Hosea 11:1-12, Hosea 12:1-14, Hosea 13:1-16, Hosea 14:1-9 AKCB

Hosea 11:1-12

Onyankopɔn Dɔ A Ɔdɔ Israel

“Bere a Israel yɛ abofra no, na medɔ no,

na Misraim na mefrɛɛ me babarima fii.

Nanso mpɛn dodow a mefrɛɛ Israel no,

saa ara na woguan fii me nkyɛn.

Wɔbɔɔ afɔre maa Baal ahoni,

na wɔhyew nnuhuam maa nsɛsode.

Me na migyigyee Efraim taataa,

turuu wɔn wɔ me basa so;

nanso wɔnkae sɛ

me na mesaa wɔn yare.

Me de ayamye hama

ne ɔdɔ dii wɔn anim;

miyii konnua no fii wɔn kɔn mu

na mekotow maa wɔn aduan dii.

“Wɔbɛsan akɔ Misraim,

na Asiria adi wɔn so,

esiane sɛ wɔannu wɔn ho nti.

Afoa bedi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu

na ɛbɛsɛe wɔn apon akyi adaban

na wɔn nhyehyɛe to betwa.

Me nkurɔfo asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi me nkyɛn.

Sɛ mpo wosu frɛ me Onyankopɔn Ɔsorosoroni no mpo a

meremma wɔn so ɔkwan biara so.

“Ɛbɛyɛ dɛn na meyi wo ama, Efraim?

Ɛbɛyɛ dɛn ma meyi wo ama, Israel?

Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma?

Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim?

Me koma asakra wɔ me mu;

na mʼahummɔbɔ ahwanyan.

Merenyɛ mʼabufuwhyew so ade,

na merennan me ho nsɛe Efraim bio.

Meyɛ Onyankopɔn na menyɛ onipa.

Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mo mu.

Meremma wɔ abufuw mu.

Wobedi Awurade akyi.

Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata.

Na sɛ ɔbobɔ mu a,

ne mma de ahopopo befi atɔe aba.

Wɔde ahopopo bɛba

te sɛ nnomaa a wofi Misraim,

te sɛ mmorɔnoma a wofi Asiria.

Mɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn afi mu,”

sɛnea Awurade se ni.

Israel Bɔne

Efraim de atoro atwa me ho ahyia,

Israelfi nso wɔde nnaadaa.

Yuda abɔ Onyankopɔn so ko

mpo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafo no.

Read More of Hosea 11

Hosea 12:1-14

Efraim de mframa ayɛ aduan;

odi apuei mframa akyi daa

na odi atoro yɛ akakabensɛm bebree.

Ɔne Asiria yɛ apam

na ɔde ngo kɔ Misraim.

Awurade wɔ sobo de bɔ Yuda;

ɔbɛtwe Yakob aso wɔ nʼakwan ho

na watua no ne nneyɛe so ka.

Ɔyafunu mu na osoo ne nua nantin;

onyinii no, ɔne Onyankopɔn peperee so.

Ɔne ɔbɔfo tentam dii ne so nkonim;

ɔde nusu srɛɛ ne nkyɛn adom.

Ohuu no wɔ Bet-El

ne no kasaa wɔ hɔ.

Asafo Awurade Nyankopɔn,

Awurade ne ne din a ahyeta!

Ɛsɛ sɛ wosan kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn.

Tena ɔdɔ ne trenee mu,

na twɛn wo Nyankopɔn daa.

Oguadini de asisi nsania yɛ nʼadwuma;

nʼani gye asisi ho.

Efraim hoahoa ne ho sɛ,

“Meyɛ ɔdefo; manya me ho.

Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhu

amumɔyɛ biara wɔ me ho.”

“Mene Awurade wo Nyankopɔn,

a miyii wo fii Misraim.

Mɛma woakɔtena ntamadan mu bio

sɛnea na woyɛ wɔ wʼaponto afahyɛ nna mu no.

Mekasa kyerɛɛ adiyifo,

memaa wɔn anisoadehu bebree

na mefaa wɔn so kaa mmebusɛm.”

Gilead yɛ otirimɔdenfo ana?

Emu nnipa no yɛ ahuhufo!

Wɔde anantwi bɔ afɔre wɔ Gilgal ana?

Wɔn afɔremuka bɛyɛ te sɛ abo

a wɔahɔre no siw wɔ asase a wɔafuntum so.

Yakob guan kɔɔ Aramfo asase so;

Israel som de nyaa ɔyere,

ɔhwɛɛ nguan de tuaa ti nsa.

Awurade nam odiyifo so

yii Israel fii Misraim,

ɔnam odiyifo so hwɛɛ no.

Nanso Efraim ahyɛ no abufuw yayaayaw;

nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdi ada no so

na obetua nʼanimtiaabu no so ka.

