Yesaia 24:1-23, Yesaia 25:1-12, Yesaia 26:1-21 AKCB

Yesaia 24:1-23

Asase Sɛe A Efi Awurade

Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpan

na wasɛe no;

ɔbɛsɛe asase ani

na wabɔ sotefo ahwete,

ɛbɛyɛ saa ara

ama ɔsɔfo sɛnea ɛbɛyɛ ama nnipa,

ama owura sɛnea ɛbɛyɛ ama asomfo,

ama awuraa sɛnea ɛbɛyɛ ama afenaa,

ama nea ɔtɔn sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔtɔ,

ama nea ogye bosea sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔma bosea,

ama ɔkafo sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔde ma.

Asase bɛda mpan koraa,

na wɔafom so nneɛma.

Awurade, na waka saa asɛm yi.

Asase so yɛ wosee, na ekisa

wiase kɔ ahoyeraw mu, na ekisa,

nea wɔama no so wɔ asase so ho yeraw no.

Asase so nnipa agu ne ho fi;

wɔanni mmara no so,

wɔabu ahyɛde no so

na wɔasɛe apam a ɛwɔ hɔ daa no.

Enti nnome amene asase no

ɛsɛ sɛ so nnipa nya wɔn afɔdi so akatua

ne saa nti wɔahyew asase no so nnipa,

na kakraa bi pɛ na wɔaka.

Nsa foforo no ho yow na bobe no guan;

wɔn a wogye wɔn ani no si apini.

Akasaebɔ mu anigye no agyae,

ahosɛpɛwfo no nteɛteɛmu no agyae.

Sankuten so nnwom dɛdɛ no ayɛ dinn.

Wɔnnto dwom mfa nnom nsa bio;

mmorɔsa ayɛ nwen ama anomfo.

Kuropɔn a wɔasɛe no ada mpan;

wɔatoto ofi biara apon mu.

Wɔpere nsa wɔ mmɔnten so;

ahosɛpɛw nyinaa adan bosooyɛ,

anigye nyinaa atu ayera wɔ asase no so.

Kuropɔn no asɛe,

wɔabubu nʼapon mu nketenkete.

Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ asase no so

ne amanaman no mu,

sɛnea wɔboro ngodua a ɛyɛ no,

anaa sɛnea wogyaw mpɛpɛ wɔ bobe twabere akyi no.

Wɔma wɔn nne so, wɔde anigye teɛteɛ mu;

efi atɔe fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ.

Enti apuei fam, monhyɛ Awurade anuonyam;

momma Awurade din so, Israel Nyankopɔn no,

wɔ supɔw a ɛwɔ po so no so.

Yɛte nnwonto fi asase ano yɛte se,

“Anuonyam nka Ɔtreneeni no.”

Nanso mekae se, “Matɔ beraw, mapa abaw!

Minnue!

Ɔfatwafo di huammɔ!

Ɔnam nnaadaa so di huammɔ.”

Ehu, amoa ne afiri retwɛn mo,

nnipa a mote asase so.

Nea ehu nti oguan no

bɛtɔ amoa mu;

nea ɔforo fi amoa mu no

afiri beyi no.

Wɔabue nsu apon wɔ ɔsoro,

na asase nnyinaso wosow.

Wɔadwiriw asase no

na emu apaapae,

na asase awosow ankasa.

Asase tɔ ntintan te sɛ ɔsabowfo.

Ehinhim biribiri te sɛ ntamadan wɔ mframa ano;

nʼatuatew ho afɔdi ayɛ adesoa ama no

na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.

Saa da no, Awurade bɛtwe

ɔsoro atumfo

ne ahemfo a wɔwɔ asase so aso.

Wɔbɛka wɔn nyinaa abɔ mu

sɛ nneduafo ahyɛ afiase amoa mu;

wɔbɛto wɔn mu wɔ afiase

na nna bebree akyi no wɔatwe wɔn aso.

Ɔsram anim begu ase na owia ani awu;

na Asafo Awurade bedi hene

wɔ Sion bepɔw so ne Yerusalem,

ne wɔn mpanyimfo anim, wɔ anuonyam mu.

Read More of Yesaia 24

Yesaia 25:1-12

Ayeyi Nka Awurade

Awurade, wo ne me Nyankopɔn;

mɛma wo so na mayi wo din ayɛ,

efisɛ wufi nokwaredi mu,

ayɛ anwonwade bebree,

nneɛma a wɔahyehyɛ fi teteete.

Woayɛ kuropɔn no nnwiriwii siw,

kurow no a ɛwɔ bammɔ no asɛe;

ananafo abandennen no nyɛ kuropɔn bio;

na wɔrensi bio.

Enti aman a wɔyɛ den bedi wo ni

atutuwpɛfo aman bɛhyɛ wo anuonyam.

Woayɛ ahiafo guankɔbea,

ohiani mmɔborɔni guankɔbea,

ahum ano ahintawee

ɔhyew mu nwini

na atirimɔdenfo home

te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasu

ne ɔhyew a ɛwɔ nweatam so.

Wobrɛ ananafo huuyɛ ase;

sɛnea omununkum brɛ owia hyew ano ase no,

saa ara na atirimɔdenfo nnwom nso begyae.

