Yesaia 30:19-33, Yesaia 31:1-9, Yesaia 32:1-20 AKCB

Yesaia 30:19-33

Sionfo a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ musu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a obegye mo so prɛko pɛ. Ɛwɔ mu, Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduan ne ɔhaw sɛ nsu de, nanso, afei mubehu Awurade, mo kyerɛkyerɛfo no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan. Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte nne bi wɔ mo akyi a ɛka se, “Ɔkwan no ni na momfa so.” Afei mobɛtow mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsode a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛtow wɔn agu sɛ ntamagow fi, na moaka kyerɛ wɔn se, “Mumfi yɛn so nkɔ.”

Afei ɔde osu behyira mo bere a mudua nnuaba, na aduan a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Da no, mo anantwi bedidi wɔ adidibea a ɛtrɛw so. Mo anantwi ne mo mfurum a wofuntum asase no bɛwe atoko pa ne ne ntɛtɛ a, wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛw mu. Saa okum kɛse da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛteɛ wɔ bepɔw tenten ne koko a ɛkorɔn biara so. Ɔsram bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mpɛn ason, te sɛ nnafua ason mu hyerɛn, bere a Awurade kyekyere ne nkurɔfo akuru na ɔsa apirakuru a ɔde ama wɔn no.

Hwɛ! Awurade fi akyirikyiri reba,

ɔde abufuwhyew ne wusiw kumɔnn;

abufuw ahyɛ nʼanom ma,

na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhyew nneɛma.

Ne home te sɛ asuworoe a ɛsen ntɛmntɛm,

na ɛforo kɔdeda kɔn mu.

Ɔwosow aman no wɔ ɔsɛe sɔnee so;

ɔde nnareka a ɛma wɔfom kwan

hyehyɛ nnipa no nnyepi.

Na mobɛto dwom

te sɛ anadwo a mudi afahyɛ kronkron no;

mo koma bedi ahurusi

te sɛ bere a nnipa de atɛntɛbɛn foro

Awurade bepɔw no so,

kɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn.

Awurade bɛma nnipa ate nʼabrɛmpɔnnne

na ɔbɛma wɔahu ne basa a ɛresian

na ɛde abufuwhyew ne ogya a ɛhyew nneɛma

osu dennen, aprannaa ne mparuwbo reba.

Awurade nne bɛhwe Asiria;

ɔde nʼabaa bɛbɔ wɔn ahwe fam.

Ɔbɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu,

na bere biara a ɔbɛbɔ wɔn no

ɛbɛyɛ sɛ akasae ne sankuten so nnwonto koro.

Wɔasiesie Topet dedaada;

wɔayɛ no krado ama ɔhene no.

Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebree

wɔ ne gya amoa no a emu dɔ na ɛtrɛw no mu;

Awurade home

te sɛ sufre asuten no

bɛsɔ mu gya.

Read More of Yesaia 30

Yesaia 31:1-9

Wɔn A Wɔde Wɔn Ho To Misraim So No Nnue

Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ mmoa,

wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,

wɔn a wogye wɔn nteaseɛnam dodow

ne wɔn apɔnkɔsotefo ahoɔden mmoroso no di,

na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no,

anaasɛ wɔmpɛ mmoa mfi Awurade hɔ.

Nanso Awurade yɛ onyansafo a obetumi de ɔhaw aba;

ɔnsesa nʼano.

Ɔbɛsɔre atia amumɔyɛfo fi,

ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfo.

Na Misraimfo yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn.

Wɔn apɔnkɔ yɛ ɔhonam na wɔnyɛ honhom.

Awurade teɛ ne nsa a,

ɔboafo bɛwatiri

na nea wɔboa no no bɛhwe ase;

wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe.

Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me:

“Sɛnea gyata woro so,

sɛnea gyata kokroo woro so gu ne hanam so no

a mpo sɛ wɔfrɛ nguanhwɛfo dɔm kɔ no so a,

wɔn nteɛteɛmu mmɔ no hu

na wɔn huuyɛ nso nhaw no no,

saa ara na Asafo Awurade besian

abɛko wɔ Sion Bepɔw ne ne sorɔnsorɔmmea so.

