Hebrifo 12:1-13 AKCB

Hebrifo 12:1-13

Yɛn Agya Nyankopɔn

Yɛn de, yɛwɔ nnansefo bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfi akwanside nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn denneennen no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho wɔ mmirikakansi a ɛda yɛn anim no mu. Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidi mfiase ne nʼawie gyina ne so no so. Asennua no nti wampa abaw. Esiane anigye a na ɛretwɛn no no nti, animguasewu a owui wɔ asennua so no anhaw no. Enti mprempren ɔte Onyankopɔn ahengua no nifa so. Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho sɛ nnipa nnebɔneyɛfo tan a wɔtan no nso, otumi gyinaa ano no. Ɛno nti mommpa abaw. Na mo ne bɔne ko mu no, monko nkoduu sɛ mubehwie mogya agu.

Onyankopɔn Asotwe Fata Yɛn

Mo werɛ afi nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo, sɛnea agya kasa kyerɛ ne mma no? Se,

“Me ba, sɛ Awurade teɛ wo a, tie no yiye,

na sɛ ɔka wʼanim a, mpa abaw.

Efisɛ obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso

sɛnea agya teɛ ɔba a ɔdɔ no no.”

Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, munnhinhim na momfa no sɛ Agya no nteɛso, efisɛ mo amanehunu no kyerɛ nteɛso a Onyankopɔn wɔ ma ne mma. Na dɛn nti na agya ntwe ne mma aso? Sɛ wanteɛ mo sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monnyɛ ne mma kann. Sɛ yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso ma yebuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yetumi tena ase? Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛnea wɔpɛ wɔ bere tiaa bi. Nanso yɛn yiyedi nti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛnea yɛn ho bɛtew. Sɛ wɔtwe yɛn aso a ɛma yɛn werɛ how wɔ saa bere no mu na yɛn ani nnye. Na akyiri no a wɔn a wɔfa saa asotwe no mu no nya wɔn ho ntease no, wonya asomdwoe na wɔtena ase trenee mu.

Monhyehyɛ nsa ne nkotodwe a emu agugow no mu den. Munsiesie akwan na momfa so, na mpakye anyɛ mmubuafo, na mmom, wɔasa wɔn yare.

Read More of Hebrifo 12