Asafo Awurade bɛto pon wɔ saa bepɔw yi so

obesiesie nnuan pa ne nsa a adi nna;

nam pa ne nsa pa ama nnipa nyinaa.

Wɔ bepɔw yi so, ɔbɛsɛe

ntama a ɛkata nnipa nyinaa ho

ne nkataso a ɛkata aman nyinaa so no;

Ɔbɛmene owu afebɔɔ.

Asafo Awurade bɛpepa

ani so nusu nyinaa.

Obeyi ne nkurɔfo ahohora,

afi nsase nyinaa so.

Awurade, na waka.

Saa da no, wɔbɛka se,

“Ampa ara yɛn Nyankopɔn ni;

yɛde yɛn ho too no so na ogyee yɛn;

Awurade no ni, yegyee no dii;

momma yenni ahurusi na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagye no mu.”

Awurade nsa bɛda saa bepɔw yi so;

nanso obetiatia Moab so

te sɛ sare a wotiatia so de fra sumina.

Wɔbɛtrɛtrɛw wɔn nsa mu wɔ so,

sɛnea asuguarefo trɛtrɛw wɔn nsa mu de guare.

Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomaso ase

a ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadi ho.

Obebubu mo bammɔ afasu atenten no agu,

obebubu agu fam

ama ayɛ mfutuma.

Read More of Yesaia 25

Yesaia 26:1-21

Ayeyi Dwom

Saa da no, wɔbɛto saa dwom yi wɔ Yuda asase so:

Yɛwɔ kuropɔn dennen;

Onyankopɔn de nkwagye

ayɛ nʼafasu ne ne hankare a ɛkorɔn.

Mummuebue apon no

na atreneefo man no nhyɛn mu,

ɔman nokwafo no.

Wobɛkora no so asomdwoe mu

nea wasi nʼadwene pi,

efisɛ ɔde ne ho to wo so.

Fa wo ho to Awurade so afebɔɔ,

efisɛ, Awurade, Awurade yɛ daa Botan.

Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase,

na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase;

obubu gu fam pasaa

ma ɛda mfutuma mu.

Anammɔn tiatia so,

wɔn a wɔhyɛ wɔn so anammɔn

ahiafo anammɔntu.

Ɔtreneeni kwan so yɛ tamaa;

wo, Ɔnokwafo, woma ɔtreneeni kwan so yɛ trontrom.

Yiw, Awurade, yɛnam wo mmara kwan so yi,

yɛretwɛn wo;

na wo din ne ne kɛseyɛ

yɛ nea yɛn koma pɛ.

Me kra pere hwehwɛ wo anadwo;

anɔpa nso me honhom ani gyina wo.

Sɛ wʼatemmu ba asase yi so a,

nnipa a wɔwɔ wiase sua treneeyɛ.

Ɛwɔ mu sɛ wuyi adom adi kyerɛ amumɔyɛfo de,

nanso wonsua treneeyɛ;

na mpo atreneefo asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔne

na wommu Awurade kɛseyɛ.

Ao Awurade, wɔama wo nsa so kɔ soro,

nanso wonhu.

Ma wonhu wo mmɔdemmɔ wɔ wo nkurɔfo ho na ɛnhyɛ wɔn aniwu;

ma ogya a wɔasɔ ama wʼatamfo no nhyew wɔn.

Awurade, woama yɛn asomdwoe;

nea yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn.

Awurade yɛn Nyankopɔn, awuranom afoforo bi adi yɛn so,

nanso wo din nko ara na yɛ kamfo.

Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio;

ahonhom a wɔafi mu no wɔrensɔre.

Wotwee wɔn aso na wosɛee wɔn

wɔama yɛn werɛ afi wɔn.

Woama ɔman no ayɛ kɛse, Awurade;

woama ɔman no ayɛ kɛse;

woahyɛ wo ho anuonyam;

woatrɛtrɛw asase no ahye nyinaa mu.

Awurade, wofi ahohia mu baa wo nkyɛn;

bere a wotwee wɔn aso no,

na wontumi mmue wɔn ano mpo mmɔ mpae.

Sɛnea ɔpemfo a awo aka no

fi ɔyaw mu bukabukaw ne mu na osu no,

saa ara na yɛyɛe wɔ wʼanim, Awurade.

Yenyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyaw mu

nanso yɛwoo mframa.

Yɛamfa nkwagye amma asase so;

wɔanwo nnipa amma asase so.

Nanso wʼawufo benya nkwa;

wɔn nipadua bɛsɔre.

Ma wɔn a wɔtete mfutuma mu no,

nsɔre mfa anigye nteɛ mu.

Mo bosu te sɛ anɔpa bosu;

asase beyi nʼafunu apue.

Monkɔ, me nkurɔfo, monhyɛnhyɛn mo adan mu

na montoto apon no mu;

momfa mo ho nsie bere tiaa bi

kosi sɛ nʼabufuwhyew ano bedwo.

Hwɛ, Awurade refi nʼatenae

abɛtwe nnipa a wɔte asase so aso wɔ wɔn bɔne ho.

Asase bɛda mogya a wɔahwie agu no so no adi;

ɔrentumi mfa nʼatɔfo nsie bio.

Read More of Yesaia 26