Read More of Hosea 12

Hosea 13:1-16

Awurade Abufuw A Etia Israel

Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo;

wɔma no so wɔ Israelman mu.

Nanso Baalsom nti, onyaa afɔbu na owui.

Afei wɔkɔ so yɛ bɔne ara;

wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho,

nsɛsode no nyinaa no.

Adwumfo no nam nyansakwan so na ayeyɛ.

Wɔka nnipa yi ho asɛm se,

“Wɔde nnipa bɔ afɔre

na wofew nantwimma ahoni ano.”

Ɛno nti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum

sɛ anɔpa bosu a etu yera,

sɛ ntɛtɛ a ehuw fi awiporowbea

sɛ wusiw a ɛfa mfɛnsere mu kɔ.

“Nanso mene Awurade wo Nyankopɔn,

a miyii wo fii Misraim.

Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me,

anaa Ogyefo biara sɛ me.

Mehwɛɛ wo wɔ nweatam so,

asase a so yɛ hyew yiye no so.

Memaa wɔn aduan no, wodi mee;

wɔmee no, wɔyɛɛ ahantan;

na wɔn werɛ fii me.

Enti mɛtow ahyɛ wɔn so sɛ gyata,

mɛtɛw wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ.

Mɛtow ahyɛ wɔn so na matetew wɔn mu

te sɛ sisi bi a wɔawia ne mma.

Mɛwe wɔn te sɛ gyata;

wuram aboa besunsuan wɔn mu.

“Wɔasɛe wo, Israel,

efisɛ woasɔre atia me,

me a meyɛ wo boafo.

Wo hene wɔ he na wabegye wo?

Wo sodifo a wɔwɔ wo nkurow nyinaa so no wɔ he,

wɔn a wokaa faa wɔn ho se,

‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?

Enti mʼabufuw mu, memaa wo ɔhene,

na mʼanibere mu no, miyii no hɔ.

Efraim afɔdi no wɔaboaboa ano

wɔakyerɛw ne bɔne agu hɔ.

Ɔbɛte ɔyaw te sɛ ɔbea a ɔreko awo,

na abofra no nnim nyansa nti;

sɛ bere no du a,

ɔmma awotwaa no ano.

“Mɛpata agye wɔn afi ɔda tumi mu.

Megye wɔn afi owu nsam.

Owu, wo nwowɔe wɔ he?

Asaman, wo sɛe wɔ he?

“Merennya ayamhyehye biara,

mpo sɛ ɔyɛ yiye wɔ ne nuanom mu a.

Apuei mframa a efi Awurade hɔ bɛba,

ɛbɛbɔ afi nweatam so;

osu rentɔ asusowbere

na nʼabura bɛyow.

Wɔbɛfom ne koradan mu nneɛma

nea ɛsom bo no nyinaa.

Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdi to mu,

efisɛ wɔayɛ dɔm atia wɔn Nyankopɔn.

Wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano;

wɔbɛtotow wɔn mmofra ahwehwe fam,

wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.”

Read More of Hosea 13

Hosea 14:1-9

Ahonu De Nhyira Ba

Israel, san wʼakyi kɔ Awurade wo Nyankopɔn nkyɛn.

Wʼasehwe fi wo bɔne!

Fa wo nsɛm a wowɔ

san kɔ Awurade nkyɛn.

Ka kyerɛ no se,

“Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn,

na fa ahummɔbɔ gye yɛn,

na yɛatumi ayi wo ayɛ.

Asiria rentumi nnye yɛn;

yɛrentena akofo apɔnkɔ so.

Yɛrenka bio da se, ‘Yɛn anyame’

nkyerɛ nea yɛn ara de yɛn nsa ayɛ,

na wo mu na ayisaa nya mmɔborɔhunu.”

“Mɛsa wɔn asoɔden yare.

Mefi me koma mu adɔ wɔn,

efisɛ mʼabufuw nni wɔn so bio.

Mɛyɛ sɛ obosu ama Israel.

Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ sukooko.

Te sɛ Lebanon sida no,

ɔde ne ntin betim fam;

ne mman bɛdennan.

Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngodua,

na ne hua ayɛ sɛ Lebanon sida.

Nnipa bɛtena ne nwini ase bio.

Obenyin ayɛ frɔmfrɔm te sɛ aburow.

Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ bobe,

na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsa a efi Lebanon.

Efraim dɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio?

Megye no so na mʼani aku ne ho.

Mete sɛ dua a nʼahaban mpo;

sɛ wobɛsow aba a, egyina me so.”

Hena ne onyansafo? Obehu eyinom mu.

Hena na ɔwɔ nhumu? Ɔbɛte eyinom ase.

Awurade akwan teɛ.

Atreneefo nantew so,

nanso asoɔdenfo hintiw wɔ mu.

Read More of Hosea 14