1 Mose 7:1-24, 1 Mose 8:1-22, 1 Mose 9:1-17 AKCB

1 Mose 7:1-24

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Noa se, “Wo ne wo fifo nyinaa nkɔ Adaka no mu, efisɛ asase so nnipa nyinaa mu no, wo na mahu sɛ woyɛ ɔtreneeni. Fa mmoa a wɔn ho tew biara, anini ason ne abere ason ka wo ho. Na fa mmoa biara a wɔn ho ntew nso abien, onini ne ɔbere. Na fa nnomaa biara anini ason ne abere, sɛnea ɛbɛyɛ a nsuyiri no akyi no, wɔn ase bɛfɛe. Nnanson akyi no mɛma osu atɔ wɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. Mɛpepa abɔde biara a nkwa wɔ mu a mabɔ afi asase so.”

Noa dii nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa so.

Bere a nsuyiri baa asase so no, na Noa adi mfe ahansia. Noa ne ne mmabarima ne ne yere ne ne nsenom mmea kɔhyɛɛ adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a nsuyiri no renka wɔn. Mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, abien abien a wɔyɛ anini ne abere kɔkaa Noa ho wɔ adaka no mu, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ no. Na nnanson no akyi no, nsuyiri no fii ase.

Noa dii mfe ahansia no mu no, ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunson no, nsuti a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔe, na ɔsoro mfɛnsere nso buebuei. Osu tɔɔ wɔ asase so awia ne anadwo adaduanan.

Saa da no ara, Noa ne ne mmabarima Sem, Ham ne Yafet ne ne yere ne ne mmabarima baasa no yerenom kɔhyɛɛ adaka no mu. Na wuram mmoa ahorow ne nyɛmmoa ahorow ne aboa biara a ɔnam asase so ne anomaa biara ne abɔde biara a ɛwɔ ntaban ka wɔn ho wɔ Adaka no mu. Abɔde biara a nkwa wɔ wɔn mu abien abien baa Noa nkyɛn bewuraa Adaka no mu. Mmoa a wowuraa mu no nyinaa, na wɔyɛ anini ne abere, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa no. Afei, Awurade kaa Noa hyɛɛ adaka no mu, too no mu.

Nsuyiri no toaa so adaduanan wɔ asase so. Ɛmaa Adaka no so maa ɛtɛn nsu no ani. Nsu no kɔɔ so yirii tɛnn wɔ asase so, maa Adaka no tɛn nsu no ani. Nsu no yirii tɛnn wɔ asase so ara kosii sɛ ɛkataa mmepɔw atenten akɛse a ɛwɔ asase so nyinaa so. Nsu no yirii ara kosii sɛ ɛkataa mmepɔw no so boroo so anammɔn aduonu. Abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛnam asase so te sɛ nnomaa, wuram mmoa a wɔwea asase so ne adesamma ase hyewee. Biribiara a ɛte asase ani no nso ase hyewee. Wɔpepaa biribiara a nkwa wɔ mu a ɛte asase so no. Nnipa ne mmoa ne abɔde a wɔnam asase so ne wim nnomaa nyinaa nso wɔpepaa wɔn fii asase so. Ɛkaa Noa ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ adaka no mu no nko ara.

Nsuyiri no toaa so wɔ asase so nnafua ɔha aduonum.

Read More of 1 Mose 7

1 Mose 8:1-22

Nanso Onyankopɔn kaee Noa ne wuram mmoa a na wɔne no wɔ Adaka no mu no, na ɔmaa mframa bɔ faa asase so, na nsu no twee. Asuti a ɛwowɔ asase ase no mu nsu a ɛbobɔe no gyaee ba, na ɔsoro mfɛnsere no nso mu toto maa osu no gyaee tɔ. Nsu no toaa so twe fii asase so. Nnafua ɔha ne aduonum akyi no, na nsu no atwe koraa. Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunson so, Adaka no kɔtaa Ararat mmepɔw so. Nsu no toaa so, twee ara kosii ɔsram a ɛto so du no so. Na ɔsram no da a edi kan no, mmepɔw no atifi daa adi.

Adaduanan akyi no, Noa buee mfɛnsere a otwa too Adaka no ho no, na ɔsomaa kwaakwaadabi ma odii akɔneaba kosii sɛ nsu no nyinaa yow fii asase no so. Afei, ɔsomaa aborɔnoma sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ asase no so awo ana. Nanso aborɔnoma no annya baabi ansi, efisɛ na nsu no akata asase no so nyinaa. Enti ɔsan baa Noa nkyɛn ma Noa teɛɛ ne nsa soo ne mu de no baa Adaka no mu. Noa twɛn nnanson, na ɛno akyi no, ɔsan somaa aborɔnoma no bio. Bere a aborɔnoma no san baa ne nkyɛn anwummere no, na ngodua ahabammono a watew tua nʼano. Ɛno na ɛmaa Noa huu sɛ nsu no atwe afi asase no so. Noa twɛn nnanson bio, na ɔsan somaa aborɔnoma no, nanso wansan amma ne nkyɛn bio.

