Hebrifo 11:1-16 AKCB

Hebrifo 11:1-16

Onyankopɔn Ma Gyidi

Gyidi yɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani da so ne awerehyɛmu a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani nhu mu. Gyidi a na tetefo no wɔ nti na wonyaa adanse pa.

Gyidi na ɛma yɛte ase sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ wiase. Ɛma yehu sɛ wɔbɔɔ nea wohu fii nea wonhu mu.

Ɛnam gyidi so na Habel bɔɔ afɔre a ɛsɔ ani kyɛn nea Kain de maa Onyankopɔn no. Ne gyidi nti, Onyankopɔn buu no sɛ onipa trenee, na nʼakyɛde no sɔɔ Onyankopɔn ani. Na ɛno so na ɔnam wui a nnɛ mpo ɔda so kasa.

Gyidi nti, wɔfaa Henok kɔɔ ɔsoro a wanhu owu. Obiara anhu no, efisɛ Onyankopɔn na ɔfaa no kɔe. Kyerɛwsɛm no ka se ansa na wɔrebɛfa Henok akɔ no, na wasɔ Onyankopɔn ani. Obiara a onni gyidi rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no nya gyidi sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdom wɔn a wɔhwehwɛ no no.

Gyidi nti na ɛmaa Noa tee Onyankopɔn kɔkɔ a ɔbɔ faa daakye nneɛma a bi nsii da no ho, otiee Onyankopɔn yɛɛ adaka a mu na wogyee ɔno ne ne fifo nkwa. Ɛnam so maa Onyankopɔn buu wiase fɔ, na Noa de, ne nsa kaa trenee a wonya fi gyidi mu no.

Gyidi nti na bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se ɔnkɔ asase a wahyɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma no no so no, otiei na ɔkɔe. Ogyaw ne man hɔ kɔe a na onnim faako a ɔrekɔ. Gyidi nti ɔtenaa asase a na Onyankopɔn ahyɛ no ho bɔ no so sɛ ɔhɔho. Ɔne Isak ne Yakob a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ koro no ara bi tenaa ntamadan mu. Nanso na Abraham retwɛn kurow kɛse bi a Onyankopɔn akyekyere a ne fapem rensɛe da mu akɔtena. Gyidi nti na Sara nso de nyaa tumi nyinsɛnee, bere a na wanyin na ontumi nwo no. Ɔde ne ho too Onyankopɔn so se obedi ne bɔhyɛ so. Ɛno nti, ɛwɔ mu sɛ na Abraham regye nna awu de, nanso nʼasefo adɔɔso sɛ wim nsoromma ne mpoano nwea.

Gyidi mu na saa nnipa yi nyinaa wuwui. Ɛwɔ mu sɛ wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no de, nanso wohuu no wɔ akyirikyiri yɛɛ no atuu, gye dii sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo wɔ asase so. Wɔn a wɔka saa no da no adi pefee sɛ wɔrehwehwɛ wɔn ankasa wɔn man. Wɔannwene ɔman a wogyaw wɔ wɔn akyi no ho. Sɛ wɔyɛɛ no saa a, anka wobetumi anya ɔkwan asan wɔn akyi akɔ hɔ. Na mmom, ɔman pa a ɛyɛ ɔsoro man no na na wɔrepere. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ ɔma wɔfrɛ no wɔn Nyankopɔn, efisɛ wasiesie ɔman bi ama wɔn.

Read More of Hebrifo 11