1 Mose 41:41-57, 1 Mose 42:1-38 AKCB

1 Mose 41:41-57

Enti Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mede Misraim asase nyinaa ahyɛ wo nsa.” Na Farao worɔw ne nsɔwano kaa de hyɛɛ Yosef nsa. Ɔde sirikyi batakari papa bi hyɛɛ Yosef, de sika ntweaban yan no. Ɔmaa Yosef teaseɛnam tenaa mu sɛ nʼabediakyiri. Baabiara a Yosef bɛkɔ no, na nnipa di nʼanim teɛteɛɛ mu se, “Momma kwan!” Saa ɔkwan yi so na ɔhene Farao fa de Misraim asase nyinaa hyɛɛ Yosef nsa.

Na Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mene Farao, Misraimhene de, nanso obiara ntumi mfi wʼakyi nyɛ biribiara wɔ Misraimman yi mu baabiara, gye sɛ woama ho kwan ansa.” Farao maa Yosef ahennin se Safnat-Panea. Farao maa Yosef ɔbea nso waree. Na ababaa no din de Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfo Potifera babea. Ɛnam eyi so maa Yosef nyaa tumi maa ne din hyetaa wɔ Misraim asase so nyinaa.

Bere a Yosef kɔɔ ɔhene Farao agua ase no, na wadi mfirihyia aduasa. Farao maa Yosef kwan maa ɔbɔɔ aporɔw faa Misraim asase so nyinaa. Mfe ason a edi kan no mu no, aduan buu so wɔ Misraim asase so yiye. Saa mfe ason no mu no, Yosef boaboaa nnuan a ebuu so wɔ Misraimman mu no ano kɔkoraa wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ Misraim no mu. Wɔde aduan biara a wonya fii kurow biara mu no bi siee wɔ hɔ. Mfe ason akyi no, na Yosef akora nnuan wɔ nnuankorabea hɔ, ama abu so ara kosii sɛ afei na obiara mmu ho nkontaa bio.

Ansa na ɔkɔm kɛse no rebɛba no, na Yosef yere Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfo Potifera babea no awo mmabarima baanu. Yosef too nʼabakan no din Manase, a nkyerɛase ne Onyankopɔn ama me werɛ afi mʼamanehunu ne mʼagya fi nyinaa. Yosef babarima a ɔto so abien no nso, wɔtoo no din Efraim, a nkyerɛase ne Onyankopɔn ama mʼase afɛe wɔ asase a mebaa so sɛ akoa no so.

Mfe ason a aduan buu so wɔ Misraim asase so no twaa mu. Sɛnea Yosef hyɛɛ nkɔm no, ɔkɔm a ɛbɛba mfe ason a edi so no fii ase. Ɔkɔm kɛse sii nsase a na atwa Misraim ho ahyia no nyinaa so, nanso Misraim asase ankasa so de, na aduan abu so. Bere a ɔkɔm no sii denneennen wɔ Misraim asase so no, ɔmanfo no su frɛɛ Farao. Farao ka kyerɛɛ Misraimfo nyinaa se, “Monkɔ Yosef nkyɛn, na biribiara a ɔbɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no, monyɛ.”

Bere a ɔkɔm kɛse no trɛw faa ɔman no nyinaa mu no, Yosef buebuee ne nnuankorabea no nyinaa ano, tɔn aburow maa Misraimfo no, efisɛ na ɔkɔm no ano yɛ den yiye ma wɔn. Enti na aman a atwa Misraim ho ahyia no nyinaa kɔtɔ aduan wɔ Yosef nkyɛn wɔ Misraim, efisɛ na ɔkɔm a aba no ano yɛ den yiye.

Read More of 1 Mose 41

1 Mose 42:1-38

Yosef Nuabarimanom Kɔ Misraim

Bere a Yakob tee sɛ aburow wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Adɛn nti na morehwehwɛhwehwɛ mo ho mo ho anim kɛkɛ yi?” Yakob toaa so se, “Mate sɛ aburow wɔ Misraim. Monkɔ hɔ, na monkɔtɔ bi mmra na ɔkɔm ankunkum yɛn.”

Enti Yosef nuabarimanom mpanyimfo du no kɔɔ Misraim sɛ wɔrekɔtɔ aburow no bi. Nanso Yakob amma Benyamin a ɔyɛ Yosef nua kumaa no ankɔ bi, efisɛ na osuro sɛ biribi bɛyɛ no. Enti Israel mmabarima no de wɔn ho bɔɔ atɔfo a wofifi aman ahorow so kɔtɔ aburow wɔ Misraim no ho, efisɛ na ɔkɔm no atrɛw akodu Kanaan asase so mmaa nyinaa.

Na Yosef yɛ amrado wɔ Misraim asase so. Ɔno na ɔtɔn aburow ma nnipa nyinaa wɔ ɔman no mu. Yosef nuabarimanom no koduu nʼanim no, wobuu no nkotodwe, de wɔn anim nso butubutuw fam. Bere a Yosef ani bɔɔ anuanom no so no, ohuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛnea onnim wɔn ma ɔhaahaa nʼani kasa kyerɛɛ wɔn se, “Mufi he?”

Anuanom no buaa no se, “Yefi Kanaan asase so, na yɛaba sɛ yɛrebɛtɔ aduan.”

Na Yosef ahu ne nuanom no de, nanso wɔn de, na wonhuu no ɛ. Yosef kaee dae a mmere bi ɔso faa wɔn ho no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ akwansrafo! Morebɛhwɛ baabi a yɛn asase yi nni bammɔ.”