Na ɛbaa sɛ Noa dii mfe ahansia ne baako, ɔsram a edi kan no mu da a edi kan no, na nsu no atwe afi asase no so. Enti Noa yii Adaka no suhyɛ no, na ohuu sɛ asase so awo. Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu ason so no na asase no so woo koraa.

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se, “Wo ne wo yere ne wo mmabarima ne wɔn yerenom mfi Adaka no mu mpue. Yi abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ wo nkyɛn, a ɛyɛ nnomaa, mmoa ne mmoa a wɔnam asase so nyinaa fi Adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn ase bɛdɔ wɔ asase so.”

Enti Noa ne ne mmabarima ne ne yere ne ne mmabarima yerenom fii Adaka no mu. Mmoa no nyinaa ne abɔde a wɔnam asase so nyinaa ne nnomaa nyinaa ne biribiara a ɛnam asase so nyinaa fii Adaka no mu saa ara mmaako mmaako.

Onyankopɔn Bɔ A Ɔhyɛɛ Noa

Na Noa sii afɔremuka maa Awurade. Ɔfaa mmoa ne nnomaa a wɔn ho tew, de bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so. Awurade tee afɔre a Noa bɔe no huam no, ɔkaa wɔ ne koma mu se, “Ɛwɔ mu sɛ bɔne ahyɛ onipa koma ma fi ne mmofraase de, nanso merenni onipa akyi nnome asase bio. Na merensɛe abɔde a nkwa wɔ mu bio sɛnea mayɛ yi.

“Mmere dodow a asase da so wɔ hɔ yi,

ogu ne otwa,

awɔw ne ahuhuru,

asusow ne ɔpɛ,

awia ne anadwo

to rentwa da.”

Read More of 1 Mose 8

1 Mose 9:1-17

Apam A Onyankopɔn Ne Noa Yɛe

Afei, Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mmabarima no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monwo, na monyɛ bebree nhyɛ asase so ma. Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne wim nnomaa nyinaa ne abɔde a wɔwɔ asase so ne nsu mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa. Biribiara a nkwa wɔ mu, na ɛkeka ne ho no bɛyɛ mo aduan. Sɛnea mede nhabammono hyɛɛ mo nsa no, afei de, mede biribiara ma mo.

“Nanso ɛnsɛ sɛ mowe aboa a wontwaa ne mene mmaa ne mogya no ngui no nam. Na wo nkwa de, nea ɛbɛyɛ biara, mebisa ho akontaabu. Onipa a okum ne yɔnko nipa no, mebisa no ho asɛm. Mpo, aboa biara a obekum onipa no, mewɔ saa aboa no nso asɛmmisa. Mebisa onipa kra ho asɛm.

“Obiara a ohwie onipa mogya gu no,

onipa so na wɔnam behwie ɔno nso mogya agu,

efisɛ Onyankopɔn no ara sɛso na ɔbɔɔ onipa.

Mo de, monwo, na monyɛ bebree. Mo ase mfɛe wɔ asase so, na monnɔɔso.”

Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mmabarima a wɔka ne ho no se, “Nnɛ, me ne mo ne mo asefo a wɔbɛwo wɔn no ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a na wɔwɔ mo nkyɛn wɔ Adaka no mu yɛ apam: nnomaa, nyɛmmoa ne wuram mmoa a wɔne mo fi Adaka no mu bae no nyinaa, ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase so. Me ne mo yɛ mʼapam sɛ: Meremfa nsuyiri nsɛe abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so. Saa ara nso na meremfa nsuyiri nsɛe asase bio da.”

Na Onyankopɔn kae se, “Eyi ne apam a me, Onyankopɔn, ne mo ne abɔde a nkwa wɔ mu biara a wɔka mo ho no ne nkyirimma nyinaa reyɛ no ho nsɛnkyerɛnne. Mato me nyankontɔn wɔ omununkum mu. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛbɛda me ne asase ntam. Bere biara a mede omununkum bɛba asase ani, na sɛ nyankontɔn pue wɔ omununkum no mu a, mɛkae mʼapam a ɛda me ne mo ne abɔde a nkwa wɔ mu ahorow no nyinaa ntam. Nsuyiri a ɛbɛsɛe abɔde a nkwa wɔ mu no nyinaa remma da biara da bio. Bere biara a nyankontɔn bɛto wɔ omununkum mu no, mehu na makae apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛda me, Onyankopɔn, ne abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa a wɔwɔ asase yi so no ntam no.”

Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se, “Eyi ne apam a me ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase yi so ayɛ no ho nsɛnkyerɛnne.”

Read More of 1 Mose 9