Hosea 1:1-11, Hosea 2:1-23 AKCB

Hosea 1:1-11

Bere a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di hene wɔ Israel no, Awurade de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn.

Hosea Yere Ne Ne Mma

Bere a Awurade dii kan kasa faa Hosea so no, ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔware oguamanfo,1.2 Kɔware oguamanfo—Eyi ne bɔne kɛse a Onyankopɔn nam Hosea so bɔɔ Israelfo kwaadu. na wo ne no nwo, efisɛ ɔman no di aguamammɔ ho fɔ na wɔnam so atetew wɔne Onyankopɔn ntam.” Enti, ɔwaree Diblaim babea Gomer, na onyinsɛn woo ɔbabarima maa no.

Na Awurade ka kyerɛɛ no se, “To ne din Yesreel,1.4 Yesreel. Nkyerɛase ne “Onyankopɔn na odua.” efisɛ, merebɛtwe ɔhene Yehufi aso, de atua awu a odii wɔ Yesreel no so ka. Na mede Israel ahenni bɛba awiei. Saa da no, mebubu Israel tadua wɔ Yesreel bon no mu.”

Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea se, “To ne din Lo-ruhama efisɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfo bio, na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn koraa. Nanso meyi me dɔ akyerɛ Yudafo. Me Awurade wɔn Nyankopɔn, mede me tumi begye wɔn afi wɔn atamfo nsam a meremfa tadua, afoa anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo.”

Bere a Gomer twaa Lo-ruhama nufu akyi no, ɔwoo ɔba barima foforo. Na Awurade kae se, “To ne din Lo-ami, efisɛ monnyɛ me nkurɔfo na mennyɛ mo Nyankopɔn.

“Nanso Israelfo bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan wɔn. Faako a wɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monnyɛ me nkurɔfo’ no, wɔbɛka se, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefo no mma.’ Na Yudafo ne Israelfo bɛka abɔ mu bio, na wobeyi ɔkwankyerɛfo baako ama wɔn, na wɔn nyinaa bɛsan afi nnommum no mu aba. Saa da no bɛyɛ da kɛse ama Yesreel.”

Read More of Hosea 1

Hosea 2:1-23

“Frɛ wo nuabarimanom, ‘Me nkurɔfo’ na frɛ wo nuabeanom, ‘Mʼadɔfo.’ ”

Wɔtwe Israel Aso, Gye No To Mu Bio

“Ka wo na anim, ka nʼanim,

na ɔnyɛ me yere

na menyɛ ne kunu.

Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ aguaman anim no

na onnyae awaresɛe a ɔde ne nufu yɛ no.

Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntama

na wada adagyaw te sɛ da a wɔwoo no no;

mɛma wayɛ sɛ nweatam,

mɛdan no asase a awo wosee

na mama osukɔm akum no.

Merennɔ ne mma,

efisɛ wɔyɛ aguaman mma.

Wɔn na anyɛ ɔnokwafo

na onyinsɛnee wɔn wɔ animguase mu.

Ɔkae se, ‘Medi mʼadɔfo akyi,

wɔn a wɔma me aduan ne nsu,

ne kuntu ne nwera, ngo ne nsa.’

Eyi nti, mede nsɔe besiw no kwan;

mɛto ɔfasu afa ne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhu kwan.

Obetiw nʼadɔfo, nanso ɔrento wɔn;

ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhu wɔn.

Afei, ɔbɛka se,

‘Mɛsan akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kan no,

efisɛ, saa bere no na eye ma me sen mprempren.’

Ɔnkae sɛ me na

memaa no aduan, nsa foforo ne ngo,

nea ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so

ma wɔde kɔsom Baal no.

“Enti sɛ mʼaduan no du twabere a mɛfa mʼade,

ne me nsa foforo no nso saa ara.

Megye me kuntu ne me nwera,

a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagyaw so no.

Enti afei mɛbɔ no adagyaw

wɔ nʼadɔfo anim;

obiara rentumi nnye no mfi me nsam.

Metwa nʼafahyɛ nyinaa so:

nʼafirihyia afahyɛ, Ɔsram Foforo afahyɛ

Homeda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahorow nyinaa.

Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua,

nea ɔka se nʼadɔfo de tuaa no ka no;

mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ,

ama wuram mmoa awe.

Mɛtwe nʼaso wɔ nna a

ɔhyew aduhuam maa Baal no ho;

ɔde nkaa ne agude hyehyɛɛ ne ho,

tu dii nʼadɔfo akyi,

me de, ne werɛ fii me,”

nea Awurade se ni.

“Enti merekɔdaadaa no;

mede no bɛkɔ nweatam so

na makasa bɔkɔɔ akyerɛ no wɔ hɔ.

Mɛsan de ne bobe mfuw ama no.

Mɛyɛ no Sɛkyɛ Bon,

anidaso pon.

Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛnea na ɔyɛ ne mmabun bere mu no

ne bere a ofii Misraim no.

“Saa da no,” sɛɛ na Awurade se,

“Wobɛfrɛ me ‘me kunu’;

na woremfrɛ me ‘me wura’ bio.

Meyi Baal ahorow din no afi nʼano;

na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio.

Saa da no, mɛyɛ apam ama wɔn,

wɔne wuram mmoa ne wim nnomaa

ne mmoa a wɔwea wɔ asase so.

Tadua, mpeaw ne ɔko,

mɛbra wɔ asase no so,

sɛnea wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoe mu.

Mɛware wo afebɔɔ;

mɛda trenee ne atɛntrenee,

ahummɔbɔ ne ayamhyehye adi akyerɛ wo.

Mɛware wo nokware mu,

ama woahu Awurade.

“Saa da no, megye wo so,”

nea Awurade se ni.

“Megye ɔsoro so,

na ɔsoro de osu begye asase so,

na asase nso begye nnɔbae so:

bobe foforo ne ngodua,

na wɔn nso agye so se ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua.’

Mede Israel bedua asase no so ama me ho;

mɛda me dɔ adi akyerɛ nea mekae se, ‘wonyɛ me dɔfo’ no.

Mɛka akyerɛ wɔn a misee wɔn sɛ ‘monyɛ me nkurɔfo’ no se

‘moyɛ me nkurɔfo,’

na wɔn nso aka se, ‘Wone me Nyankopɔn.’”

Read More of Hosea 2