Hosea 8:1-14, Hosea 9:1-17 AKCB

Hosea 8:1-14

Israel Betwa Mfɛtɛ Aba

“Monhyɛn torobɛnto!

Ɔkɔre bi wɔ Awurade fifo so

efisɛ nnipa no abu mʼapam so

na wɔasɔre atia me mmara.

Afei Israel su frɛ me se,

‘Yɛn Nyankopɔn, yegye wo to mu!’

Nanso Israel apo nea eye;

ɔtamfo bɛtaa no.

Wosisi ahemfo a minnim ho hwee,

wɔpaw ahenemma wɔ bere a mempenee so ɛ.

Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho

de sɛe wɔn ankasa ho.

Tow wo nantwi ba ohoni no kyene, Samaria!

Mʼabufuwhyew reba wɔn so.

Wɔbɛtena nea ɛho ntew mu akosi da bɛn?

Wofi Israel!

Saa nantwi ba yi, odwumfo bi na osenii;

ɛnyɛ Onyankopɔn!

Wobebubu mu asinasin,

saa Samaria nantwi ba no.

“Wodua mframa

na wotwa mfɛtɛ.

Awi a egyina hɔ no nni ti;

nti wɔrennya siam mfi mu.

Sɛ ɛsow aduan mpo a,

ahɔho na wobedi.

Wɔamene Israel;

afei ɔfra aman no mu

te sɛ ade a so nni mfaso biara.8.8 Wɔfaa Israel sɛ Onyankopɔn ankasa nkurɔfo (2 Mose 19.5; Amos 3.2). Nanso esiane sɛ ɔde ne ho akɔma aman foforo bi nti, nʼanuonyam pa ma ɔbɛyɛɛ animguaseman maa Onyankopɔn.

Na wɔakɔ Asiria

te sɛ wuram afurum a ɔno nko ara nenam.

Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfo.

Ɛwɔ mu, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu de,

nanso mɛboaboa wɔn ano.

Wɔn so befi ase atew

wɔ ɔhene kɛse bi nhyɛso ase.

“Ɛwɔ mu sɛ Efraim sisii afɔremuka bebree a wɔbɔ bɔnefakyɛ afɔre wɔ so de,

ɛno nti abɛyɛ afɔremuka a wɔyɛ bɔne wɔ so.

Mekyerɛw me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn,

nanso wɔfaa no sɛ ananafo ade.

Wɔde mʼayɛyɛde bɔ afɔre

na wɔwe nam no,

nanso wɔnsɔ Awurade ani.

Afei ɔbɛkae wɔn atirimɔdensɛm

na wɔatwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho:

Wɔbɛsan akɔ Misraim.

Israel werɛ afi ne yɛfo

na wasisi ahemfi akɛseakɛse;

Yuda abɔ nkurow bebree ho ban.

Nanso mɛto ne nkuropɔn mu gya

a ɛbɛhyew wɔn aban.”

Read More of Hosea 8

Hosea 9:1-17

Israel Asotwe

Nni ahurusi, Israel;

nsɛpɛw wo ho te sɛ aman a aka no.

Efisɛ woanni wo Nyankopɔn nokware,

wʼani gye aguamammɔ ho

wɔ awiporowbea nyinaa so.

Awiporowbea ne nsakyiamoa rentumi mma nnipa no aduan;

nsa foforo nso bɛbɔ wɔn.

Wɔrentena Awurade asase no so bio;

Efraim bɛsan akɔ Misraim

na wadi aduan a ɛho ntew wɔ Asiria.

Wɔremmɔ ahwiesa afɔre mma Awurade,

na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani.

Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ asufo brodo de ama wɔn;

wɔn a wodi nyinaa ho begu fi.

Saa aduan no bɛyɛ wɔn ankasa dea

na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.

Dɛn na mobɛyɛ wɔ mo aponto da no

ne Awurade afahyɛnna no nso?

Mpo sɛ woguan fi ɔsɛe mu a

Misraim bɛboaboa wɔn ano,

na Memfis besie wɔn.

Wɔn dwetɛ ahonyade befuw wura,

na wɔn ntamadan adan nsɔe.

Asotwe nna no reba,

akontaabu nna no adu;

ma Israel nhu eyi.

Esiane mo bɔne bebrebe

ne mo akokoakoko a adɔɔso nti

mofa no sɛ odiyifo yɛ kwasea,

na nea honhom akanyan no no yɛ ɔbɔdamfo.

Odiyifo no ne me Nyankopɔn

yɛ Efraim so wɛmfo,

nanso wɔasum no afiri wɔ nʼakwan nyinaa so,

na ɔtan ahyɛ ne Nyankopɔn fi ma.

Wɔadu porɔwee bun mu,

sɛnea na ɛte wɔ Gibea nna no mu.

Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimɔden

na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.

“Bere a mihuu Israel no,

na ɛte sɛ nea mahu bobe wɔ nweatam so;

bere a mihuu mo agyanom no,

na ɛte sɛ nea mahu borɔdɔma aba a edi kan wɔ ne dua so.

Nanso bere a wɔbaa Baal-Peor nkyɛn no

wodwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no.

Wɔn ho yɛɛ nwini te sɛ ohoni a wɔdɔ no no ara.

Efraim anuonyam betu akɔ sɛ anomaa,

nyinsɛn ne awo nni ne mu.

Mpo sɛ wɔtetew mmofra a,

mɛma mmofra no awuwu wɔ wɔn nsa mu.

Wonnue,

sɛ miyi mʼani fi wɔn so a!

Mahu Efraim te sɛ Tiro,

a ɛda baabi a eye.

Nanso Efraim de ne mma

bɛbrɛ okumfo no.”

Fa ma wɔn, Awurade,

dɛn na wode bɛma wɔn?

Ma wɔn ɔyafunu a ɛpɔn

ne nufu a nufusu nni mu.

“Wɔn atirimɔdensɛm nyinaa a wodii wɔ Gilgal nti,

mefaa wɔn ho tan wɔ hɔ.

Wɔn nnebɔne nti

mɛpam wɔn afi me fi.

Merennɔ wɔn bio;

efisɛ wɔn ntuanofo nyinaa yɛ atuatewfo.

Efraim agyigya,

wɔn ntin akisa,

nti wɔnsow aba.

Sɛ wɔwo mma mpo a,

mekunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.”

Me Nyankopɔn bɛpo wɔn,

efisɛ, wɔanyɛ osetie amma no;

Wobekyinkyin aman no mu.

Read More of Hosea 9