Hosea 6:1-11, Hosea 7:1-16 AKCB

Hosea 6:1-11

Israel Nni Ahonu

“Mommra, momma yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn.

Watetew yɛn mu asinasin

nanso ɔbɛsa yɛn yare.

Wapirapira yɛn

nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuru.

Nnaanu akyi, ɔbɛma yɛanya ahoɔden;

nansa so, ɔde yɛn besi yɛn sibea

na yɛanya nkwa wɔ nʼanim.

Momma yennye Awurade nto mu;

momma yɛnkɔ so nnye no nto mu.

Sɛnea owia pue da biara no, obepue;

ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osu a ɛtɔ awɔwbere mu

anaa asusow bere mu su a ɛfɔw asase.”

“Dɛn na metumi de wo ayɛ, Efraim?

Dɛn na metumi de wo ayɛ, Yuda?

Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ,

ɛte sɛ anɔpa bosu a etu yera.

Mede mʼadiyifo twitwaa mo mu asinasin,

mede mʼanom nsɛm kunkum mo;

mʼatemmu baa mo so sɛ anyinam.

Mepɛ ahummɔbɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ,

mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.

Wɔabu apam no so sɛnea Adam yɛe.

Wɔanni me nokware wɔ hɔ.

Gilead yɛ atirimɔdenfo kuropɔn

a mogya anammɔn akeka hɔ.

Sɛnea akwamukafo ka kwan mu no

saa ara na asɔfokuw no nso yɛ;

wodi awu wɔ Sekem tempɔn so,

yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguase.

Mahu ahodwiriwde wɔ Israelfi.

Ɛhɔ, Efraim kɔ aguamammɔ mu

Israel gu ne ho fi.

“Na wo Yuda nso,

wɔahyɛ otwa bere ama wo.

“Bere biara a mede me nkurɔfo siade bɛsan ama wɔn no,

Read More of Hosea 6

Hosea 7:1-16

bere biara a mɛsa Israel yare no,

Efraim nnebɔne da adi.

Samaria awurukasɛm nso da adi.

Wɔyɛ nnaadaafo

akorɔmfo a wobubu adan ani kɔ afi mu,

ne akwamukafo a wɔbɔ korɔn wɔ mmɔnten so.

Na wonhu sɛ

mekae wɔn nnebɔne nyinaa.

Wɔn bɔne bunkam wɔn so;

egu mʼanim bere biara.

“Wɔde atirimɔdensɛm gyigye ɔhene no ani,

na wɔde atoro nso gyigye ahenemma no ani.

Wɔn nyinaa yɛ aguamammɔfo

a akɔnnɔ redɛw wɔ wɔn mu.

Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu gya

bere a brodotofo ahyɛ ase refɔtɔw nʼasikresiam.

Da a ɔhene rehyɛ fa no

ahenemma bow nsa,

na ɔhene no fɛwdifo ne wɔn bɔ mu goru.

Wɔn koma te sɛ fononoo;

wɔde atirimpɔw bɔne kɔ ɔhene anim.

Wɔn nsusuwii bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa;

anɔpa, ɛdɛw te sɛ ogyatannaa.

Wɔn nyinaa ayɛ hyew sɛ fononoo.

Wokunkum wɔn sodifo.

Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase

na wɔn mu biara nsu mfrɛ me.

“Efraim ne aman no adi afra;

Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wonkisae.

Ananafo twe nʼahoɔden,

nanso onhu.

Dwen aba ne ti so,

nanso nʼani mmaa so ɛ.

Israel ahantan di adanse tia no,

nanso eyi nyinaa akyi no

ɔnnsan nkɔ Awurade ne Nyankopɔn nkyɛn,

na ɔnhwehwɛ no nso.

“Efraim te sɛ aborɔnoma,

wotumi daadaa no na onni adwene.

Ɔfrɛ Misraim,

na wadan akɔ Asiria.

Sɛ wɔkɔ a, mɛtow mʼasau agu wɔn so;

atwe wɔn aba fam te sɛ wim nnomaa.

Sɛ mete sɛ wɔretu abɔ mu a,

mɛkyere wɔn.

Nnome nka wɔn,

efisɛ wɔatwe wɔn ho afi me ho!

Ɔsɛe mmra wɔn so

efisɛ wɔatew me so atua!

anka mepɛ sɛ migye wɔn

nanso wutwa atoro fa me ho.

Wommfi wɔn koma mu nsu mfrɛ me,

mmom wotwa adwo wɔ wɔn mpa so.

Wɔboaboa wɔn ho ano kɔhwehwɛ aduan ne nsa foforo,

nanso wɔtwe wɔn ho fi me ho.

Metetew wɔn, hyɛɛ wɔn den,

nanso wɔbɔ pɔw bɔne tia me.

Wɔnhwehwɛ Ɔsorosoroni no;

wɔte sɛ tadua a asɛe,

wɔn ntuanofo bɛtotɔ wɔ afoa ano

efisɛ, wɔnkasa obu so.

Eyi nti wobedi wɔn ho fɛw

wɔ Misraim asase so.

Read More of Hosea 7