea ɛfa nneɛma a ɛreba ho no,

wubisa me nsɛm a ɛfa me mma ho,

anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho?

Ɛyɛ me na meyɛɛ asase

na mebɔɔ adesamma guu so.

Me ara me nsa na mede trɛw ɔsoro mu;

nsoromma ahorow nyinaa hyɛ mʼase.

Mɛma Kores so wɔ me trenee mu;

meteɛteɛ nʼakwan nyinaa.

Ɔbɛsan akyekyere me kuropɔn

na wagyaa me nnommumfo,

nanso ɔrennye akatua anaa akyɛde,

Asafo Awurade na ose.”

Sɛɛ na Awurade se:

“Nneɛma a efi Misraim ne aguade a efi Kus,

ne Sebafo atenten no,

wɔbɛba wo nkyɛn

abɛyɛ wo dea;

wobedi wʼakyi brɛoo aba a

wogu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.

Wobebu nkotodwe wʼanim

na wɔasrɛ wo aka se,

‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na obi nni hɔ;

onyame biara nni hɔ.’ ”

Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie,

Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa.

Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase;

wɔbɛbɔ mu akɔ animguase mu.

Nanso Awurade begye Israel nkwa,

ɔde daapem nkwagye;

wɔremma wʼani nwu na wʼanim rengu ase bio

kosi daapem.

Na sɛɛ na Awurade se,

nea ɔbɔɔ ɔsorosoro no

ɔno ne Onyankopɔn;

nea ɔmaa asase, ne tebea na ɔbɔe no,

ɔno na ɔtoo ne fapem;

wammɔ no sɛ so nna hɔ kwa,

mmom, ɔyɛe se nnipa ntena so,

ɔka se:

“Mene Awurade,

na obi nni hɔ.

Menkasaa wɔ kokoa mu,

mfi asase so baabi a aduru sum;

menka nkyerɛɛ Yakob asefo se,

‘Monhwehwɛ me na munhu me.’

Me Awurade, meka nokware no;

meka nea eye.

“Mommoaboa mo ho ano na mommra;

munhyia mu, mo aguanfo a mufi amanaman so.

Wɔn a wonnim de na wɔsoa nnua ahoni de kyinkyin

wɔn a wɔbɔ anyame a wontumi nnye nkwa no mpae.

Mompae mu nka nea ebesi, momfa nto gua,

ma wɔmmɔ mu ntu agyina.

Hena na odii kan kaa no teteete,

hena na ɔdaa no adi fi tete nteredee?

Ɛnyɛ me Awurade ana?

Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho,

trenee Nyankopɔn ne Agyenkwa;

obiara nni hɔ sɛ me.

“Monnan mmra me nkyɛn na munnya nkwa,

mo a mowɔ asase ano nyinaa;

efisɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ.

Maka me ho ntam,

mʼano aka wɔ nokwaredi nyinaa mu

asɛm a wɔntwe nsan sɛ:

obiara bebu nkotodwe wɔ mʼanim.

Na obiara bɛpae mu aka se, mene Onyankopɔn.

Wɔbɛka me ho asɛm se, ‘Awurade nko ara mu

na trenee ne ahoɔden wɔ.’ ”

Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaa

bɛba ne nkyɛn na wɔn anim begu ase.

Nanso Awurade mu, Israel asefo nyinaa

wobebu wɔn bem, na wɔahoahoa wɔn ho.

Read More of Yesaia 45

Yesaia 46:1-13

Babilonia Anyame

Bel bɔ ne mu ase, Nebo brɛ ne dibea ase;

mfurum soa wɔn ahoni.

Nsɛsode a wɔso nenam no mu yɛ duru,

ɛyɛ adesoa ma nea wabrɛ.

Wɔbɔ mu kotow, bɔ wɔn mu ase;

wontumi nsiw amanehunu ano,

wɔn ankasa kɔ nkoasom mu.

“Muntie me, Yakobfifo,

mo a moaka wɔ Israelfi nyinaa,

mo a maso mo mu fi mo nyinsɛn mu,

na maturu mo afi bere a wɔwoo mo.

Mpo kosi mo nkwakoraa bere ne bere a mubefuw dwen mu,

Me ne no, Me ne nea obeso mo mu.

Mabɔ mo na meturu mo;

mɛwowaw mo na megye mo.

“Hena ho na mode me bɛto, anaa mubebu no me sɛso?

Hena na mode me besusuw no, na mode no atoto me ho?

Ebinom hwie sikakɔkɔɔ fi wɔn nkotoku mu

na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so;

wɔbɔ sika dwumfo paa, ma ɔde yɛ onyame bi,

na wɔkotow sɔre no.

Wɔsoa no wɔ wɔn mmati so,

wɔde kosi nʼafa, na ɛka hɔ ara.

Ɛrentumi mfi faako a esi.

Obi teɛ mu frɛ no de, nanso ommua;

ɛrentumi nyi no mfi ne haw mu.

“Monkae yiye, momma ɛnka mo tirim,

munnwen ho mo atuatewfo.

Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no;

Mene Onyankopɔn, na obi nni hɔ;

Mene Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me.

Meda awiei adi fi mfiase,

efi tete, meka nea ɛbɛba.

Meka se: ‘Mʼatirimpɔw begyina,

na mɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’

Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afi apuei fam;

afi akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botae ma.

Nea maka no, ɛno na mɛma aba mu;

nea madwen ho no, ɛno na mɛyɛ.

Muntie me, mo a moyɛ akokodurufo,

mo a mo ne trenee ntam kwan ware;

Mede me trenee rebɛn,

enni akyirikyiri;

na me nkwagye nso renkyɛ.

Mɛma Sion nkwagye,

na mede mʼanuonyam ama Israel.

Read More of Yesaia 46