Anuanom no buae se, “Dabi da yɛn wura, wo nkoa bae sɛ yɛrebɛtɔ aduan. Yɛn nyinaa fi agya baako. Wo nkoa yɛ anokwafo, na yɛnyɛ akwansrafo.”

Nanso Yosef tii mu se, “Dabi da, morebɛhwɛ baabi a yɛn asase yi nni bammɔ.”

Anuanom no buae se, “Na wo nkoa yɛ anuanom dumien, ɔpanyin bi a ɔte Kanaan asase so mma. Mprempren, yɛn kaakyiri no wɔ yɛn agya nkyɛn, na ɔbaako nso afi mu.”

Yosef ka kyerɛɛ wɔn se, “Asɛm no ara na meka kyerɛɛ mo no: Moyɛ akwansrafo! Ɔkwan a mɛfa so de asɔ mo ahwɛ ni: Sɛ Farao te ase yi, moremfi ha nkɔ da, kosi sɛ mode mo kaakyiri no bɛba. Monsoma mo mu baako, na ɔnkɔfa mo kaakyiri no mmra. Mede mo a moaka no nyinaa begu afiase. Ɛno na ɛbɛma yɛahu sɛ mo asɛm a moreka no yɛ nokware. Sɛ ɛnte saa a na Farao te ase yi, na moyɛ akwansrafo!” Na ɔde wɔn nyinaa guu afiase nnansa.

Nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Meyɛ onyamesuroni. Ɛno nti, monyɛ eyi na moanya nkwa. Sɛ moyɛ nokwafo ampa ara a, momma mo nua baako nna afiase ha na mo a moaka no nso nkɔtɔ aburow no bi nkɔma mo fifo a ɔkɔm rekum wɔn no. Nanso nea ɛte biara no, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahu mo nsɛm no mu nokware na moanwuwu.” Wɔyɛɛ nea ɔkaa no.

Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Nokware, yɛn nuabarima yi nti na wɔretwe yɛn aso. Yehuu sɛnea ɔpaa yɛn kyɛw sɛ yenyaa no nanso yɛantie no; ɛno nti na saa amanehunu yi aba yɛn so no.”

Ruben buae se, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yebu ne mogya ho akontaa” Esiane sɛ na obi kyerɛ nsɛm a Yosef ka no ase kyerɛ wɔn no nti, na wonnim sɛ Yosef te wɔn kasa no.

Yosef sɔre fii wɔn nkyɛn kosui. Ɔsan bae ne wɔn bɛkasae bio. Oyii Simeon fii wɔn mu, maa wɔkyekyeree no wɔ wɔn anim.

Yosef hyɛɛ sɛ, wɔnhyɛ wɔn nkotoku no aburow amaama, na wɔnsan mfa obiara sika a anka ɔde rebɛtɔ aburow no nhyɛ ne kotoku mu, na wɔmma wɔn akwansoduan nso nka ho. Wɔyɛɛ eyi maa wɔn. Wɔhyehyɛɛ wɔn aburow nkotoku no wɔ wɔn mfurum no so ma wofii hɔ.

Wɔrekɔ no ara, wogyinaa kwan so anadwo homee. Ɛhɔ na wɔn mu baako san ne kotoku sɛ ɔrema nʼafurum aduan adi. Ɔsan ne kotoku no, ohuu sɛ ne sika a anka ɔde rekɔtɔ aburow no hyɛ kotoku no fa baabi. Ɔka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Wɔde me sika no asan ahyɛ me kotoku no mu. Monhwɛ. Ɛno ni!”

Saa asɛm yi maa wɔn koma tutui. Enti wɔhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim kae se, “Dɛn na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?”

Woduu wɔn agya Yakob nkyɛn wɔ Kanaan no, wɔbɔɔ no nsɛm a asisi no nyinaa ho amanneɛ. Wɔkae se, “Yeduu Misraim asase so no, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so no poopoo nʼani, kyerɛɛ yɛn sɛ yɛyɛ akwansrafo. Nanso yebuaa no se, ‘Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafo. Yɛyɛ anuanom dumien a yefi agya baako. Ɔbaako afi mu. Mprempren, yɛn kaakyiri no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan.’

“Na ɔbarima a ɔhwɛ asase no so ka kyerɛɛ yɛn se, ‘Ɔkwan a mepɛ sɛ mefa so sɔ mo hwɛ ni: Munnyaw mo nuanom baako wɔ me nkyɛn ha, na monkɔtɔ aburow no bi nkɔma mo fifo a ɔkɔm rekum wɔn no. Nanso momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahu sɛ monyɛ akwansrafo na moyɛ nnipa pa. Na mede mo nua no bɛma mo, na mubetumi adi gua wɔ asase yi so.’ ”

Bere a wɔrehwiehwie wɔn aburow no afi wɔn nkotoku no mu no, obiara huu ne sika a anka ɔde rekotua aburow no ka wɔ ne kotoku no ano. Wɔne wɔn agya huu sika no, wɔn koma tutui. Ɛyɛɛ saa maa wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn se, “Moama mahwere me mma. Yosef nni hɔ; Simeon nso nni hɔ; afei mopɛ sɛ mofa Benyamin nso ka ho! Biribiara ko tia me.”

Ruben ka kyerɛɛ nʼagya se, “Sɛ mamfa Benyamin ansan amma a, wowɔ ho kwan sɛ wukum me mmabarima baanu no si anan. Fa no hyɛ me nsa, na mɛsan de no abrɛ wo.”

Nanso Yakob buae se, “Me babarima no ne morenkɔ hɔ, efisɛ ne nuabarima awu ama aka ɔno nko. Sɛ saa kwan a morebetu yi, asiane bi kosiane no a, mewu.”

Read More of 1 Mose 42