Sɛnea nnomaa tu gyina faako wɔ wim no

saa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban;

ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no,

obegyaa no na wagye no asi hɔ.”

Monsan nkɔ nea moayɛ dɔm atia no no nkyɛn, Israelfo. Da no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi ayɛ no.

“Asiria bɛhwe ase wɔ afoa a ɛnyɛ onipa de ano;

afoa a ɛnyɛ onipa de bɛsɛe wɔn.

Wobeguan afi afoa no ano

na wɔbɛma wɔn mmerante ayɛ ɔhyɛ adwuma.

Wɔn abandennen bebubu, ehu nti;

wohu akofo frankaa a, wɔn asraafo mpanyimfo bɛbɔ huboa,”

sɛɛ na Awurade se,

nea ne gya wɔ Sion,

na ne fononoo si Yerusalem no.

Read More of Yesaia 31

Yesaia 32:1-20

Trenee Ahenni

Hwɛ, ɔhene bi bedi hene wɔ trenee mu

na ahemfo de atɛntrenee adi nnipa so.

Onipa biara bɛyɛ mframa ano hintabea

ne ahum mu guankɔbea,

ɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ nweatam so

ne ɔbotan kɛse sunsuma a ɛwɔ osukɔm asase so.

Wɔn a wohu no ani renkata bio,

na wɔn a wɔte asɛm no aso betie.

Nea ɔyɛ adwene mu hare behu na wate ase,

wɔn a wɔpo dodow bɛkasa na mu ada hɔ.

Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onuonyamfo bio

na wɔremfa nidi mma apapahwekwa.

Ɔkwasea ka nkwaseasɛm

na osusuw bɔne ho:

ɔyɛ anyame apɛde

ɔka Awurade ho nsɛm a enye;

ɔmma nea ɔkɔm de no no aduan

ɔde nsu kame nea osukɔm de no.

Apapahwekwa akwan yɛ amumɔyɛ,

ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛe

de atoro sɛe ohiani,

wɔ bere a ohiani asɛm yɛ nokware mpo.

Nanso onuonyamfo yɛ nhyehyɛe a ɛho wɔ nyam

na nneyɛe pa no nti ɔda nsow.

Yerusalem Mmabaa

Mo mmea a mugye mo ho di,

monsɔre na muntie me;

mo mmabea a mususuw sɛ mowɔ bammɔ

monyɛ aso mma nea mewɔ ka!

Afe akyi nna kakra bi no

mo a mugye di sɛ mowɔ bammɔ ho bɛpopo;

bobe twabere no bedi mo huammɔ,

nnuaba no twabere nso remma.

Mo ho mpopo, mo mmea a mugye mo ho di

mommɔ hu, mo mmabea a mugye di sɛ mowɔ bammɔ!

Mompa mo ho ntama

na momfa atweaatam mmɔ mo asen.

Mommobɔ mo koko so sɛ mowɔ mfuw afɛfɛ

ne bobe a ɛso no nti,

ne me nkurɔfo asase,

asase a nsɔe ne nnɛnkyɛnse agye afa.

Yiw, montwa adwo mma afi a wogye wɔn ani wɔ mu

ne saa ahosɛpɛw kuropɔn yi.

Wobegyaw aban no hɔ,

na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan;

abanwa ne ɔwɛn aban bɛdan asasehunu afebɔɔ,

nea mfurum pɛ ne nguankuw didibea,

kosi sɛ wobehwie honhom afi ɔsoro agu yɛn so,

na nweatam bɛdan asasebere

na asasebere ayɛ sɛ kwae.

Trenee bɛtena nweatam so

na adetreneeyɛ atena asasebere so.

Adetreneeyɛ bɛsow asomdwoe aba;

nea adetreneeyɛ de ba no bɛyɛ kommyɛ ne ahotoso a enni awiei.

Me nkurɔfo bɛtenatena mmeae a asomdwoe wɔ

afi a wɔabɔ ho ban

homebea a ɔhaw biara nni hɔ.

Mpo sɛ mparuwbo sɛe kwae no

na kuropɔn no sɛe koraa a,

wobehyira wo,

wubedua wʼaba wɔ nsuwa biara ho,

na wama wʼanantwi ne wo mfurum anantew baabiara.

Read More of Yesaia 32